2021
Ɛdeɛn ne Onyankopɔn no?
Ayɛwohomumɔ 2021


“Ɛdeɛn ne Onyankopɔn no?” Laehona Ayɛwohomumͻ 2021

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2021

Ɛdeɛn ne Anyame-baasa no?

Ɔsorosoro Agya, Yesu Kristo, ne Honhom Kronkron no mu biara yɛ soronko na wͻwͻ botaeɛ baako

Mfoni
Yikyerɛ a Ɛdi kan

Nkyerɛkyerɛmu fann a efiri Yikyerɛ a edi kan, a John McNaughton na ͻtwerɛɛeɛ

Koowaa krataa samufoͻ bi bisaa Nkɔmhyɛni Joseph Smith deɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwͻ hͻ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoͻ no mu asafomma no gye die. Ne nyiano no, Nkɔmhyɛni no twerɛɛ gyedi nsɛmfua dumiɛnsa a yɛfrɛ no Gyidika Nsɛm Ɔkasamu a edi kan no se, “Yɛgye Onyankopͻn, Onniawieɛ Agya no, ɛne Ne Ba, Yesu Kristo , ɛne Honhom Kronkron no di (Gyidika Nsɛm 1:1). Nneɛma mmeɛnsa yi na ɛyɛ nea yɛfrɛ no Anyame baas no.

Onyankopɔn, Onniawieɛ Agya no

Onyankopɔn wɔ owusɔreɛ nipadua a ɛwɔ honam ne nnompe. Ɔyɛ yɛn honhom mu Agya. Ɔdͻ ne mma nyinaa wͻ kwan a mfomsoͻ nni ho so. Mfomsoͻ nni Onyankopͻn ho, tumi nyinaa wͻ no na onim biribiara. Ɔyɛ pɛpɛɛpɛ, mmͻbrͻhunufoͻ, ne ͻyamyɛfoͻ. Yɛne Onyankopɔn tenaeɛ sɛ ahonhom ansa na wͻrewo yɛn. Ɔsomaa yɛn baa asase so sɛ yɛ mmesua adeɛ na yenyini. Onyankopͻn pɛ kɛseɛ pa ara ne sɛ Ne ba biara bɛsan ne No akͻtena bio wͻ yɛn wuo akyi. Onyankopͻn kyerɛ yɛn sɛ ɛwͻ sɛ yɛdi Yesu Kristo akyi na yɛatumi asan akͻ Onyankopͻn anim

Mfoni
Yesu Kristo Reka Nsɛmpa no wͻ Honhom Wiase

Yesu Kristo Reka Nsɛmpa no wͻ Honhom Wiase, a Robert T. Barrett na ͻtwerɛeɛ

Yesu Kristo

Yesu Kristo nso wɔ owusɔreɛ nipadua a ɛwɔ honam ne nnompe. Ɔyɛ Onyankopɔn Abakan Babarima. Ansa na wͻrebɛwo yɛn no, Onyankopͻn yii No sɛ ͻnyɛ yɛn Agyenkwa. Wei kyerɛ sɛ Yesu baa asase so bɛyɛɛ nhwɛsoͻ maa yɛn, kyerɛkyerɛɛ yɛn Ne nsɛmpa, pata maa yɛn bͻne, na ɔgyee yɛn firii owuo mu. Yesu Kristo nti, sɛ yɛsakyera yɛn adwene a, yɛbɛtumi anya bͻnefakyɛ wͻ yɛn bͻne ho. Yesu Kristo nso hunuu amaneɛ bebree sɛdeɛ Ɔbɛte yɛn aseɛ na waboa yɛn. Yesu Kristo wuuiɛ na ͻsan tenaa ase biom, na ama ho akwanya sɛ obiara bɛtena ase biom

Mfoni
Kristo afunsie

Mfoni a ɛfiri Getty Images

Honhom Kronkron No

Honhom Kronkron no yɛ Onyamesu no fa baako a ɛnni nipadua a wobɛtumi ahunu anaa asͻ mu. Ɔyɛ honhom Honhom Kronkron no tumi ne yɛn honhom kasa. Ɔdi adanseɛ kyerɛ yɛn sɛ Onyankopͻn wͻ hͻ na Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa. Honhom Kronkron no di dwuma sɛ Onyankopͻn somafoͻ de ma yɛn ͻdͻ, akwankyerɛ anaa abotͻyam atenka. Sɛ wͻbͻ yɛn asu na wͻgye yɛn to mu a, yɛnya Honhom Kronkron no dom akyɛdeɛ. Yɛn asubͻ akyi no, Honhom Kronkron no bɛtumi atena yɛ nkyɛn berɛbiara wͻ mmerɛ a yɛdi Onyankopͻn mmransɛm so.

Mfoni
Yikyerɛ a Ɛdi kan

Yikyerɛ a Ɛdi kan , a Walter Rose na ͻtwerɛɛeɛ

Joseph Smith Yikyerɛ a Ɛdi kan

Mmeresanten mu na nkorͻfoͻ adwen ayɛ wͻn ntanta ɛwͻ Anyame-baasa no ho. Nkorͻfoͻ ne yɛn adwene abͻ abira ɛfa deɛ Onyankopͻn, Yesu Kristo, ɛne nea Honhom Kronkron no teɛ ho. Wei yɛ adeɛ baako nti a na Yikyerɛ a Ɛdi kan no a Joseph Smith nyaeɛ no ho hia pa ara. Ɔhunuu sɛ Ɔsorosoro Agya ne Yesu Kristo wͻ honamdua na wͻn mu biara yɛ onipa soronko.

Mfoni
Retie

Retie a Michael Jarvis Nelson na ͻtwerɛeɛ

Soronko nanso nkabom wͻ wͻn mu

Twerɛnsɛm ne abɛɛfo nkɔmhyɛfoɔ kyerɛ yɛn sɛ Onyankopͻn, Yesu Kristo, ne Honhom Kronkron no mu biara yɛ soronko na wͻwͻ botaeɛ baako: yɛn daa asetena a ɛnwuo ne ɛnniawieɛ nkwa (hwɛ Mose 1:39). Te sɛ ekuo mma wͻ ekuo korͻ mu no, Wͻyɛ adwuma bͻ mu de boa yɛn dabiara. Yɛbɛtumi anya atenka sɛ yɛbɛn Wͻn wͻ mmerɛ a yɛsakyera firi yɛn bͻne ho na yɛfa nea ɛyɛ

Twerɛsɛm a ɛfa Onyankopɔn no ho

Tintim