2018
Woregye mmoa de aboa afoforɔ
Ayɛwohommumɔ 2018


Mfoni
ministering

Ɔsom Akwankyerɛ, Ayɛwohommumɔ 2018

Woregye mmoa de aboa afoforɔ

Kwan bɛn so na yɛhia afoforɔ mmoa wɔ yɛn mmɔdemmɔ sɛ yɛbɛsom mu? Fa wohohyɛ ɔsom kasasie mu ne kwasiada a ɛdikan agyinatuo nhyiam mu.

Berɛ a Kathy bubuuɛ a na ɔntumi nnante no, ɔhuu sɛ ɔbɛhia mmoa anadwo biara ansa na watumi ada ne mpa so. Na adwuma no so dodo ma nipa baako. ɛno nti ɛldas no tuu ho agyina yɛɛ sɛ wɔbɛhyehyɛ ho na wɔn aboa no anadwo biara.1

Sɛ yɛtumi hu wɔn a yɛsom no ahoɔden ne wɔn ahiadeɛ a, yɛbɛtumi ahu sɛ yɛbɛhia afoforɔ mmoa de aboa wɔn. Ɔsom kasasie ne Kasiada a ɛdikan agyinatuo yɛ akwannya mmienu a yɛwɔ sɛ yɛdebɛsusu sɛdeɛ yɛbɛhia afoforɔ mmoa.

Ɔsom kasasie

Bosome mieɛnsa mu kasasie a ɛfa ɔsom ho wɔ anuanom mmaa ne mmarima ne wɔn atitenafoɔ ntam no ne kwan pa baako pɛ a yɛde bɔ amaneɛ. Kasasie yi yɛ akwanya a yɛwɔ wɔ bosome mieɛnsa ntam a (1) yɛdefa adwene wɔ wɔn ahoɔden,ahiadeɛ ne ɔhaw a abusua no anaa nipa korɔ no rekɔ mu; (2) hwehwɛ kwan a quorumfoɔ ne Relief Society ana ward mpanyimfoɔ no bɛtumi aboa; na (3) yɛsua adeɛ firi mpanyimfoɔ hɔ nya nkuranhyɛ wɔ ɔsom mu.

Quorum titenani ne Relief Society titenani de ahiadeɛ no kɔ ɔhwɛfoɔ no anim ma no ma wɔn akwankyerɛ ne afotuo.

Wobɛtumi anya ɔsom kasasie ho nsɛm pii wɔ ministering.lds.org.

Ma ɔsom kasasie no ho mmra mfasoɔ

Ɛlda Gary E. Stevenson a ɔka Asomafoɔ Dumienu ho ka foa Titenani Russell M. Nelson asɛm a ɔkaaɛ sɛ ɔsom nhyehyɛɛ no bɛyɛ asɔre no nkɔsoɔ pon kɔn, na “sɛ n’anisoadihunu yi bɛba mu a na ɛgyina sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ anuanom mmaa ne mmarima wɔ ɔsom mu na wɔn nso bɛbɔ mmɔden wɔ ɔsom kasasie mu.”2

Nneɛma num a ɛkɔ ma anuanom mmaa ne mmarima wɔ ɔsom mu

  • Kɔhwehwɛ afotuo wɔ kasasie no mu. Yɛkrado sɛ wobɛsua biribi

  • Yɛkrado sɛ wobɛdi nkɔmmɔ afa mmoa a wobɛhia de aboa.

  • Fa wadwene kɔ nipa korɔ no ahoɔden ne deɛ ɔbɛtumi ayɛ, ɛnnyɛ n’ahiadeɛ nkoara so.

  • Mo nsusu ho deɛ ɛbɛkyerɛ sɛ wo som no ayɛ adwuma pa.

  • Wo ne atitenanfoɔ no nni nkɔmmɔ berɛ biara a ɛho bɛhia wɔ abosome mmieɛnsa ntam kasasie mu.

Nneɛma num ma akannifoɔ:

  • Ɛho nhia sɛ kasasie no bɛyɛ tenten, nanso nya ho berɛ na monkɔ baabi a mobɛtumi adi nkɔmmɔ yie.

  • Fa saa akwanya no so som onuabaa anaa barima somfoɔ no.

  • Ɛmmisa nsɛm a ɛkyerɛ sɛ deɛ worehwehwɛ ara ne sɛ wɔbɛkɔ nsrahwɛ (“Wakɔ wo som nsrahwɛ?”). Bisa nsɛm a ɛhyɛ suban pa mu kena (“atinka bɛn na wanya berɛ a wobɔɔ mpaeɛ maa abusua no? Ɛdeɛn na ɛsiiɛ berɛ a wodii saa atinka no so?”

