2023
Dwumadie Nneɛma ma Mmabunu ne Nkwadaa
Ɔgyefuo 2023


“Dwumadie Nneɛma ma Mmabunu ne Nkwadaa,” Liahona, Ɔgyefuo 2023.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ɔgyefuo 2023

Dwumadie Nneɛma ma Mmabunu ne Nkwadaa

Mfoni
awofoɔ ne ɔbabarima rekenkan twerɛnsɛm

Awofoɔ asodie a ɛdi kan yɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma fa Yesu Kristo ne N’asɛmpa ho. Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no wɔ fekuo, nhyehyɛeɛ ne dwumadie nneɛma sɛ ɛbɛboa awofoɔ wɔ wɔn mmɔdemmɔ mu. Awofoɔ, Asɔre akannifoɔ, ne nnamfoɔ tumi kabɔ mu boa nkwadaa nyinaa ne nnɛɛmmafoɔ sɛ wɔba Kristo nkyɛn.

Mfoni
Ahyɛaseɛ nkwadaa

Mfonini a ɛfiri Ben Johnson hɔ

Ahyɛaseɛ

Ahyɛaseɛ yɛ Asɔre no fekuo ma nkwadaa a wɔadi bosome 18 kɔsi mfeɛ 11. Ahyɛaseɛ hɔ no, nkwadaa nam asuadeɛ, nnwontoɔ, ne nnwumadie so sua fa Yesu Kristo ne N’asɛmpa ho. Ahyɛaseɛ no tumi boa nkwadaa ma wɔte Onyankopɔn dɔ ma wɔn no nka.

Aaron Asɔfodie Akuo, ne Mmaayewa Agyinapɛn

Ɔpɛpɔn a ɛyɛ afe a nkwadaa di mfeɛ 12 no, wɔyi wɔn firi Ahyɛaseɛ hɔ kɔ Aaron Asɔfodie kuo (ma mmarimaa) anaa Mmaayewa agyinapɛn (ma mmaayewa) no. Wɔ wɔn akuo ne gyinapɛn mu no, mmabunu kɔ so hyɛ wɔn adansedie den na wɔsom afoforɔ.

Mfoni
nsa a ɛredwi mfonini

Nkwadaa ne Mmabunu Nhyehyɛeɛ

Ne babunu mu no, Yesu nyinii wɔ “nyansa ne braneyɛ mu, nyaa adom wɔ Onyankopɔn ne onipa mu” (Luka 2:52). Nkwadaa ne Mmabunu nhyehyɛeɛ boa Asɔremma ma wɔdi Kristo nhwɛsoɔ so. Wɔnyini na wɔsua adeɛ wɔ wɔn asetena akwan nyinaa mu—honhom mu, nnipa ntam agodie, honam fa mu, ne nyansa mu.

Asɔre Nsɛmma nwoma

Asɔre asɛmma nwoma ma nkwadaa yɛ Adamfoɔ asɛmma nwoma no. De ma Mmabunu Ahoɔden yɛ asɛmma nwoma ma mmabunu no. Saa nsɛmma nwoma yi kura abasɛm, nkyerɛkyerɛ, ne dwumadie a wɔahyɛ da atwerɛ ama nkwadaa ne nnɛɛmmafoɔ.

Mfoni
akwankyerɛ nwoma akyiri wɔ Spanish mu

De ma Mmabunu Ahoɔden Akwankyerɛ nwoma

De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ kyerɛkyerɛ mmabunu fa asɛmpa nokorɛ ho. Ɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔsi gyinaeɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi Yesu Kristo akyiri. Mmuaeɛ nso ka ho ma nsɛmmisa a mmabunu tumi nya fa sɛdeɛ wɔde asɛmpa no bɔ bra.

Asɛmpa Nwoma akoraeɛ

Asɛmpa Nwoma akoraeɛ wɔ akenkan kyerɛfoɔ afidie dwumadie nneɛma a, video, nnwontoɔ, twerɛsɛm abasɛm, ne nnwumadie bebree ka ho. Dwumadie nneɛma nso ka ho a ɛboa awofoɔ ne akannifoɔ ma wɔkyerɛkyerɛ asɛmpa nnyinasosɛm no. Wɔhunu saa dwumadie nneɛma yi wɔ Asɛmpa Nwoma akoraeɛ wɔ ChurchofJesusChrist.org ne Asɛmpa Nwoma akoraeɛ app hɔ.

FSY Nhyiamu

Ɛhyɛ afe a wɔdi mfeɛ 14 ase no, wɔto nsa frɛ mmabunu ma wɔkɔ De Ma Mmabunu Ahoɔden (FSY) nhyiamu ase. Saa abasɛm yi ka nnwumadie ne asuadeɛ ho ma ɛboa hyɛ gyedie wɔ Yesu Kristo mu den na ɛboa ma mmabunu nyini honhom mu, nnipa ntam agodie, honam fa mu, ne nyansa mu.

Tintim