2023
Sunsum Kronkron no Bɛtumi Aboa Yɛn
Ayɛwohomumɔ 2023


“Sunsum Kronkron no Bɛtumi Aboa Yɛn,” Liahona, Ayɛwohomumɔ 2023.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2023

Sunsum Kronkron no Bɛtumi Aboa Yɛn

Mfoni
ɔbarima bi a ɔte hɔ rehwɛ anɔpa awia pue

Honhom Kronkron no yɛ Onyame baasa-korɔ no mu deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa. Twerɛnsɛm no fa No sɛ Honhom no, Honhom Kronkron no, anaa Ɔwerɛkyekyefoɔ no. Sɛ yɛsua sɛ yɛbɛtie Ne nne a, Ɔbɛdi Yesu Kristo ho adanseɛ akyerɛ yɛn na waboa yɛn ama yɛasua nsɛmpa no nokorɛ no.

Onyame baasa-korɔ no mu Baako

Ɔsoro Agya, Yesu Kristo, ne Sunsum Kronkron no yɛ Onyame baasa-korɔ no. Wɔdɔ yɛn na wɔkabom yɛ adwuma sɛ wɔde nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no bɛba mu. Mmom Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo wɔ honam a ɛyɛ honam ne nnnompe, nanso Sunsum Kronkron no nni bi. Ɔyɛ honhom

Mfoni
Ahwehwɛ a wɔde ayɛ Agya no ne Ɔba no mfonini

Agya ne Ɔba no adanseɛ

Sunsum Kronkron no “Agya no ne Ɔba no ho adanseɛ” (2 Nephi 31:18). Yei kyerɛ sɛ yɛbɛtumi agye adanseɛ fa Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ho nam Sunsum Kronkron no so.

Di Nokorɛ ho Adanseɛ

Sunsum Kronkron no di nokorɛ nyinaa ho adanseɛ. Ɔbɛboa yɛn ama yɛahunu sɛ asɛmpa no—a nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ, Onyankopɔn mmaransɛm, San fa Ma no, ne Yesu Kristo Mpata no—yɛ nokorɛ. Ɔbɛhyɛ yɛn adanseɛ mu den berɛ a yɛkɔ so bɔ mpaeɛ, di mmaransɛm no so, na yɛsua asɛmpa no.

Mfoni
nsa a ɛkura kompasse

Ɔkyerɛ yɛn kwan na Ɔbɔ Yɛn ho ban

Sunsum Kronkron no bɛtumi akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn nsusuiɛ mu na wabɔ yɛn ho ban afiri honam ne honhom haw mu. Ɔbɛboa ama yɛanya yɛn nsɛmmisa ho mmuaeɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ deɛ etene a. Ɔbɛdi yɛn anim berɛ biara “ayɛ papa” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 11:12).

Kyekyere Yɛn Werɛ

Ɛtɔ da a wɔfrɛ Sunsum Kronkron no sɛ “Ɔwerɛkyekyefoɔ” (Yohane 14:26). Ɔbɛtumi de “anidasoɔ ne ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ” ahyɛ yɛn ma (Moroni 8:26) berɛ a yɛwɔ ateetee, awerɛhoɔ, anaa ehu mu. Sɛ Ɔboa yɛn ma yɛte Onyankopɔn dɔ nka a, yɛbɛtumi adi abambuo so na wahyɛ yɛn den wɔ yɛn sɔhwɛ mu.

Honhom Kronkron Akyɛdeɛ no

Yɛabɔ asu awie no, yɛgye Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no wɔ ayɛyɛdeɛ a wɔfrɛ no denhyɛ mu. Yɛgye saa akyɛdeɛ yi a, yɛbɛtumi anya Sunsum Kronkron no ayɔnkofa wɔ mmerɛ dodoɔ a yɛrebɔ abrabɔ a ɛtene.

Mfoni
ɔbaa a ɔrekenkan twerɛnsɛm no

Nkyerɛkyerɛmu no firi J. Kirk Richards hɔ

Sɛdeɛ Yɛte Sunsum Kronkron no Nka

Sunsum Kronkron no kasa kyerɛ nnipa wɔ akwan pii so. Yeinom bɛtumi aka ho, atenka a ɛkyekyere werɛ anaa nhunumu fa deɛ ɛwɔ sɛ woka anaa woyɛ. Sɛ yɛbɔ mpaeɛ pɛ akwankyerɛ na yɛtie Ne kasakyerɛ a, yɛbɛtumi asua sɛdeɛ ɔkasa kyerɛ yɛn.

Tintim