2022
Apam De Yɛn Bɛn Onyankopɔn
Ɔgyefuo 2022


“Apam De Yɛn Bɛn Onyankopɔn,” Laehona, Ɔgyefuo 2022

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔgyefuo 2022

Apam De Yɛn Bɛn Onyankopɔn

Apamyɛ ne ɛsodie de nhyira ba.

Apam yɛ bɔhyɛ a ɛda Ɔsoro Agya ne Ne mma ntam. Ɔno na ɔhyehyɛ apam a yɛne No yɛ no nhyehyɛeɛ. Sɛ yɛyɛ deɛ Ɔbisa a, yɛnya nhyira bebree. Na yɛnnya nhyira wɔ asase so kɛkɛ—sɛ yɛyɛ na yɛdi apam so a, yɛbɛsane ne Onyankopɔn ne yɛn mmusua akɔtena wɔ ɔsoro da bi.

Mfoni
asubɔ

Apam ne Ayԑyԑdeԑ

Yɛyɛ apam berɛ a yɛreyɛ ayɛyɛdeɛ binom. Yɛhia sɛ yɛnya saa ayɛyɛdeɛ no na yɛdi saa apam no so sɛdeɛ yɛbɛsane ne Onyankopɔn akɔtena. Wɔde asɔfodie tumi na ɛyɛ ayɛyɛdeɛ no. Saa ayɛyɛdeɛ no bi ne asubɔ ne denhyɛ, Mɛlkisedek asɔfodie gyeɛ (ma mmarima), ne ayɛyɛdeɛ a yɛgye wɔ tɛmpol mu. Adidikronkron berɛ mu no, Asɔremma ti ɛbɔ a wɔahyɛ Onyankopɔn no mu (hwɛ Nkerɛkyerɛ ne Apam 20:77, 79).

Mfoni
adidikronkron

Apam Boa Yɛn Ma Yɛtena Tenenee Mu

Asubɔ berɛ mu, yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi, akae No mmerɛ nyinaa, na yɛadi mmaransɛm no so (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20: 37). Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ Sunsum Kronkron no bɛtumi aka yɛn ho mmerɛ nyinaa.

Sɛ mmarima gye asɔfodie no a, wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛbɔ bra a ɛfata Onyankopɔn asɔfodie tumi. Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛhyira wɔn. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:33–40.)

Mfoni
Brazil Recife Tɛmpol

Brazil Recife Tɛmpol ho nkyerkyerɛmu a ɛfiri James Porter hɔ

Apam a Yɛyɛ wɔ Tɛmpol mu

Sɛ Asɔremma gye wɔn akyɛdeɛ kronkron wɔ tɛmpol mu a, wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛbɔ abrabɔ tenenee na wɔde wɔn ho abɔ afɔdeɛ ama asɛmpa no. Wɔnya tumi ho bɔhyɛ firi Onyankopɔn hɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 38:32; 109:22).

Tɛmpol nsɔano berɛ mu no, okunu ne ɔyere ware ma daapem na wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛdi nokorɛ ama wɔn ho ne Onyankopɔn. Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ wɔbɛtumi asane akɔ Ne nkyɛn na wɔatena sɛ mmusua afebɔɔ. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132: 19--20.)

Mfoni
asɛmpatrɛfoɔ

Yɛyɛ Apam Nkorɔfoɔ bi

Wɔn a wɔbɛka Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ho bɛyɛ Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ. Wɔn nso nya Abraham apam mu nhyira ne asɛdeɛ no bi (hwɛ Galatiafoɔ 3: 27-29). Yɛka Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ ho kyerɛ sɛ yɛboa yɛn ho yɛn ho berɛ a yɛbɛn Kristo. Ɛsane nso kyerɛ sɛ yɛyɛ adwuma de boa hyɛ Onyankopɔn Asɔre den wɔ asase so. Sɛ yɛdi yɛn apam so a, yɛbɛtumi anya tumi ne ahoɔden afiri Onyankopɔn hɔ.

Tintim