2021
Nyini kɔ Adiyisɛm Nnyinasosɛm mu
Ɔpɛpɔn 2021


“Nyini kɔ Adiyisɛm Nnyinasosɛm mu,” Laehona, Ɔpɛpɔn 2021

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2021

Nyini kɔ Adiyisɛm Nnyinasosɛm mu

Mehyɛ mo nkuran sɛ mobɛtu anammɔn a ɛhohia deate Awurade nne yie ne mpɛn pii sɛdeɛ mobɛtumi anya hann a Ɔpɛ sɛ ɔde ma mo no.

Mfoni
afifideɛ

Mfoni a ɛfiri Getty Images

Wɔ Ɛbɔ 30,2017, awia som akyi wɔ amansan nhyiamu mu no, mefaa ayaresabea sɛ merekɔhwɛ me yɔnko dɔfoɔ Ɛlda Robert D. Hales a ɔyɛ ekuo ba. Wɔagye no ato hɔ berɛ a ɔnyaa akoma yareɛ nna kakra bi akyi no.

Yɛnyaa nsra nwanwasoɔ, a na ne ho reyɛ den. Naɔno ankasa mpo na ɔrehome, a ɛyɛ sɛnkyerɛnneɛ papa.

Mmom, saa anwummerɛ no, Honhom no kasa kyerɛɛ m’akoma ne m’adwene sɛ ɛsɛ sɛ mesane kɔ ayaresabea hɔ Kwasiada no. Kwasiada anɔpa som no mu wɔ amansan nhyiamu ase no mu, saa atenka a ano yɛ den yi sane baeɛ. Metee nka sɛ ɛwɔ sɛ me gyae awia aduane no na meyɛ ntɛm kɔ Elder Hales mpa no ho berɛ a anɔpa som no bɛsie, na meyɛɛ no saa ara.

Berɛ a meduruuiɛ no, metumi hunuu sɛ Ɛlda Hales yareɛ no asesa ayɛ kɛse. Awerɛhosɛm, sima 10 akyi a meduruuiɛ no ɔkaa nkyene guui, nanso medaa ase sɛ na me ne ne yere kɔnnɔfoɔ, Mary, ne wɔn mma mmarima baanu wɔ ne mpa no ho berɛ a ɔfirii saa abrabɔ yi mu no.

M’ani sɔ a ɛsɔ sɛ Sunsum Kronkron no asomsɛm kanyann me maa meyɛɛ deɛ anka merenyɛ dabiarada Na m’ani sɔ a ɛsɔ sɛ adiyisɛm yɛ nokorɛ ne sɛ ɔsoro asane abue bio.

Saa afe yi deɛ yɛani si soɔ ma adesuadan mu ne yɛn ankasa adesua bɛyɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam no. Saa “adiyisɛm kronkron yi ne nkanyan paemuka” yinom bɛtumi ahyira obiara a ɔbɛsua na ɔde akwankyerɛ kronkron no bɛyɛ adwuma. Wɔto nsa frɛ “nnipa nyinaa a wɔwɔ baabiara sɛ wɔnte Awurade Yesu Kristo nne,”1 ɛfiri sɛ nokorɛ mu “Awurade nne no kɔ nnipa nyinaa hɔ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:2).

Asiane, Esum, Nnaadaa

Deɛ ani tua ne honhom mu ahum yɛ asase yi so abrabɔ mu kyɛfa, sɛdeɛ COVID-19 nsanyadeɛ abɔ yɛn nkaeɛ no. Wɔ berɛ no a ɛdi Ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu anim no, Agyenkwano hyɛɛ amanehunu kɛseɛ nna ho nkɔm. Ɔkaa sɛ, “Ɛkɔm bɛba, ne yaredɔm, ne asasewosoɔ, wɔ mmeammea ahodoɔ mu” (Joseph Smith—Mateo 1:29).

Saa amanehunu a ɛreyɛ kɛse yi yɛ esum ne nnaadaa a ɛredɔɔso a atwa yɛn ho ahyia no. Sɛdeɛ Yesu kakyerɛɛ N’asuafoɔ no, “Amumuyɛ bɛdɔɔ so” ansa na Wasane aba (Joseph Smith—Mateo 1:30).

