2021
Yɛn Soro Agya Pɛ sɛ Yɛn Anigye
Kitawonsa 2021


“Yɛn Soro Agya Pɛ sɛ Yɛn Anigye,” Laehona, Kitawonsa 2021

Bosome bosome Laehona Nkrasɛm, Kitawonsa 2021

Yɛn Soro Agya Pɛ sɛ Yɛn Anigye

Berɛ a yɛkae Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ no, yɛbɛtumi anya anigyeɛ berɛ a mpo abrabɔ mu ayɛ den.

Mfoni
Kristo ne nkwadaa

Ansa na wɔrewo yɛn aba asase so no, na yɛn nyinaa te Ɔsoro Agya hɔ sɛ Ne honhom mma. Ɔde nhyehyɛeɛ maae sɛ ɛmmoa mma Ne mma nsua adeɛ na wɔnnyini. Ɛnam Ne nhyehyɛeɛ no so, yɛbɛtumi abɛyɛ te sɛ Ɔno na wate yɛn ho ama yɛadi nkwa a ɛnniawieɛ mu dɛ. Saa nhyehyɛeɛ yi bɛtumi aba mu ɛfiri sɛ Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, baa asase so bɛhunuu amane maa yɛn bɔne, afɔrebɔ a wɔfrɛ no Mpata no.

Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ no wɔfrɛ no

Sɛdeɛ yeinom ne twerɛnsɛm afoforɔ kyerɛ no, Ɔsoro Agya no pɛ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Ɔno, sane ba Ne nkyɛn, na yɛn anigye nokorɛ mu (hwɛ Mose1:39).

Yɛba Asase so Bɛsua Adeɛ na Yɛnyini

Onyankopɔn de yɛn baa asase so, baabi a yɛbɛtumi anya honamdua (hwɛ Genesis 1:26–27). Na yɛhia honam a ɛbɛboa yɛn ama yɛanya asase so abrabɔ mu suahunu.

Onyankopɔn hunuu sɛ yɛn ani rennye berɛ biara. Yɛkɔ abamubuo, yea, ne mpo owuo mu. Nanso wɔ abrabɔ mu haw mu, Ɔsoro Agya boa yɛn ma yɛsua adeɛ na yɛnyini.

Onyankopɔn sane nso ma yεn ɔpε, tumi no a yεde bεyi papa anaa bɔne. Ɔma yɛyi ma yɛn ho deɛ yɛdwene na yɛyɔ. Wama yɛn twerɛnsɛm ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔte aseɛ sɛ wɔmmoa yɛn na yɛnyi deɛ ɛtene (hwɛ Abraham 3:25).

Mfoni
nkwa dua no

Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ te sɛ Yesu Kristo

Onyankopɔn amfa yɛn amma asase so a wamma nhwɛsoɔ a yɛnni soɔ. (hwɛ John 13:15). Ɔsomaa Ne Ba, Yesu Kristo, sɛ ɔnkyerɛ yɛn kwan no. Yɛbɛsua sɛdeɛ yɛbɛsi adi N’akyi a, yɛbɛtumi asua twerɛnsɛm no ahunu deɛ Ɔyɛeɛ wɔ n’abrabɔ mu wɔ asase so. Yɛbɛtumi ayɛ deɛ yɛbɛtumi biara ayɛ te sɛ Kristo berɛ a yɛdi Onyankopɔn asɛm so na yɛdɔ afoforɔ.

Sɛ yɛyɛ mfomsoɔ a, yɛsrɛ bɔnefakyɛ na yɛfrɛ Yesu Kristo Mpata tumi no na ɛboa yɛn ma yɛsakyera. Yɛn ani bɛtumi agye berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ dabiara yɛbɛyɛ te sɛ Ɔno.

Owuo Nyɛ Awieɛ no

Sɛ yɛwu a, yɛn honhom kɔ honhom wiase mu. Yɛkɔ so sua adeɛ wɔ hɔ berɛ a yɛsiesie yɛn ho twɛn Owusɔreɛ no.

Owusɔreɛ berɛ mu no, yɛn honamdua ne honhom bɛsane aka abɔ mu. Yɛn honamdua bɛwie pɛyɛ, na yɛrenwu anaa yɛrenyare bio (hwɛ Alma 11:44–45). Sɛdeɛ Yesu Kristo wuui na ɔsane baa nkwa mu bio no, yɛn nyinaa bɛtena ase bio.

Sɛ Onyankopɔn bu yɛn atɛn a, Ɔbɛhwɛ yɛn nneyɛɛ ne yɛn akɔnnɔ. Sɛ yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi mmaransɛm no ne bɔhyɛ a yɛhyɛɛ Ɔsoro Agya no so a, ɛnneɛ yɛbɛtumi ne No atena bio.

Onyankopɔn hɔ ne Yɛn Mmusua Abrabɔ wɔ Aheman mu

Wɔ sɛlɛhyia ahennie mu, yɛne Onyankopɔn ne Yesu Kristo bɛtena. Yɛbɛsane nso ne yɛn mmusua atena hɔ afebɔɔ sɛ wɔasɔ yɔn ano ama wɔn a. Yɛbɛnya asomdwoeɛ, anigyeɛ, ne ahotɔ (hwɛ Mosiah 2:41).

Yɛn abrabɔ wɔ asase so mu bɛtumi ayɛ den mmerɛ bi, nanso sɛ yɛdi Yesu Kristo akyi a, yɛbɛnya ɛdɛ wɔ asetena yi mu ne anigyeɛ a ɛnniawieɛ wɔ asetena a ɛbɛba no mu.

Deɛn na Twerɛnsɛm ka fa Anigyeɛ Nhyehyɛeɛ no ho?

Ɔkwan a yɛfa so bɔ yɛn bra no ho hia. Onyankopɔn nam yɛn nsusuiɛ ne nneyɛɛ so na ɔbɛbu yɛn atɛn (hwɛ Alma 41:3).

Satan ne yɛn anigyeɛ tamfoɔ no. Ɔsɔ yɛn hwɛ ma yɛde yɛn nkwa goro atɔprɛ na yɛyɛ bɔne. Ɔhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ mmɔbɔ sɛdeɛ ɔteɛ no ara (hwɛ 2 Nifae 2:27).

Sɛ yɛwɔ gyedie wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɔwɔ ma yɛn no mu a, yɛbɛtumi anya asomdwoeɛ ɛmfa ho ne nsɔhwɛ a yɛwɔ mu. Yɛbɛtumi ahwɛ animu sɛ yɛne Onyankopɔn bɛtena afebɔɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam ne 59:23).

Adwinneɛ no nyinaa firi J. Kirk Richards hɔ

Tintim