2021
Onyankopɔn See Yɛn sɛ Yɛmmɔ Asu
Ɔgyefuo 2021


“Onyankopɔn see Yɛn sɛ Yɛmmɔ Asu,” Laehona, Ɔgyefuo 2021

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔgyefuo 2021

Onyankopɔn See Yɛn sɛ Yɛmmɔ Asu

Yesu Kristo yɛɛ nhwɛsoɔ a obi a ɔwɔ Onyankopɔn tumi rebɔ no asu.

Ɛwɔm sɛ yɛnni adanseɛ pii fa Yesu Kristo abrabɔ ankasa ho, nanso yɛnim sɛ wɔbɔɔ No asu berɛ a na wadi mfeɛ 30 (hwɛ Luka 3:23). Yei ne nneɛma a yɛsua fa N’asubɔ no nhwɛsoɔ ho.

Dema Onipa Biara

Sɛ yɛnyini yie na yɛwie nyini, tumi kyerɛ papa firi bɔne ho a, Ɔsoro Agya hwehwɛ sɛ yɛbɔ asu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:42). Na Yesu wie pɛyɛ, nanso Ɔyii sɛ Ɔbɛbɔ asu na wadi Onyankopɔn mmaransɛm so (hwɛ Mateo 3:13–17; 2 Nifae 31:7). Mpo wɔn a wɔawuwu dada no bɛtumi agye asubɔ. Yɛdema wɔn berɛ a yɛbɔ asu wɔ tɛmpol ma wɔm. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:15–18.)

Mfoni
asubɔ

Wɔde Tumi na Ɛyɛ

Ɛnnyɛ oniara kɛkɛ na ɔbɔɔ Yesu asu. Ɔhyɛɛda kɔɔ ne nua Yohane, a na ɔwɔ asɔfodie tumi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ nkyɛn. Yesu wuo akyiri no wɔkumkumm N’asuafoɔ no, saa asɔfodie tumi no yera firii asase so. Afei, 1829 mu, Yohane Osubɔni no yii ne ho adi kyerɛɛ Joseph Smith na ɔde tumi a wɔde bɔ asu wɔ Onyankopɔn din mu maa no. Ɛnam mmaeɛ bio no nti, wɔbɛtumi abɔ yɛn asu wɔ saa tumi korɔ no ara so.

Mfoni
Aaron Asɔfodie mmaeɛ bio no

Ɔkwan-Mmienu so Bɔhyɛ

Ɔkwan-mmienu so bɔhyɛ ka asubɔ anaa apam, ho wɔ yɛn ne Onyankopɔn ntam Yɛhyɛ bɔ:

  1. Sɛ yɛde Kristo din bɛto yɛn ho so.

  2. Sɛ yɛbɛkae No berɛ biara.

  3. Sɛ yɛbɛdi Ne mmaransɛm so.

Awieɛ no, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ Ne Honhom no bɛka yɛn ho berɛ biara. Adidi kronkron mpaeɛ no mu nsɛm kae yɛn saa apam yi ho dapɛn biara (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79.)

Mfoni
abusua a wɔwɔ adidikronkron nhyiamu ase

Honhom Kronkron Gyyeɛ Yɛ Asubɔ mu Fa a Ɛho Hia Pa ara

Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, Honhom Kronkron no baa ne so te sɛ abuburo (hwɛ 2 Nifae 31:8). Ɛnnɛ, wɔbɔ nkorɔfoɔ asu wie a, wɔ gye wɔn to mu. Yei kyerɛ sɛ wɔgye nhyira sononko a emu no wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔnnye honhom mu nhohoroho akyɛdeɛ no (hwɛ 2 Nifae 31:17). Honhom Kronkron no tumi bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ɔsɛeɛ ho, kyekyere yɛn werɛ, kyerɛ yɛn kwan ma yɛyɛ nsusuiɛ pa, na ɔboa yɛn ma yɛte Onyankopɔn dɔ no nka (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 39:6).

Mfoni
ɔbaa a wɔregye no ato mu

Yɛbɛtumi Asakyera Berɛ Biara

Na Onyankopɔn nim sɛ yɛbɛyɛ mfomsoɔ. Ɛmfa ho ne yɛn mmɔdemmɔ papa a ɛyɛ, yɛbɛyɛ bɔne na yeatɔ sin wɔ yɛn asubɔ bɔhyɛ abrabɔ mu. Enti Ɔma yɛn mu biara akwanya sɛ yɛn nsakyera. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:13.) Da biara yɛbɛtumi abɔ yɛn ho mmɔden apa kyew na yeatene deɛ ɛyɛ mfomsoɔ no. Yɛbɛtumi abɔ mpaeɛ asrɛ Onyankopɔn bɔne fafiri. Afei, berɛ a yɛde ahobraseɛ akoma fa adidikronkron no, yɛbɛtumi anya Honhom Kronkron no ne yɛn atena (hwɛ 3 Nifae 18:11).

Mfoni
ɔbaa a ɔrebɔ mpaeɛ wɔ mpa ho

Ɛdeɛn Na Twerɛnsɛm Ka fa Asubɔ ho?

Ɛwɔ sɛ awofoɔ boa wɔn mma yɛ ahoboa ma asubɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:25).

Wɔn a wɔn nnii mfeɛ nwɔtwe nhia asubɔ (hwɛ Moronae 8).

Berɛ a wɔabɔ yɛn asu awie no, yɛhyɛ bɔ sɛ “yɛ ne wɔn a wɔsu no bɛsu; … akyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyerɛ werɛ, na yeagyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ wɔ berɛ nyinaa ne nneɛma nyinaa mu, ne mmea nyinaa” (Mosaya 18:9).

Tintim