2022
Twerɛnsɛm: Onyankopɔn Anum Asɛm.
Ayɛwohomu 2022


“Twerɛnsɛm: Onyankopɔn Anum Asɛm.” Laehona, Kutawonsa 2022.

Bosome bosome Laehona Nkrasɛm, Kutawonsa 2022

Twerɛnsɛm: Onyankopɔn Anum Asɛm.

Mfoni
Apam Dada nkɔmhyɛni bi ntwerɛeɛ

Apam Dada Nkɔmhyɛni, ɛfiri Judith A. Mehr hɔ

Twerɛnsɛm yɛ nwoma kronkron a nkɔmhyɛfoɔfoɔ na wɔtwerɛɛ ne kɛseɛ. Twerɛsɛm no di Yesu Kristo ho adanseɛ na ɛkyerɛkyerɛ fa N’asɛmpa ho. Twerεnsεm a wɔagye atom wɔ Asɔre no mu ne Twerε Kronkron (a ɛyɛ Apam Dada ne Apam Foforɔ), Mormon Nwoma no, Nkyerεkyerε ne Apam, ne Ɔbohene a Ɛsom boɔ.

Apam Dada

Apam dada no yɛ twerɛtohɔ nsɛm a ɛfa Onyankopɔn nkorɔfoɔ a Ɔne wɔn kɔɔ apam wɔ tete berɛ mu. Ɛfa nkɔmhyɛfoɔ bi te sɛ Mose, Yosua, Yesaiah, Yeremiah, ne Daniel nkyerɛkyerɛ Ɛwɔ mu sɛ wɔtwerɛɛ no mfeɛ bebree akyi ansa na wɔrewo Yesu Kristo, nanso Apam Dada nkɔmhyɛfoɔ pii twerɛ faa Ne ho.

Apam Foforɔ

Apam foforɔ no twerɛ Yesu Kristo awoɔ, honam mu asetena, nkyerɛkyerɛ, ne Mpata. Ɛsan fa Kristo Asomafoɔ ne asuafoɔ nkaeɛ no nkyerɛkyerɛ. Apam Foforɔ no boa yɛn ma yɛte aseɛ wɔ kwan a yɛmfa Yesu Kristo nsɛmpa no mmɔ bra nnɛ.

Mfoni
Yesu Kristo rekyerɛkyerɛ Asɛnka wɔ Bepɔ no so.

Mormon Nwoma: Yesu Kristo ho Adanseɛ Baako Nso

Mormon Nwoma no yɛ tete Amerikas nkorɔfoɔ bi a wɔtenaa aseɛ ho twerɛtohɔ. Ɛfa nkyerɛkyerɛ a ɛfiri nkɔmhyɛfoɔfoɔ, na ne botaeɛ pa ara ne sɛ ɛtwe nnipa nyinaa adwene si so sɛ Yesu ne Kristo no. Nkɔmhyɛni Joseph Smith kyerɛɛ aseɛ firii sika kɔkɔɔ mprɛte so nam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne Ne tumi so.

Mfoni
Joseph Smith regye adiyisɛm.

Joseph Smith Jr. Regye Adiyisɛm., ɛfiri Daniel A. Lewis hɔ

Nkyerɛkyerɛ ne Apam

Nkyerɛkyerɛ ne Apam kuta adiyinsɛm a wɔde maa Joseph Smith ne nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ afoforɔ. Adiyinsɛm no kyerɛkyerɛ sɛdeɛ wɔhyehyɛɛ Kristo Asɔre no. Ɛsan nso kuta asɛmpa nkyerɛkyerɛ a ɛho hia fa asɔfodie tumi, ayɛyɛdeɛ fa nsɛmpa no ho, ne deɛ owuo akyi ɛsie.

Ɔbohene a Ɛsom Boɔ

Ɔbohene a Ɛsom Boɔ no kuta Mose ne Abraham nwoma, Joseph Smith adansedie ne Asɔre no Gyidikansɛm. Ɛsan nso kuta Joseph Smith—Mateo, a ɛyɛ Joseph Smith nkyerɛaseɛ ma Apam foforɔ no fa bi.

Resua Twerɛnsɛm no.

Nkɔmhyɛfoɔ akyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnsua twerɛnsɛm no daadaa. Yɛɛyɛ sei boa ma yɛn gyidie nyini na ɛde yɛn bɛn Soro Agya ne Yesu Kristo. Sɛ yɛsua twerɛnsɛm no wɔ mpaebɔ mu a, Honhom Kronkron no bɛboa yɛn na yɛanya anoyie wɔ yɛn nsɛmmisa ho.

Ɛnnɛ yi Nkɔmhyɛfoɔ.

Sɛ nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ kasa ɛnnɛ yi wɔ Sunsum Kronkron tumi so a, wɔn nsɛm no te sɛ twerɛsɛm. Yei ho nhwɛsoɔ baako ne amansan nhyiamu. Yɛbɛtumi asua adeɛ afiri Kɔtɔnima ne Obubuo nhyiamu mu wɔ Laehona.

Mfoni
Mose redi nkunim wɔ Satan so

Mose Di Nkunim wɔ Satan so, ɛfiri Joseph Brickey hɔ

Tintim