2023
Yesu Kristo mu Gyedie
Oforisuo 2023


“Yesu Kristo mu Gyedie,” Liahona, Oforisuo 2023.

Bosome bosome Liahona Nkransԑm, Oforisuo 2023

Yesu Kristo mu Gyedie

Mfoni
Yesu ho Asɛm

Yesu Kristo, Harry Anderson na ɔde maae

Worenya gyedie wɔ Yesu Kristo mu yɛ asɛmpa no nnyinasosɛm a ɛdi kan (hwɛ Gyedikansɛm 1:4). Yɛn gyedie bɛboa yɛn ama yɛatumi ayiyi deɛ ɛde yɛn bɛkɔ yɛn Soro Agya nkyɛn. Yɛbɛtumi ayɛ adwuma ahyɛ yɛn gyedie den yɛn nkwa nna nyinaa.

Mfoni
nkwadaa ne mmabunu boa wɔn ano twahyia nwoma bi ho

Deɛn ne Gyedie?

Gyedie yɛ sɛ mogye biribi di pintinn anaa mowɔ ɛmu awerɛhyɛmu. Sɛ morenya gyedie, ka anidasoɔ ne gye di wɔ nneɛma a ɛyɛ nokorɛ ho, mpo sɛ yɛrentumi nhunu wɔn anaa yɛbɛte wɔn aseɛ awie (hwɛ Hebrifoɔ 11:1; Alma 32:21).

Mfoni
Yesu Kristo mfonin

Nkyerɛkyerɛmu firi Kristo ne Ɔbabunu Defoɔ no hɔ, Heinrich Hofmann na ɔde maae

Gyedie a ɛgyina Yesu Kristo so

Ɛde yɛn bɛkɔ nkwagyeɛ mu no, ɛsɛ sɛ yɛn gyedie gyina Yesu Kristo so sɛ yɛn Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ. Yɛrenya gyedie wɔ Kristo mu no kyerɛ sɛ yɛrenya ahotosoɔ wɔ Ne mu. Ɛkyerɛ sɛ mode mo ho reto Ɔno nko ara so—anya awerɛhyɛmu wɔ Ne tumi, nyansa, ne ɔdɔ mu. Ɛka ho nso yɛ sɛ moregye Ne nkyerɛkyerɛ adi na moadi n’akyiri.

Mfoni
awarefoɔ resua twerɛsɛm no

Rema yɛn Gyedie Anyini

Gyedie yɛ akyɛdeɛ firi Onyankopɔn hɔ, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ na yɛdi ho dwuma kora no ahoɔden mu. Yɛbɛtumi afa mpaebɔ, ne twerɛsɛm no sua, ne nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ nkyerɛkyerɛ so ama yɛn gyedie anyini. Yɛma yɛn gyedie mu nso yɛ den berɛ a yɛbɔ tenenee abrabɔ na yɛkora yɛn apam.

Wɔte ase nam Gyedie so

Gyedie dɔɔso pa ara kyɛn sɛ moregye adi kwa. Redi saa gye di no ho dwuma ka ho. Yɛkyerɛ yɛn gyedie wɔ yɛn asetena mu. Gyedie wɔ Yesu Kristo mu kanyan yɛn ma yɛdi Ne pɛyɛ nhwɛsoɔ no akyiri. Yɛn gyedie di yɛn anim ma yɛdi mmaransɛm so, sakyera firi yɛn bɔne ho, yɛyɛ na yɛkora apam.

Mfoni
Yesu sa ɔbarima onifirafoɔ bi yareɛ

Gyedie Bɛtumi Adi Anwanwa nnwuma anim

Nokorɛ gyedie de anwanwa nnwuma, ba a anisoadehunu, daeɛso, ayaresa, ne akyɛdeɛ foforɔ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ bɛtumi aka ho. Twerɛnsɛm no kura nkorɔfoɔ bebree a wɔnyaa anwanwa nnwuma firii Awurade hɔ ho abasɛm ɛnam wɔn gyedie wɔ Ne mu nti. Hwɛ nhwɛsoɔ binom wɔ “Anwanwa dwuma” hɔ wɔ Twerɛnsɛm Akwankyerɛ no mu .

Gyedie Bɛtumi de Asomdwoeɛ Aba

Renya gyedie wɔ Onyankopɔn ne Ne nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ mu, tumi hyɛ yɛn den wɔ yɛn nsɛm denden mu. Gyedie bɛtumi ama yɛn ahoɔden ako akɔ nkan de akokoɔduro agyina yɛn amanehunu ano. Mpo sɛ yɛn daakye reyɛ bisibasaa a, yɛn gyedie wɔ Agyenkwa no mu bɛtumi ama yɛn asomdwoeɛ.

Mfoni
Agya kuta ne ba berɛ a wɔrehwɛ Yesu mfonini

Gyedie wɔ Yesu Kristo mu di yɛn anim kɔ Nkwagyeɛ mu.

Rekyerɛ gyedie wɔ Kristo mu bɛdi yɛn anim akɔ yɛn nkwagyeɛ mu. Kristo asiesie kwan no ama yɛn sɛ yɛbɛnya nkwa a ɛnni awieɛ. Berɛ a yɛfa yɛn gyedie wɔ Ne mu so tena ase no, wɔbɛtumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn na yɛasan ne Onyankopɔn akɔtena bio.

Tintim