2021
Tɛmpol Adwuma
Ahinime 2021


“Tɛmpol Adwuma,” Laehona, Ahinime 2021

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ahinime 2021

Tɛmpol Adwuma

Tɛmpol yɛ Awurade fie. Yɛbɛtumi agye ayɛyɛdeɛ na yɛne No ayɛ apam wɔ tɛmpol mu. Yɛbɛtumi nso ayɛ ayɛyɛdeɛ wɔ tɛmpol mu ama yɛn nananom.

Mfoni
Tɛmpol

Barranquilla Colombia Tɛmpol Mfonin a ɛfiri Bruno Lima hɔ.

Wɔ abakɔsɛm mu baabiara, Awurade ahyɛ Ne nkorɔfoɔ sɛ wɔnsisi tɛmpol. Tɛmpol yɛ kronkron mmea a yɛbɛtumi ate Onyankopɔn dɔ nka, agye ayɛyɛdeɛ, na yɛne no ahyɛ bɔ. Asɔre no resisi tɛmpol wɔ wiase baabiara enti nnipa dodoɔ bɛtumi anya saa nhyira yi.

Mfoni
ɔbaa a ɔgyina tɛmpol anim

Ɔbaa a ɔgyina Oquirrh Mountain Utah Tɛmpol anim mfonin a ɛfiri Nexeo ne Mathew Reier hɔ

Akyɛdeɛ kronkron no

Asɔre mma a wɔrebɔ abrabɔ tenenee kɔ tɛmpol kɔgye ayɛyɛdeɛ na wɔne Onyankopɔn yɛ apam, anaa hyɛ bɔ. Ayɛyɛdeɛ baako a yɛgye wɔ tɛmpol mu ne akyɛdeɛ kronkron. Asɛm no akyɛdeɛ kronkron asekyerɛ ne “akyɛdeɛ bi.” Tɛmpol akyɛdeɛ kronkron yɛ akyɛdeɛ bi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Wɔ saa ayɛyɛdeɛ yi mu no yɛsua Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ a ɛfa yɛn nkwagyeɛ ho, na yɛyɛ apam sɛ yɛbɛkora Onyankopɔn mmaransɛm. Sɛ yɛyɛ nokwafoɔ ma apam a yɛyɛ no a, Onyankopɔn bɛhyira yɛn.

Mfoni
awarefoɔ gyina tɛmpol anim

Awarefoɔ a wɔrenante Manila Philippines Tɛmpol ho Mfonin a ɛfiri Cristian Smith hɔ

Wɔresɔ Mmusua Ano Abɔ mu

Tɛmpol mu awareɛ nso yɛfrɛ no nsɔano. Sɛ wɔsɔ awarefoɔ ano wɔ tɛmpol mu na wɔkora wɔn apam a, wɔbɛware afebɔɔ. Sɛ wɔwɔ mma a, wɔbɛsɔ saa nkwadaa no nso ano ama wɔn. Awofoɔ a wɔsɔ wɔn ano berɛ a wɔawo mma awie no wɔbɛtumi asɔ wɔn mma ano ama wɔn. Sɛ wɔbɔ abrabɔ tenenee a, wɔbɛyɛ abusua afebɔɔ.

Mfoni
Lisbon Portugal Tɛmpol asubɔbea

Lisbon Portugal Tɛmpol asubɔbea mfonin a Leslie Nilson na ɔtwaeɛ

Tɛmpol Adwuma ma Onyankopɔn Mma Nyinaa

Yɛyɛ abusua abakɔsɛm adwuma de hwehwɛ nsɛm a ɛfa yɛn nananom ho. Na afei yɛgyina wɔn ananmu yɛ tɛmpol adwuma. Yɛyɛ ayɛyɛdeɛ a ateasefoɔ hia nyinaa ma wɔn: asubɔ, denhyɛ, asɔfodie gyeɛ (ma mmarima), akyɛdeɛ kronkron, ne nsɔano. Afei wɔbɛtumi ayi sɛ wɔpene saa ayɛyɛdeɛ yi so anaa wɔmpene so. Wɔ saa kwan yi so, Onyankopɔn mma nyinaa ani bɛtumi agye wɔ asɛmpa no nhyira mu.

Mfoni
abusua a wɔgyina tɛmpol anim

Abusua a wɔgyina Philadelphia Pennsylvania Tɛmpol anim Mfonin a ɛfiri Cody Bell hɔ

Tɛmpol Adwuma mu Nhyira

Sɛ yɛkora apam a yɛyɛ wɔ tɛmpol mu a, wɔbɛhyira yɛn, abɔ yɛn ho ban, na wɔahyɛ yɛn den. Yɛbɛnya asɔfodie tumi no aka yɛn ho. Yɛn mmusua bɛtena abɔ mu afebɔɔ.

Tɛmpol sane yɛ baabi a asomdwoeɛ ne adiyie wɔ. Sɛ yɛyɛ tɛmpol adwuma a, yɛbɛtumi anya honhom akwankyerɛ na yɛate Onyankopɔn dɔ nka.

Tintim