2022
Adidikronkron no: Kwan a Yԑbԑfa so Akae Agyenkwa no
Oforisuo 2022


“Adidikronkron no: Kwan a Yԑbԑfa so Akae Agyenkwa no,” Laehona, Oforisuo 2022.

Bosome bosome Laehona Nkransԑm, Oforisuo 2022

Adidikronkron no: Kwan a Yԑbԑfa so Akae Agyenkwa no

Mfoni
placeholder altText

Awurade Adidi no, ɛfiri Simon Dewey hͻ

Anadwo a wͻbɔɔ no asɛnnua mu no, Yesu Kristo ne N’Asomafoͻ no hyiaa wͻ Awurade Adidi no ho. Ɛhͻ na ͻdii kan maa wͻn adidikronkron no. Ͻkyerԑԑ mu sԑ ԑyԑ ͻkwan a wͻbԑtumi afa so de akae No. Adidikronkron no yԑ ayԑyԑdeԑ a yԑfa so di paanoo nom nsuo de kae Kristo Mpata. Paanoo no gyina hͻ ma Kristo nipadua, ԑnna nsuo no gyina hͻ ma Ne mogya.

Kwasiada biara, ԑduru adidikronkron nhyiamu a, yԑfa adidikronkron no. Yԑto asͻrennwom asͻfokuo bubu paanoo no mu asinasini

asͻfokuo no a wͻbubu paanoo no mu no bͻ mpaeԑ soronko. Saa mpaeԑ yi wͻ Nkyerԑkyerԑ ne Apam 20:77, 79. Mpaeԑ no kae yԑn ԑbͻ a yԑahyԑ Ͻsoro Agya ne ɛbɔ a Wahyԑ yԑn.

asͻfokuo nkaeԑ dane adidikronkron no ma ward anaasԑ nkorabata asɔremma no. Berɛ a yɛfa adidikronkron no, yɛkae Ͻgyefoͻ no ne N’afͻreԑ a ͻbͻ maa yԑn no. Yԑsane nso fa to yԑn ho so bio sԑ yԑbԑkura apam (bͻhyԑ) a ԑda yԑne Ͻsoro Agya ntam no mu.

Mfoni
abaayewa refa adidikronkron no nhyiamu ase

Yԑkyerɛ nnidie berԑ wͻrehyira adidikronkron no so de ahyԑ yԑn nsa. Berԑ aso sԑ yԑdwene Yesu Kristo abrabͻ, ne nkyerԑkyerԑ, ne Mpata. Yԑbԑtumi nso adwene ho sԑdeԑ yԑbԑtumi adi N’anamͻn so.

Tintim