2022
Na Ahweaseɛ No Ka Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ no Ho
Ɔpɛpɔn 2022


“Na Ahweaseɛ No Ka Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ no Ho,” Liahona, Ɔpɛpɔn 2022

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2022

Na Ahweaseɛ No Ka Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ no Ho

Ahweaseɛ no nti, yɛba asase so sɛ ɛda bi yɛbɛtumi asane akɔ ne yɛn Agya a ɔwɔ Soro akɔ tena.

Mfoni
Adam ne Hawa

Adam ne Hawa wɔ Eden Turo mu, ɛfiri Robert T. Barrett hɔ

Wɔ Eden Turo no mu, Onyankopɔn hyɛɛ Adam ne Hawa sɛ mma wɔnni papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no aba no. Na Ɔkakyerɛɛ wɔn, “Wobɛtumi ayi deɛ wo wopɛ, mmom, kae sɛ mabara.” (Moses 3:17). Satan sɔɔ Hawa hwɛɛe sɛ ɔnni dua no aba no. Ɔkakyerɛɛ no, “Mobɛyɛ sɛ anyame, mobɛhunu papa ne bɔne.” (Moses 4:11). Ɔdii dua no aba no na ɔde bi maa Adam. Onyankopɔn pamoo wɔn firi Eden Turo no mu.

Ahweaseɛ No

Mfoni
Adam ne Hawa

Wɔpam Adam ne Hawa Firi Turo no mu, ɛfiri Gary L. Kapp hɔ, wɔnnyɛ ne sɛso

Berɛ a Adam ne Hawa firii Eden Turom no, na wɔnni Onyankopɔn anim bio. Onyankopɔn hɔ ntetemu no wɔfrɛ no honhom mu wuo . Turo no mu mfirimu no nso kyerɛ sɛ Adam ne Hawa aba honam mu na enti wɔtumi wu. Ɛwɔm mu sɛ na Adam ne Hawa nka Onyankopɔn ho bio na wɔaba honam mu, na wɔnyaa anigye ne anidasoɔ berɛ a wɔhunuu sɛ wɔbɛtumi akɔ nkan no (hwɛ Mose 5:10–11). “Adam hwee ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛtena ase; na nnipa te ase, sɛdeɛ ɔbɛtumi anya ɛdɛ.”(2 Nephi 2:25).

Nsɔhwɛ Berɛ

Sɛ wɔwo yɛn a, yɛne Onyankopɔn ntam te, sɛdeɛ Adam ne Hawa yɛɛe berɛ a wɔhwee ase akyire no. Satan sɔ yɛn hwɛ ma yɛyi bɔne. Saa nsɔhwɛ ma yɛn kwan ma wɔsɔ yɛn hwɛ na yɛyi papa anaa bɔne (hwɛ Alma 12:24). Berɛ biara a yɛyɛ bɔne na yɛnsakyera no, yɛne Ɔsoro Agya ntam te kɔ akyirikyiri. Mmom sɛ yɛsakyera a, yɛnyini twe bɛn yɛn Soro Agya no.

Honam mu Wuo

Mfoni
amusieyɛ

Wɔbɔɔ asase maa yɛ (hwɛ 1 Nifae 17:36). Ahweaseɛ no boa maa Adam ne Hawa de Onyankopɔn mmaransɛm sɛ wɔwo mma no yɛɛ adwuma, a ɛrema yɛn kwan ma yɛba asase so wɔ honam dua mu. Dabi yɛn honam dua bɛwu, nanso yɛn honhom bɛkɔso atena ase. Yɛn honam dua ne honhom no bɛsane aka abom sɛ yɛwusɔre a.

Yesu Kristo Agye Yɛn

Mfoni
Yesu Kristo Wusɔreɛ

Wusɔreɛ No, ɛfiri Harry Andersen hɔ

Ɛnam Yesu Kristo mpata tumi no nti, yɛbɛtumi adi honamdua ne honhom mu wou so. Ɛsiane sɛ Kristo wusɔreeɛ no nti, obiara a wɔawo no wɔ asase yi so no bɛwu asɔre na watena ase afebɔɔ. Na ɛsiane sɛ Kristo hunuu amane maa yɛn bɔne nti, yɛbɛtumi asakyera na wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ne yɛn Agya a ɔwɔ Soro akɔ tena bio.

Tintim