2022
Resom Wɔ Asɔre Frɛ mu
Ɔbɛnem 2022


“Resom Wɔ Asɔre Frɛ mu,” Laehona, Ɔbɛnem 2022.

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔbɛnem 2021

Resom Wɔ Asɔre Frɛ mu

Asɔre sodifoɔ ma asɔremma som wɔ dwumadie titire mu a wɔfrɛ no sɛ “ɔfrɛ.” Ɔfrɛ ma asɔremma kwa ma wɔsom afoforɔ na wɔtwe bɛn Onyankopɔn.

Mfoni
ɔbarima a ɔte twitwiridie akonnwa mu rekyerɛ adeɛ wɔ Asɔredan mu.

Mfonini no firi David Bowen Newton hɔ

Sɛ yɛsom wɔ yɛn frɛ mu a, yɛboa ma Onyankopɔn adwuma di mu. Yɛkyerɛ afoforɔ adeɛ fa Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ho na ɛboa wɔn a yɛkyerɛ wɔn adeɛ no twe bɛn Wɔn. Yɛn nso yɛnya nhyira berɛ yɛsom wɔ nokorɛ mu.

Regye Ɔfrɛ

Mfoni
aberanteɛ a ɔgyina Asafomma anim

Wɔn a wɔsom wɔ Asɔre mu no Onyankopɔn na afrɛ wɔn. Asɔre sodifoɔ bɔ mpaeɛ hunu deɛ wɔbɛfrɛ no ama wasom wɔ dwumadie biara mu. Afei sodifoɔ ma asɔreba som na ɔkyerɛkyerɛ asɛdeɛ a ɛwɔ dwumadie no mu kyerɛ no. Wɔgye asɔremma no tom wɔ Asɔre nhyiamu mu berɛ a asɔremma a wɔwɔ ward anaa nkorabata no mu kyerɛ sɛ wɔtaa n’akyi. Yei kyerɛ sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɔ wɔtaa onipa a wɔafrɛ no no akyi. Afei asɔfodie sodifoɔ bɛhyira asɔreba no. Wɔfrɛ yei sɛ wɔatu no asi. Wɔbɛma asɔreba no tumi de ayɛ adwuma ne nhira afoforɔ de aboa no ama wasom.

Ahwɛfoɔ

Ɔhwɛfoɔ no na ɔyɛ sodifoɔ wɔ ward hɔ. (wɔ nkorabata mu, nkorabata titenani te sɛ ɔhwɛfoɔ no.) Pɛɛwa titenani no kamfo asɔfodie kurafoɔ a ne ho te ma wɔfrɛ sɛ ɔhwɛfoɔ. Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no pene ɔfrɛ no so. Afei ɔhwɛfoɔ no wɔtaa n’akyi na wɔyi no si hɔ ma no som. Ɔsane nso gye asɔfodie tumi nsa, a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ tumi sɛ ward no kwankyerɛfoɔ. Sɛ ɔhwɛfoɔ no, ɔsom na ɔdi asɔremma a wɔwɔ ward hɔ nyinaa anim.

Atitenafoɔ

Asɔfodie akuo ne Relief Society, Mmaayewa, Mfitiaseɛ, ne Kwasiada Sukuu akuo no atitenafoɔ na wɔdi wɔn anim, ɛtaa yɛ titenani ne afotufoɔ mmienu. Mpanimfoɔ akuo atitenafoɔ no , pɛɛwa atitenafoɔ na wɔfrɛ wɔn. Ahwɛfoɔ ma asɔremma som wɔ atitenafoɔ afoforɔ mu wɔ ward hɔ na wɔyi wɔn si hɔ. Sodifoɔ nyinaa som asɔremma wɔ wɔ akuo ne nhyehyɛeɛ mu. Wɔhwɛ asɔremma adehia ho nsɛm na wɔboa ma wɔte Onyankopɔn dɔ nka.

Mfoni
ɔbaa de aduane rebrɛ ɛna a ɔkuta abɔfra

Ɔfrɛ Afoforɔ

Asɔre frɛ afoforɔ no bi ne adekyerɛ, nnwom mu mmoa, twerɛtohɔ kora, mmabunu ne nkwaa dwumadie nhyehyɛeɛ, akwan foforɔ so som. Ɔfrɛ biara a ɛwɔ Asɔre no mu ho hia na ɛma asɔremma no kwan ma wɔsom afoforɔ na wɔsom Onyankopɔn. Berɛ a yɛn nyinaa yɛ adwuma bom de ahyɛ yɛn frɛ mu kena no, yɛhyɛ afoforɔ den na yɛboa ma Asɔre no nyini.

Tintim