2021
Abusua Abakɔsɛm Boa Yɛn Awufoɔ
Ɔpɛnima 2021


“Abusua Abakɔsɛm Boa Yɛn Awufoɔ,” Laehona, Ɔpɛnima 2021

Bosome bosome Laehona, Ɔpɛnima 2021

Abusua Abakɔsɛm Boa Yɛn Awufoɔ

Abusua Abakɔsɛm ne sɛ yɛrehwehwɛ na yɛasua y’abusuafoɔ ho asɛm. Yɛsane nso boaboa yɛn awufoɔ ho nsɛm sɛdeɛ yɛbɛtumi ayɛ tɛmpol adwuma ama wɔn.

Mfoni
alt teks

Mmusua di akotene wɔ Ɔsoro Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ mu. Wasiesie ɔkwan a ɛma mmusua toa so afebɔɔ. Berɛ a yɛyɛ yɛn abusua abakɔsɛm ne tɛmpol adwuma no, yɛboa de yɛn mmusuafoɔ, ateasefoɔ ne awufoɔ nyinaa bom. (“Tɛmpol adwuma” kyerɛ sɛ yɛregye tɛmpol ayɛyɛdeɛ ama yɛn ho, te sɛ wɔasɔ yɛn ano ama yɛn hokani, ɛne ayɛyɛdeɛ a yɛreyɛ ama yɛn awufoɔ wɔ tɛmpol mu.)

Abusua Abakɔsɛm ne Tɛmpol Adwuma

Onipa biara a woatena anaa ɔbɛtena asase so hia asɛmpa no ayɛyɛdeɛ no. Sɛ yɛn awufoɔ annya saa akwanya no a. yɛbɛtumi ayɛ ayɛyɛdeɛ ama wɔn wɔ tɛmpol mu. Saa ayɛyɛdeɛ no mu baako ne sɛ wɔsɔ yɛn bɔ yɛn mmusuafoɔ mu. “Wɔasɔ” yɛ ano kyerɛ sɛ yɛbɛtumi ne yɛn mmusuafoɔ atena afebɔɔ sɛ yɛtene a. Wɔtɛmpol mu nko ara na wɔbɛtumi asɔ yɛn ano ama yɛn mmusuafoɔ.

Abusua Abakɔsɛm Adwuma Nhyira

Mfoni
abusua

Abusua abakɔsɛm bɛtumi aboa ahyɛ yɛn mmusuafoɔ ateasefoɔ ayɔkofa mu den. Berɛ a yɛkyɛ ayɛsɛm, foto, ne nkaeɛ afoforɔ ma yɛn ho yɛn no no, na yɛreyɛ abusua koroyɛ. Afei nso yɛhyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no mu kena. Nkɔmhyɛfoɔ nso ahyɛ bɔ sɛ yɛreyɛ yɛn mmusua abakɔsɛm ho adwuma no de yɛn bɛbɛn Yesu Kristo.

Yɛrehwehwɛ Yɛn Awufoɔ

Mfoni
twerɛtohɔ wɔ Chinese mu

Ɔsoro Agya pɛ sɛ yɛsɔ yɛn mmusua a wɔwɔ hɔ seesei ne yɛn awufoɔ ano. Ansa na yɛbɛtumi asɔ yɛn awufoɔ ano no, ɛhia sɛ yɛhwehwɛ na yɛkora wɔn ho nsɛm. Mmom abusua abakɔsɛm boro sɛ yɛrehwehwɛ edin, awoda, ne mmeaeɛ so. Berɛ a yɛsua yɛn awufoɔ ho asɛm no, yɛte nka sɛ yɛbɛn wɔn bebree.

Tintim