2022
Ɛdeɛn ne Efie Anwummerɛ Nhyiamu?
Ɔsanaa 2022


“Ɛdeɛn ne Efie Anwummerɛ Nhyiamu? Liahona, Ɔsanaa 2022

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔsanaa 2022

Ɛdeɛn ne efie anwummerɛ Nhyiamu?

Mfoni
maame, agya, ne abaayewa ketewa te abɔnten

Efie anwummerɛ yɛ ɛberɛ a yɛde si hɔ wɔ nnawɔtwe no mu ma wo abusua tena ase bom. Wɔ saa berɛ yi no, mo bɛtumi “asua twerɛsɛm, ahyɛ adansediemu den, ahyehyɛ nkabom, na mo agye mo ani mɔhoo mɔhoo” (Amansan Hwɛsonwoma: Woresom wɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Nna A Ɛdi Akyire Ahotefo, 2.2.4, ChurchofJesusChrist.org). Efie anwummerɛ nhyiamu yɛ sononko ma abusua biara. Nanso ne botaeɛ ne sɛ yɛde saa berɛ no aka yɛn ho abom na yɛatwe abɛn Agyenkwa no yie.

Ahoboaboa

Dwene dwumadie bi a wo ne w’abusua dieɛ ne twerɛsɛm asɛm titiriw bi a mokyɛeɛ. Afei nso, pɛ ɛda anaa ɛberɛ wɔ nnawɔtwe no mu sɛ mo mu fa kɛseɛ no anaa abusua no nyinaa bɛtumi ahyia abom. Asɔre no hyɛ asɔremma no nkuran sɛ ɔbɛtumi ayɛ wɔn efie nhyiamu wɔ Ɛdwoada anwummerɛ biaa. Nso mmusua bɛtumi ahyia wɔ ɛberɛ a ɛyɛ paa ma wɔn.

Mfoni
abusua rebɔ mpaeɛ

Mpaebɔ

Mmusua pii de mpaebɔ hyɛ aseɛ san de wie wɔ abusua anwummerɛ nhyiamu. Yei to nsa frɛ Honhom Kronkron ba wɔn fie mu. Efie anwummerɛ nhyiamu yɛ ɛberɛ paa ma mmɔfra ne mpanin sua mpaebɔ a yɛbɔ no wɔ nnipakuo ketewa mu.

Nnwom

Mmusua pii nso yɛ nnianimu ne awieɛ nnwomtoɔ. Ɔtaa yi nnwom firi nnwomtoɔ nnwoma no anaa Mmɔfra nketewa dwomkora nwoma mu. Asɔre no wɔ nsankuo nwom a watwe ato hɔ asɔre no mu wɔ ChurchofJesusChrist.org. Wobɛtumi ahwɛ sini a Tabernacle Nnwomtokuo no wɔ Tɛmpol Square. Yɛreto nnwom berɛ a yɛreyɛ efie anwummerɛ nhyiamu boa asɔremma ma wɔsua nnwom a wɔto no asɔre.

Adesua

Asɔre no wɔ akadeɛ a ɛgu akwan mu a ɛboa wɔ efie anwummerɛ nhyiamu. Wo bɛpɛ sɛ wobɛfa sima kakra bi akenkan na w’apɛnsɛnpɛnsɛn mu asɛm bi afiri Liahona, the Friend, anaa Ɛyɛ ma Mmabunu Ahoɔden nwoma. Wei nso bɛtumi ayɛ berɛ sɛ wobɛhwɛ Asɔre sini bi na w’apɛnsɛnpɛnsɛn mu. Anaa wobɛtumi akenkan ɔkasabi a ɛfiri, Amansan Nhyiamu no bi, akenkan twerɛsɛm, anaa akyerɛkyerɛ nnawɔtwe akenkan no mu bi wɔ Come, Follow Me.

Mfoni
Mmɔfra reyɛ adɔkɔdɔkɔdeɛ

Mfoni a ɛrekyerɛ mmɔfra a ɔreyɛ adɔkɔdɔkɔdeɛ a Michelle Loynes yɔeɛ

Abusua Nkahyɛmu

Mmɔfra bɛtumi ayɛ efie anwummerɛ nhyiamu no bi. Wɔn bɛtumi aboa ahyehyɛ dwumadie no, abɔ mpaeɛ, anaa ahwehwɛ adi nwomtoɔ no anim. Mpo ɔbɛtumi akyerɛ adeɛ. Ansa na anwummerɛ nhyiamu no, wo bɛtumi aboa w’abɔfra ama w’akenkan abasɛm bi wɔ Friend adekora nwoma no mu anaa twerɛsɛm.a ɔpɛ paa ara ho abasɛm bi. Abɔfra no bɛtumi aka saa abasɛm no akyerɛ abusua no sɛ adesua. Mmɔfra pii nso na ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ adeɛ bi afiri twerɛsɛm abasɛm ho wɔ efie anwummerɛ nhyiamu berɛ. Mma mmɔfra a w’anyini kakra nhyehyɛ adesua no anaa ɔmfa amansan nhyiamu adesua no bi a ɔpɛsɛ ɔkenkan. Na afei ma wɔn nni nkyerɛkyerɛ no anim.

Dwumadie

Mmusua pii a wɔn anigye sɛ ɔreyɔ dwumadie sɛ wɔn anwummerɛ ɛfie nhyiamu no fa bi no. Kokoam dwumadie no bi ne, yɛrebɔ games yɛreyɛ nsanoadwuma, anaa yɛrenoa aduane abom.

Wɔ abɔnten dwumadie no, mo bɛtumi atu mpasa, anaa mo bɛkɔ abusua bepɔfrɔ, anaa mo bɛdi agorɔ bi abɔnten abom. Hwehwɛ dwumadie bi a abusua no nyinaa bɛtumi adi bie na wɔn nnye wɔn ani mmɔ mu. Monyi akansie wɔ mo mu nnto nkyɛn na antwe Honhom no anfiri mo nkyɛn.

Ɔsom

Efie anwummerɛ nhyiamu yɛ mmrɛ kɛseɛ a mmusua be som afoforɔ. Wo bɛtumi aboa mpaninfoɔ a wone wɔn te efie ne mpɔtamu, wo bɛ kyɛ nnuane ama wɔn a woni bɛɛbi te, atwerɛ krataa akɔma missionarifoɔ, anaa wafa efi akɔtoatwene, mfatoho bi saa ne nea ɛkekaho.

Tintim