2021
Yesu Kristo see yɛn sɛ yɛnni adidi kronkron no
Ɔbɛnem 2021


“Yesu Kristo see Yɛn sɛ Yɛnni Adidi kronkron no,” Laehona, Ɔbɛnem 2021

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔbɛnem 2021

Yesu Kristo see yɛn sɛ yɛnni adidi kronkron no

Yɛn ho ate na yɛanya ayaresa berɛ a yɛkae yɛn Agyenkwa nnawͻtwe biara

Mfoni
Adidie a Ɛtwa toͻ No

Adidie a Ɛtwa toͻ No, Carl Heinrich Bloch na ͻtwerɛɛeɛ

Ansa na ͻwuuiɛ no, Yesu Kristo dii aduane baako a etwa toͻ a yɛfrɛ no Adidie a Ɛtwa toͻ no. Adidie yi awieeɛ no, Ɔdaa adidi kronkron no adi kyerɛɛ n’akyidifoͻ. Ɔbuu aboodoo no mu na ͻhyiraa so “Monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ ,”(Luka 22:19). Na ͻhyiraa so na ͻkyɛɛ nsa kuruwa.

Mfoni
Abusua a wͻregye adidi kronkron no

Nnawͻtwe Som mu Fa

Mmerɛ a wͻsan de Yesu Kristo Asͻre no baa asaase soͻ no, adidi kronkron no bɛyɛɛ nnanwͻtwe som no mu fa. Asͻre rekͻ so no, wͻkura asɔfodie no hyira adidie no so na wɔde firi oyi so kͻ ɔfoforɔ so. Wɔde Twerɛsɛm mu nsɛm bɔ mpaeɛ (hwɛ Moronae 4; 5). Na obiara a ͻwͻ asafo no mu di brodo na ͻnom nsuo de kae Yesu Kristo ne n’afͻreɛ a ͻbͻ maa yɛn, sɛnea ͻhyɛɛ yɛn no.

Mfoni
ababaawa a ͻrebͻ mpaeɛ

Mfonin a Angela Suitter twaaeɛ

Ahosiesie a wɔde Die

Yɛbɛyɛ krado sɛ yɛbɛdi adidi kronkron no, ɛwͻ sɛ yɛ de nokorɛdie dwendwen yɛn abrabͻ ho ɛne nnoͻma a yɛn ara yɛayie. Ɛwͻ sɛ yɛ sakyera firi yɛn mfomsoͻ ne yɛn bͻne wͻ nnawͻtwe a atwa mu no mu, a bͻnefakyɛ srɛ firi Nyankopɔn hͻ ka ho. Ɛho nhia sɛ yɛyɛ pɛpɛɛpɛ ansa na yɛadi aduane no, na mmom ɛwͻ sɛ yɛnya ahobrɛaseɛ akoma.

Mfoni
Getsamane Mpaebɔ

Getsamane Mpaebͻ, a Del Parson na ͻtwerɛɛe

Ɛboro Brodo ne Nsuo so

Sɛ woredi adidi kronkron no yɛ mmerɛ a ɛyɛ kronkron. Adidi kronkron mpaeɛ no kae yɛn sɛ yɛredi brodo ne nsuo no, na yɛrekae Kristo honam ne ne mogya a ͻde maa yɛn no. Yɛhyɛ bͻ sɛ yɛbedi n’akyi na yabͻ Okristoni abrabͻ. Yɛhyɛ bͻ sɛ yɛbɛbͻ mmͻden na yɛadi Onyankopͻn mmransɛm no so. Ɛno mu, Honhom Kronkron no bɛkyekyere yɛn werɛ, tenetene yɛn na wasa yɛn yareɛ.

Mfoni
asubɔ

Apam Foforɔyɛ

Sɛ yɛn a wͻabͻ yɛn asu no de akoma pa di adidi kronkron no a, yɛyɛ apam a yɛpamm no asubͻ mu no foforɔ. Sɛ yɛregye Honhom Kronkron na yɛn ho ate afiri yɛn bͻne ho te sɛ nea yɛabͻ yɛn asu bio ka ho. Yei ne anidasoͻ ne ahummͻborͻ a Yesu de ma yɛn mu biara. Ɛnkaa akyiri da sɛ wo bɛsakyera na wͻde akyɛ wo.

Mfoni
Yesu Kristo reda adidi kronkron no adi akyerɛ Nifaefoɔ

Sɛ Mobɛyɛ no Daa de Akae Me, a Gary L. Kapp na ͻtwerɛɛe

Ɛdeɛn na Twerɛnsɛm ka fa Adidi kronkron no ho?

Ɛwͻ sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu honhom mu, yɛhwehwɛ yɛn mu nokorɛ mu ansa na yɛadi adidi kronkron no (hwɛ 1 Korintofo 11:28).

Owusͻreeɛ no akyi no, Yesu kyerɛɛ ne nkorͻfoͻ a wͻwͻ Amerikas no sɛdeɛ wͻdi adidi kronkron no (hwɛ 3 Nifae18).

Nnɛ nkɔmhyɛfoɔ aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmfa brodo ne nsuo nyɛ adidi kronkron no, na nea yɛdii anaa yɛnom ho nhyɛda nhia (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 27:2). Ɛtͻ da a ɛwͻ sɛ wͻn a wͻwͻ apͻmuden mu haw titiriw bi no fa biribi a ɛsɛ brodo.

Adidie a etwa toͻ, a Carl Heinrich Bloch twerɛɛe; abaayewa a ͻrebͻ mpaeɛ mfonin Angela Suitter na ɔtwaaeɛ; Gethsamane Mpaebͻ, a Del Parson twerɛɛe; Sɛ Mobɛyɛ no Daa de Akae me, a Gary L. Kapp na ͻtwerɛɛe

Tintim