Satan aboa ne dɔm ano na wɔreko tia Awurade adwuma no ne yɛn a yɛde yɛn ho ahyɛ mu no. Ɛnam asiane a ɛredɔɔso a ɛto yɛn no nti, yɛn soro banbɔ a yɛhia no nyɛɛ kɛse sei da, na yɛn mmɔdemmɔ sɛ yɛte Yesu Kristo nne—yɛn Ntamgyinafoɔ, Agyenkwa, ne Ɔgyefoɔ—no ho nhiaa yɛn kɛse sei da.

Sɛdeɛ mekaae berɛ a wɔfrɛɛ me sɛ Asɔre no Titenani akyire yi no, Awurade ayɛ krado sɛ Ɔyi N’adwene adi kyerɛ yɛn. Ɛno ne Ne nhyira kɛseɛ pa ara no mu baako a ɔde ma yɛn.2

Wɔ yɛn berɛ yi mu, Wahyɛ bɔ, “Sɛ mobɛbisa a, mobɛnya adiyisɛm mu adiyisɛm, nimdeɛ mu nimdeɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:61).

Menim sɛ Ɔbɛbua yɛn nkotosrɛ.

Sɛdeɛ Yɛtie No

Yɛrehunu sɛdeɛ Honhom no kasa ho hia ɛnnɛ mmerɛ yi mu. Sɛ Yɛbɛnya yɛn ankasa adiyisɛm, anya mmuaeɛ, na yɛanya banbɔ ne akwankyerɛ a, yɛkae Joseph Smith nhyehyɛeɛ a ɔyɛ maa yɛn no.

Ɛdi kan, yɛdɔ sukɔ wɔ twerɛsɛm no mu. Yɛreyɛ saa no bue yɛadwene ne yɛakoma mu ma Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ ne nokorɛ no. Kristo nsɛm “kyerɛ [yɛn] nneɛma a ɛwɔ sɛ [yɛn] nyɛ nyinaa” (2 Nifae 32:3), ne titire wɔ nna a yɛnhunu deɛ yɛnyɛ ne twibɔ yi mu.

Deɛ ɛdi hɔ yɛbɔ mpaeɛ. Mpaebɔ hia anammɔntuo, enti yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ Onyankopɔn anim, hwehwɛ bea bi a ɛyɛ dinn a yɛbɛtumi akɔ hɔ daa, na yɛahwie yɛakoma mu akyerɛ No.

Awurade se: “Montwe mmɛn me na mɛtwe mabɛn mo; momfa nsiyɛ nhwehwɛ me na mobɛhunu me; mommisa, na mo nsa bɛka; mommɔ mu, na ɛbɛbue ama mo.”(Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:63).

Twe a yɛtwe bɛn Awurade no de awerɛkyekyerɛ ne nkuranhyɛ, anidasoɔ ne ayaresa ba. Enti, yɛbɔ mpaeɛ wɔ Ne din mu fa yɛn haw ne yɛn mmrɛyɛ, yɛn anigyina ne yɛn adɔfoɔ, yɛn frɛ ne yɛn nsɛmmisa ho.

Afei yɛtie.

Sɛ yɛbɛtwɛn kakra wɔ yɛn nkotodwe anim berɛ a yɛabɔ mpaeɛ awie a, adwendwene, nkateɛ, ne akwankyerɛ bɛba yɛn adwene mu. Yɛretwerɛ saa atenka yi ato hɔ bɛboa ama yɛakae adwuma a Awurade bɛpɛ sɛ yɛbɛyɛ.

Mfoni
ɔbaa resua adeɛ

Berɛ a yɛti saa nhyehyɛeɛ yi mu no, yɛbɛ, wɔ Nkɔmhyɛni Joseph Smith nsɛm no mu, “nyini akɔ adiyisɛm nnyinasosɛm mu.”3

Mfata a Yɛde nya Adiyisɛm

Yɛrete yɛn nimdeɛ ho ahunu Sunsum Kronkron no asomsɛm, na yɛama yɛn ahoɔden anyini sɛ yɛbɛnya adiyisɛm no hia sɛ yɛfata. Mfata nhia pɛpɛyɛ, mmom ɛhia sɛ yɛbɛpere ama ahoteɛ no adɔɔso.

