2023
Yɛrekyɛ Yesu Kristo Asɛmpa no.
Kutawonsa 2023


“Yɛrekyɛ Yesu Kristo Asɛmpa no,” Liahona, Kutawonsa 2023.

Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Kutawonsa 2023

Yɛrekyɛ Yesu Kristo Asɛmpa no.

Mfoni
abaayewa a wabue twerɛsɛm mu ato ne srɛ so

Sɛ yɛdwene nhyira a yɛnya sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ asafomma ho a, na yɛpɛ sɛ yɛne yɛn adɔfoɔ kyɛ asɛmpa no. Yɛbɛtumi afa yɛn adansedie, nsɛm ne yɛn nhwɛsoɔ so akyɛ nokorɛ no. Yɛbɛtumi abɔ mpaeɛ apɛ nkanyan ahunu deɛ ɛwɔ sɛ yɛne no kyɛ ne deɛ ɛwɔ sɛ yɛka.

Mfoni
Yesu retwe bɛn ɔbarima yarefoɔ bi

Dɔ Afoforɔ

Asɛmpa no kyɛ fa a ɛhia ne sɛ yɛredɔ afoforɔ. Sɛ yɛnam Kristosu nneyɛɛ so kyerɛ yɛn dɔ ma afoforɔ a, na yɛrekyɛ Yesu Kristo asɛmpa—berɛ a yɛnka asɛm biara. Na sɛ afoforɔ hunu sɛ yɛdwene wɔn ho ampa a, wɔbɛtumi ama wɔn ho kwan atie deɛ yɛdwene fa asɛmpa no ho. (Hwɛ Gary E. Stevenson, “Dɔ, Kyɛ, To nsa frɛ,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 84–87.)

Kyɛ no wɔ Sɛdeɛ ɛteɛ ne Sɛdeɛ ɛfata Kwan so

Yɛbɛtumi akyɛ deɛ yɛdɔ fa asɛmpa no ho. Sɛ yɛyɛ yei dabiara wɔ yɛn abrabɔ mu a, ɛrennyɛ ɔhaw anaa akwansideɛ mma yɛn. Nhwɛsoɔ, yɛbɛtumi ne yɛn abusuafoɔ ne nnamfoɔ akasa afa deɛ yɛyɛ no Kwasiada ho. Anaasɛ yɛbɛtumi aka akyerɛ wɔn afa anigyeɛ a yɛnya berɛ a yɛsom afoforɔ ho. (Hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “Asɛmpatrɛ Adwuma: Rekyɛ Deɛ Ɛwɔ W’Akoma mu,” Liahona, Kɔtɔnima 2019, 15–18.)

To nsa frɛ Afoforɔ ma Wɔmmɛka Yɛn Ho

Yɛbɛtumi ato nsa afrɛ afoforɔ ama wɔabɛsua bebree afa asɛmpa no ho . Nhwɛsoɔ, yɛbɛtumi ato nsa afrɛ wɔn ama wɔaba Asɔre nhyiamu anaa dwumadie, akenkan Mormon Nwoma no, ahwɛ Asɔre sini, anaasɛ wɔahyia nsɛmpatrɛfoɔ no. Suahunu yeinom bɛtumi aboa ama wɔate Honhom no nka na wɔbɛpɛ sɛ wɔsua bebree.

Mfoni
mmaa mpanimfoɔ baanu te hɔ na wɔrekasa

Bisa fa Wɔn Suahunu ho

Nnamfoɔ ne abusuafoɔ aba asɔre anaasɛ wɔne nsɛmpatrɛfoɔ asua deɛ akyire yi no, yɛbɛtumi abisa afa wɔn suahunu ho. Asɛmpa no mu nkyerɛkyerɛ bi bɛtumi ayɛ foforɔ ama wɔn, enti yɛbɛtumi ayi wɔn nsɛmmisa ano. Yɛbɛtumi akyerɛ ɔdɔ ne mmoa a yɛwɔ ma wɔn ama wɔaba Kristo nkyɛn.

Fa bi Ka Wɔn Gyedie ho

Yɛde nidie ne obuo ma afoforɔ gyedie, na yɛbɔ mmɔden de bi ka gyedie a wɔwɔ dada no ho. Nhwɛsoɔ, ɔyɔnkoɔ a wanya Twerɛ Kronkron twerɛnsɛm mu ahotɔ no bɛtumi anya ahotɔ wɔ Mormon Nwoma no mu nkyerɛkyerɛ a yɛne wɔn kyɛ no.

Mfoni
mmaayewa a wɔreboa ɔbaa aberewa ama watware kaa kwan mu.

Boa Asɔremma Afoforɔ

Sɛ nkorɔfoɔ bɛdɔm Asɔre no a, yɛbɛtumi aboa ahyɛ wɔn gyedie mu den. Yɛbɛtumi ayɛ wɔn adamfo, ayi wɔn nsɛmmisa ano, na sɛ wɔgye ɔfrɛ a yɛaboa wɔn. Yɛbɛtumi ahyɛ wɔn den ama wɔatoa so adi Yesu Kristo akyi na wɔasua N’asɛmpa ho asɛm.

Mfoni
asɛmpatrɛfoɔ elders baanu ne ɔbarima bi rehwɛ foon so bom

Som wɔ Asɛmpatrɛ adwuma mu

Yɛrekyɛ asɛmpa no wɔ yɛn daadaa abrabɔ mu no, deɛ ɛka ho ne sɛ wɔbɛtumi afrɛ Asɔremma ma wɔabɛsom sɛ berɛ mua asɛmpatrɛfoɔ . Sɛ wɔayɛ ahoboa a, mmeranteɛ bɛtumi asom berɛa wɔadi mfeɛ 18. Mmaayewa ne mmasiriwa nso bɛtumi asom. Wobɛtumi anya ho nsɛm bebree wɔ ChurchofJesusChrist.org/callings/missionary.

Tintim