2022
Nkɔmhyɛfoɔ a Wɔtease Di Anim
Ɛbɔ 2022


“Nkɔmhyɛfoɔ a Wɔtease Di Anim,” Laehona, Ɛbɔ 2022.

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɛbɔ 2022

Nkɔmhyɛfoɔ a Wɔtease Di Anim

Mfoni
Asɔre akannifoɔ wɔ Kristus nkaedum anim

Nkɔmhyɛfoɔ yɛ mmarima a Ɔsoro Agya afrɛ wɔn sɛ wɔnkasa mma No. Wɔ di Yesu Kristo ho adanseɛ na wɔkyerɛkyerɛ Ne nsɛmpa no. Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma gye tete ne ɛnnɛ yi Nkɔmhyɛfoɔ nyinaa di.

Onyankopɔn kasa fa Nkɔmhyɛfoɔ so

Nkɔmhyɛfoɔ gye adiyisɛm firi Onyankopɔn hɔ. Sɛ nkɔmhyɛfoɔ nya nkanyan kasa kyerɛ yɛn a, ɛte sɛ deɛ Onyankopɔn rekasa akyerɛ yɛn pɛpɛɛpɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:38). Yɛbɛtumi agye adi sɛ wɔreka deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛhunu no kyerɛ yɛn.

Mfoni
Sika kɔkɔɔ mprɛte ka Mormon ho

Mormon Reyɛ Mprɛte no tiawa, Tom Lovell

Nkɔmhyɛfoɔ Kyerɛkyerɛ fa Yesu Kristo ho

Nkɔmhyɛfoɔ nyinaa di Yesu Kristo ho adanseɛ. Wɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ Ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Wɔkyerɛkyerɛ yɛn fa N’abrabɔ, nhwɛsoɔ, ne Mpata no ho. Na wɔkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛdi N’akyi na yɛadi Ne mmaransɛm so.

Nkɔmhyɛfoɔ Asɛdeɛ

Nkɔmhyɛfoɔ kyerɛkyerɛ Yesu Kristo asɛmpa no. Wɔkyerɛkyerɛ nhyira a yɛnya firi mmaransɛm no so die ne ɔhaw nso a yɛnya sɛ yɛanni so a. Mmerɛ bi wɔ hɔ a, wɔnya nkanyan ka deɛ ɛbɛsi daakye kyerɛ yɛn.

Mfoni
Mprɛte ka Mose ho

Mose ne Mprɛte no, Jerry Harston

Tete Nkɔmhyɛfoɔ

Onyankopɔn nam nkɔmhyɛfoɔ so akyerɛkyerɛ nkorɔfoɔ firi ahyɛaseɛ no. Nkɔmhyɛfoɔ a wɔtenaa ase Apam Dada berɛ so no Adam, Noah, Abraham, Mose, Yesia, ne afoforɔ ka ho. Na nkɔmhyɛfoɔ nso ka Mormon Nwoma no nkorɔfoɔ ho. Saa nkɔmhyɛfoɔ yi Lihae, Mosaya, Alma, ne Moronae ka ho. Yɛbɛtumi asua deɛ wɔkyerɛɛe no berɛ a yɛrekenkan twerɛnsɛm no.

Ɛnnɛ yi Nkɔmhyɛfoɔ.

Joseph Smith na ɔyɛ nkɔmhyɛni a ɔdi kan wɔ ɛnnɛ mmerɛ yi mu. Ɔsane de Yesu Kristo Asɔre baa asase no so. Russell M. Nelson yɛ Asɔre no nkɔmhyɛni ne Titenani ɛnnɛ mmerɛ mu. N’afotufoɔ a wɔwɔ Titenafoɔ a wɔdi Kan no mu ne Asomafoɔ Dummienu no nso yɛ nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ.

Mfoni
awarefoɔ rehwɛ nhyiamu wɔ fon so

Retie Nkɔmhyɛfoɔ no

Nkɔmhyɛni no kasa kyerɛ yɛn wɔ amansan nhyiamu berɛ ne mmerɛ afoforɔ mu. Wɔkyerɛkyerɛ yɛn deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛhunu ne sɛdeɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi ɛnnɛ mmerɛ mu. Yɛbɛtumi ahunu ne nkyerɛkyerɛ wɔ Leahona ne ChurchofJesusChrist.org.

Nkɔmhyɛni Akyiridi Nhyira

Wɔbɛhyira yɛn sɛ yɛdi nkɔmhyɛni no nkyerɛkyerɛ so a. Sɛ yɛdi nkɔmhyɛni no akyi a, yɛbɛtumi ahunu sɛ yɛreyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ no. Yɛbɛtumi ate asomdwoeɛ nka wɔ yɛn abrabɔ mu na yɛatwe abɛn Yesu Kristo.

Tintim