2021
Asɔfodie No Yɛ Onyankopɔn Tumi
Ɔsanaa 2021


“Asɔfodie No Yɛ Onyankopɔn Tumi,” Laehona, Ɔsanaa 2021

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔsanaa 2021

Asɔfodie No Yɛ Onyankopɔn Tumi

Onyankopɔn fa asɔfodie tumi no so hyira yɛn. Asɔfodie nhyira wɔ hɔ ma obiara.

Asɔfodie no yɛ Onyankopɔn tumi. Ɔde saa tumi yi hyira Ne mma nyinaa na ɔde boa wɔn ma wɔasan ne No akɔtena. Onyankopɔn de asɔfodie tumi ama Ne mma wɔ asase so. Saa tumi yi nti, asɔfodie akannifoɔ bɛtumi adi Asɔre no anim, na wɔn a wɔkuta asɔfodie bɛtumi ayɛ ayɛyɛdeɛ kronkron, te sɛ asubɔ, a ɛboa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn. Ɔbarima ne ɔbaa biara a ɔgye asɔfodie ayɛyɛdeɛ wɔ ahoteɛ kwan so na ɔkora apam (bɔhyɛ kronkron) no wɔ kwan wɔ Onyankopɔn tumi no ho.

Mfoni
adidikronkron

Wɔde Asɔfodie Tumi Maa Joseph Smith

Berɛ a na Yesu Kristo wɔ asase so no, asɔfodie tumi na Ɔde dii N’Asɔre anim. Ɔde saa tumi yi maa N’Asomafoɔ nso. Wɔwuwuui mfeɛ ɔha akyiri no, asɔremma bebree firii Asɔre no mu. Wɔfaa kwan a ɛnyɛ papa so sesaa asɛmpa no ne sɛdeɛ Asɔre no yɛ adwuma. Na Onyankopɔn Asɔfodie no nni asase so bio. Afe 1829 mu, Yesu somaa Osubɔni Yohane ne Asomafoɔ Petro, Yakobo ne Yohane sɛ wɔmfa asɔfodie no nkɔma Joseph Smith. Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi akyire Ahotefoɔ ne ekuo baako pɛ wɔ asase so a ɛwɔ saa tumi yi firi Onyankopɔn hɔ.

Mfoni
Melkisedek Asɔfodie mmaeɛ bio

Petro, Yakobo, ne Yohane Nne, ɛfiri Linda Curley Christensen ne Michael T. Malm hɔ

Asɔfodie Nsafoa no

Asɔfodie nsafoa yɛ tumi a ɛkyerɛ kwan a yɛde asɔfodie di dwuma, te sɛ yɛrema ho kwan ma wɔayɛ ayɛyɛdeɛ Yesu Kristo kuta asɔfodie nsafoa no nyinaa. Asɔre no Titenani ne onipa baako pɛ wɔ asase so a ɔbɛtumi de asɔfodie nsafoa akyerɛ Asɔre no nyinaa kwan. Wɔ n’akwankyerɛ ase no, afoforɔ bɛtumi de nsafoa binom ayɛ Onyankopɔn adwuma. Akannifoɔ binom te sɛ ahwɛfoɔ ne stake atitenafoɔ de asɔfodie nsafoa di wɔn wɔɔd ne stake anim. Esiane sɛ ɔsom ho ɔfrɛ firi akannifoɔ a wɔwɔ asɔfodie nsafoa nti, mmarima ne mmaa a wɔsom wɔ ɔfrɛ mu de asɔfodie tumi di dwuma berɛ a wɔyɛ wɔn asɛdeɛ.

Melkisedek Asɔfodie ne Aaron Asɔfodie

Asɔfodie no wɔ afa mmienu: Melkisedek asɔfodie ɛne Aaron asɔfodie. Melkisedek Asɔfodie so na Asɔre akannifoɔ nam kyerɛ honhom mu nnwuma a ɛwɔ Asɔre no mu nyinaa, te sɛ asɛmpatrɛ ne tɛmpol adwumayɛ. Aaron Asɔfodie no yɛ adwuma wɔ Melkisedek Asɔfodie no tumi ase. Wɔde yɛ ayɛyɛdeɛ bi te sɛ asubɔ ne adidikronkron.

Mfoni
asubɔ

Asɔfodie Nhyira

Onyankopɔn nam apam ne ayɛyɛdeɛ so ma asɔfodie nhyira wɔ hɔ ma Ne mma nyinaa. Saa nhyira yinom bi ne asubɔ, Honhom Kronkron no akyɛdeɛ, adidikronkron, ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ. Mmarima ne mma a wɔagye akyɛdeɛ kronkron wɔ tɛmpol mu nam wɔn apam so gye Onyankopɔn asɔfodie tumi akyɛdeɛ. Yɛn nso yɛbɛtumi agye asɔfodie nhyira a ɛyɛ ayaresa, awerɛkyekyerɛ, ne akwankyerɛ.

Mfoni
ayeforɔ a wɔwɔ tɛmpol

Ɛdeɛn na Twerɛnsɛm Ka fa Asɔfodie ho?

Asɔfodie no a na ɛwɔ hɔ tete mmerɛ mu no ɛno ara na ɛwɔ hɔ seesei yi (hwɛ Mose 6:7).

Asɔfodie nsafoa boa hwɛ sɛ yɛwie Awurade adwuma wɔ ne nhyehyɛeɛ kwan so pɛpɛɛpɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:11).

Mmarima a wɔkuta asɔfodie bɛtumi de adi dwuma “wɔ teneneeyɛ nnyinasosɛm mu nko ara” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:36).

Asɛdeɛ a wɔn a wɔkuta asɔfodie wɔ no wɔaka binom ho asɛm wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:38-67.

Tintim