2018
Fa ahummɔbrɔ Boa
July 2018


Mfoni
Ministering

Ɔsom Nkyerɛkyerɛ, Kitawonsa 2018

Fa ahummɔbrɔ Boa

Sɛ wodi Agyenkwa no ahummɔbrɔ nhwɛsoɔ so a, wobɛhu sɛ wobɛtumi ama afoforɔ abrabɔ ada nso.

Ahummɔbrɔ yɛ sɛ wonim sɛ afoforɔ wɔ ateetee bi mu na wanya ɔpɛ bi sɛ wobɛboa ma wɔn adesoa no ayɛ ha. Apam a yɛyɛ sɛ yɛbɛdi agyenkwa no akyi yɛ apam sɛ yɛbɛnya ahummɔbrɔ de “asoa yɛn-ho-yɛn-ho adesoa” (Mosiah 18:8). Asodie sɛ yɛnhwɛ afoforɔ so yɛ akwanya sɛ yɛbɛsom sɛdeɛ anka Awurade no bɛyɛ: Ɔde “ahummɔbrɔ bɛma no ada nso” (Jude 1:22). Awurade no ahyɛ sɛ “Monkyerɛ ahummɔbrɔ ne tima ma mo-ho-mo-ho” (Zechariah 7:9).

Agyenkwa no Ahummɔbrɔ

Ahummɔbrɔ yɛ adeɛ a na ɛdimu wɔ Agyenkwa no som mu.(Hwɛ nkyɛn: “Agyenkwa Mmɔbrɔhufoɔ”) Ahummɔbrɔ a Ɔwɔ ma nnipa na ɛmaa No boa wɔn a na wɔn bɛn no mpɛn pii. Ɛnam sɛ na Ɔtumi hu nnipa ahiasɛm ne wɔn apɛdeɛ nti, na Ɔtumi hyira wɔn, kyerɛ wɔn adeɛ wɔ kwan sononko so a na ɛdi mu yie. Ɔpɛpa a Agyenkwa no wɔ sɛ Ɔbɛpegya yɛn afiri yɛn haw mu no na ɛmaa No yɛɛ ahummɔbrɔ adeɛ kɛseɛ paa: Ne Mpatawuo ma yɛn bɔne ne nnipa yaw nyinaa.

Sɛdeɛ Ɔtumi hu nnipa ahiasɛm na Ɔyɛ wɔn mmoa no yɛ adeɛ bi a yɛbɛtumi asua berɛ a yɛɛsom afoforɔ. Sɛ yɛbɔ tenenee abrabɔ na yɛtie Honhom no nne a, yɛbɛnya nkuranhyɛ de aboa afoforɔ wɔ kwan ahodoɔ pii.

Yɛn ahummɔbrɔ ho Apam

Agya a ɔwɔ Soro pɛsɛ Ne mma nya ahummɔbrɔ (see 1 Koronto 12:25-27). Sɛ yɛbɛyɛ akyidifoɔ mapa a, ɛwɔ sɛ yɛnyini na yɛkyerɛ ahummɔbrɔ kyerɛ afoforɔ, titiri ne wɔn a ahia wɔn (D&C 52:40).

Yɛfa Yesu Kristo din to yɛn ho so wɔ yɛn asubɔ apam mu, yɛdi adanseɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛnya ahummɔbrɔ. Titenani Henry B. Eyring, Fotufoɔ a Ɔtɔso Mmienu wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan mu no akyerɛ sɛ Honhom Kronkron no akyɛdeɛ no boa yɛn ma yɛtumi yɛ : wo yɛ Yesu Kristo Asɔre ba wɔ apam mu. …

“Ɛno nti na wo nya atenka bi sɛ wobɛboa afoforɔ a wɔn wɔ ahokyerɛ ne ɔhaw mu sɛdeɛ wɔn ho bɛhenhan wɔn. wohyɛɛbɔ sɛ wobɛboa Awurade ama afoforɔ nnesua ayɛ ha na wakyekye wɔn werɛ. Wonyaa tumi sɛ wode bɛboa afoforɔ berɛ a wonyaa Honhom Kronkron no.”1

Nhwɛsoɔ, onuabaa bi wɔ Russia a na ɔwɔ abusua mu haw na ɛno nti na ɔntumi nkɔ asɔre afe ne akyire. Onuabaa bi nso nyaa ahummɔborɔ de frɛɛ no Kwasiada biara kakyerɛ no deɛ wɔsua wɔ asɔre, nkransɛm a wɔmaaɛ, mmofrɛ a wawo wɔn foforɔ ne deɛ ɛɛkɔ so wɔ asɔre nyinaa. Berɛ a saa onuabaa a na waka fie yi haw to twaaɛ no na ɔbaa asɔre no na ɔnyeraa koraa esiane sɛ na ɔnim deɛ ɛkɔ so wɔ asɔre no mu nyinaa.

Atwerɛ

  1. Henry B. Eyring, “The Comforter,” Liahona,May 2015, 18.

Tintim