  • Bɔmɔden tie na twerɛ to hɔ.

  • Mo nsusu ho mmɔm. Anuanom wɔ ɔsom mu wɔ akwanya sɛ wɔbɛnya yikyerɛ afa wɔn a wɔsom no ho.

Nsɛmmisa ne mmuayɛ a ɛfa ɔsom kasasie ho

Ɛdeɛn ne ɔsom kasasie?

Ɛyɛ nkɔmmɔ a ɛkɔ so wɔ ɔsom mu anuanom mmarima ne wɔn quorum titenani anaa anuanom mmaa ne wɔn Relief Society titenani wɔ beaɛ ne berɛ a ɛma wɔn kwan de nya nkuranhyɛ firi Honhom Kronkron no nkyɛ. Ɛnam so ma ɔsom mu mmarima ne mmaa nya nkuranhyɛ de hwɛ afoforɔ so, dɔ wɔn, kyerɛkyerɛ wɔn, kyekye wɔn werɛ wɔ Agyenkwa no kwan so.

So ɛhia sɛ yɛbɛyɛ saa bosome mieɛnsa ntam kasasie wɔ anim ne anim so?

Ne papa mu deɛ, anka ɛwɔ sɛ yɛkɔ nanso yɛbɛtumi ayɛ no wɔ tetefon so anaa intanet so sɛ yɛn ntumi nhyia anim ne anim so a. Ne papa mu no, ɛwɔ sɛ nnipa baanu no bom kɔ kasasie no.

Botaeɛ bɛn na ɛwɔ ɔsom kasasie mu?

Ɔsom kasasie no yɛ akwanya ma anuanom mmaa ne mmarima sɛ wɔde bɛsusu ho, sɛdeɛ abusua no tebea teɛ, daakye ntotoiɛ, ne mmoa a abusua anaa nipa a wɔsom no hia. Ɛyɛ akwanya sɛ yɛbɛkasa afa deɛ quorumfoɔ ne Relief Secietifoɔ bɛtumi de aboa.

Kwan bɛn na mede kokuamu nsɛm bɛfa so?

Ɔsom mu mmaa ne mmarima ne wɔn quorum titenani anaa Relief Society titenani pɛ na ɛka kokuamu asɛm—anaa wɔbɛtumi aka akyerɛ ɔhwɛfoɔ no ankasa. Ɛnni wɔ sɛ yɛka kokuamu nsɛm wɔ kwasiada a ɛdikan nhyiamu aseɛ.

Kwasiada a ɛdikan agyinatuo nhyiamu

Kwasiada a ɛdikan agyinatuo nhyiamu nso yɛ kwan baako a ɛka ɔsom kasasie ho a ɛma yɛtumi ne afoforɔ som. Wɔ Relief Society ne quorum nhyiamu no, nkuranhyɛ bɛtumi afa Honhom Kronkron no so aba wɔn a wɔwɔ hɔ no so.

Agyinatuo nhyiamu ho botaeɛ ne sɛ:

  • “Mo mmɔm nsusu mo asɛdeɛ, akwanya, ne mo akwansideɛ ho;

  • “mo nsua biribi mfiri obiara nhunumu ne suahunu mu; na

  • “monhwɛ kwan a mode atinka a Honhom no debɛma mo no ayɛ adwuma.”3

Agyinatuo nhyiamu nyɛ nkitahodie kɛkɛ: ɛyɛ nhyiamu a ɛboa ma yɛnya nkuranhyɛ firi Honhom no hɔ sɛ ɛkuo ne ankorɛ-ankorɛ ma yɛ som. Asɔremma bɛtumi anya ɔpɛpa de ayɛ Awurade adwuma ɛnam saa nhyiamu yi.

Wato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ so adwuma

“yɛn mpaeɛbɔ ɛnɛ, ne sɛ ɔbaa ne barima biara—ne yɛn mmabunu mmaa ne mmarima—bɛnya ɔpɛpa de ahwɛ wɔnho-wɔnho a ɛbɛfiri ɔdɔ mapa a ɛwɔ Kristo mu.”4

Atwerɛ.

  • See Mormon Messages video “Lift,” lds.org/media-library.

  • Gary E. Stevenson, in “Ministering Interviews” (video), ministering,lds.org.

  • Come, Follow Me—For Melchizedek Priesthood and Relief Society, in Ensign or Liahona, Nov. 2017, 140; also available at comefollowme.lds.org.

  • Jeffrey R. Holland, “Be With and Strengthen Them,” Ensign or Liahona, May 2018, 103.

Tintim