Awurade hwehwɛ daadaa mmɔdemmɔ, daadaa mpuntuo, daadaa nsakyeraeɛ. Mfata de ahoteɛ ba, na ahoteɛ ama yɛafata Sunsum Kronkron no. Sɛ yɛfa “Honhom Kronkron no sɛ [yɛn] kwankyerɛfoɔ a” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:57), yɛfata sɛ yɛnya yɛn ankasa adiyisɛm.

Sɛ biribi resi yɛn kwan firi sɛ wɔbue ɔsoro akwankyerɛ pono no a, ɛbɛhia sɛ yɛsakyera. Nsakyeraeɛ ma yɛn kwan ma yɛbue pono no sɛ yɛbɛtumi ate Awurade nne pefee ne mpɛn bebree mu.

“Susudua no da hɔ pefee,” Elder David A. Bednar a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho na ɔkyerɛkyerɛeɛ. Sɛ biribi a yɛdwene, hwɛ, tie, anaa yɛyɛ twe yɛn firi Sunsum Kronkron no ho a, ɛnneɛ ɛwɔ sɛ yɛgyae ho adwendwene, ne hwɛ, ne tie, anaa saa adeɛ no yɛ. Sɛ biribi a yɛsusu sɛ ɛma yɛn anigyeɛ, sɛ ebia, ɛte yɛn firi Honhom Kronkron no ho a, ɛnneɛ nokorɛ mu na saa anigyedeɛ no ɛnyɛ yɛn dea. Ɛfiri sɛ Honhom no ntumi ntena deɛ ɛyɛ huhuo, ɔfo, anaa ɛmfata a, ɛnneɛ ɛda hɔ pefee sɛ saa nneɛma no ɛnyɛ yɛn dea.”4

Sɛ yɛka ahoteɛ a ɛdɔɔso ne setie a akɔnkyene ka ho, nsiyɛ adehwehwɛ, twerɛsɛm ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔteaseɛ nsɛm sua, ne tɛmpol ne abusua abakɔsɛm adwuma bɔ mu a, ɔsoro bɛbue. Awurade no, nso, bɛhyɛ ne bɔhyɛ ma: “Mede me Honhom no bi bɛma mo, deɛ ɔbɛbue mo adwene mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 11:13).

Yɛbɛtumi anya aboterɛ deɛ, nanso Onyankopɔn bɛkasa akyerɛ yɛn wɔ N’ankasa kwan ne Ne berɛ mu.

Nteaseɛ Honhom

Hiob kaa sɛ, “Honhom bi wɔ ɔdasani mu: na Otumfoɔ no nkanyan na ɛma wɔn nteaseɛ” (Hiob 32:8). Wɔ saa afe foforɔ yi mu, Mehyɛ mo nkuran sɛ montu anammɔn a ɛhia sɛ mobɛte Awurade nne yie ne mpɛn pii sɛdeɛ mobɛtumi anya hann a Ɔpɛ sɛ ɔde ma mo no.

Ansa na Ɛlda Hales retwa n’ani ahwɛ dan saa Ahinime 2017 mu no, ɔsiesiee kasa tiawa bi maa amansan nhyiamu a wantumi amfa amma. Wɔ saa kasa no mu, ɔtwerɛɛ sɛ, “Yɛn gyedie siesie yɛn sɛ yɛbɛtena Awurade anim.”5

Sɛ yɛnya adiyisɛm a, yɛdi berɛ wɔ Onyankopɔn anim berɛ a Ɔda N’adwene, ɔpɛ, ne ɛnne kyerɛ yɛn (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:4). Mo mma yɛmfa yɛn gyedie nyɛ adwuma, mfrɛ No, mmɔ bra a ɛfata Ne nkanyan bɔhyɛ no, na yɛmfa akwankyerɛ a yɛnya no nyɛ adwuma.

Atwerɛ.

  1. Nnianim ma Nkyerɛkyerɛ ne Apam no.

  2. Russell M. Nelson, “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives,” Laehona, Kɔtɔnimma 2018, 94.

  3. Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2007), 132.

  4. David A. Bednar, “That We May Always Have His Spirit to Be with Us,” Laehona, Kɔtɔnimma 2006, 30.

  5. Wɔ Neil L. Andersen, “The Voice of the Lord,” Laehona, Obubuo 2017, 125.

Tintim