2023
Asɔfodie Nhyira
Ɔbɛnem 2023


“Asɔfodie Nhyira,” Laehona, Ɔbɛnem 2023.

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔbɛnem 2023

Asɔfodie Nhyira

Mfoni
Kristo rehyɛ Asomafoɔ Dummienu no Den

Kristo rehyɛ Asomafoɔ Dummienu no Den, ɛfiri Harry Andersen hɔ.

Wɔnam nkanyan so na wɔde asɔfodie nhyira no ma nam Melkisedek Asɔfodie kurafoɔ so. Asɔfodie nhyira boa ma Onyankopɔn mmanyinaa gye He tumi, ayaresa, awerɛkyekyerɛ, ne ahobammɔ.

Asɔfodie No

Asɔfodie no yɛ Onyankopɔn ahoɔden ne tumi. Mmarima a wɔn ho teɛ a wɔkuta Melkisedek Asɔfodie yɛ adwuma wɔ Yesu Kristo din mu berɛ a wɔma asɔfodie nhyira. Sɛ wɔrema saa nhyira yi a wɔdi Agyenkwa no nhyira a ɔde ma afoforɔ no nhwɛsoɔ so.

Mfoni
nsa gu etire so

Mfonin no firi David Winters hɔ

Sedeɛ Wɔde Nhyira Ma

Asɔfodie nhyira no wɔde ma berɛ a wɔde nsa gu tire so. Melkisedek Asɔfodie kurafoɔ de ne nsa gu onipa a ɔregye nhyira no tiri so. Afei ɔma nhyira no sɛdeɛ Honhom no kyerɛ. Wɔn a wɔma nhyira ne wɔn a wɔgyeɛ kyerɛ gyedie wɔ Onyankopɔn mu na wɔgye Ne pɛ ne mmerɛ di.

Nkwadaa Dintoɔ ne Nhyira

Sɛ wɔwo akwadaa wie a, asɔfodie kurafoɔ ma no edin ne nhyira (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:70). Yei taa si akɔnkyene ne adansedie nhyiamu ase Wɔdi kan ma akwadaa no edin Afei asɔfodie kurafoɔ no ma akwadaa no nhyira.

Mfoni
abarimaa yarefoɔ a ɔregye nhyira

Mfonin no firi Welden C. Andersen hɔ

Nhyira a wɔde ma Yarefoɔ

Melkisedek Asɔfodie kurafoɔ tumi ma nkorɔfoɔ a wɔyare no nhyira. Saa nhyira yi wɔ afa mmienu: ngosra a wɔde ngo ne ngosra no nsɔano. Deɛ ɛdi kan, asɔfodie kurafoɔ de olive ngo a wɔate ho, anaasɛ wɔahyira so, sɔ onipa no tiri mu na ɔbɔ mpaeɛ tiawa bi. Afei asɔfodie kurafoɔ foforɔ sɔ ngosra no ano na ɔma no nhyira sɛdeɛ Sunsum Kronkron kyerɛ.

Awerɛkyekyerɛ ne Afotuo Nhyira

Melkisedek Asɔfodie kurafoɔ bɛtumi ama abusuafoɔ ne afoforɔ a wɔbisa no awerɛkyekyerɛ ne afotuo nhyira. Agya a ɔkura Melkisedek Asɔfodie no bɛtumi ama ne mma agya nhyira. Yeinom ho bɛhia pa ara berɛ a nkwadaa no wɔ ɔhaw sononko.

Yɛretu Asɔremma asi hɔ sɛ Wɔnsom wɔ Ɔfrɛ mu

Sɛ wɔma Asɔremma ɔfrɛ adwuma a, wɔma wɔn nhyira berɛ wɔretu wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom. Asɔfodie kandifoɔ hyira wɔn wɔ tumidie a wɔde yɛ adwuma wɔ ɔfrɛ mu. Asɔfodie kandifoɔ no san ma wɔn nhyira a ɛboa wɔn wɔ wɔn som no mu.

Mfoni
ɔbaa a ɔrekenkan n’agyapanin nhyira

Mfonin no firi Shauna Stephenson hɔ

Agya Panin Nhyira

Asɔreba biara a ne ho teɛ tumi gye agya panin nhyira. Saa nhira yi ma ankasa afotuo a ɛfiri Awurade hɔ. Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ ne afotuo wɔ onipa no abrabɔ mu. Ɛsane nso ka onipa no abusuabɔ wɔ Yesrai fie mu. Gyesɛ agya panin a wɔahyɛ no den nko ara na ɔbɛtumi ama saa nhyira yi.

Tintim