2023
Yesu Kristo Asɔre no Nhyehyɛeɛ
Ahinime 2023


“Yesu Kristo Asɔre no Nhyehyɛeɛ,” Liahona, Ahinime 2023.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ahinime 2023

Yesu Kristo Asɔre no Nhyehyɛeɛ

Mfoni
Yesu Kristo mfonin

Awurade Yesu Kristo, ɛfiri Del Parson hɔ

Yesu Kristo na ɔyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no tiri. Ɔhyɛ nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ nkuran ma wɔdi Asɔre no anim ɛnnɛ sɛdeɛ Ɔyɛɛ wɔ Apam Foforɔ berɛ mu no. Asɔre akannifoɔ afoforɔ nso boa wɔn.

Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no yɛ Agyenkwa no Asɔre. “Wɔasi no wɔ asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Yesu Kristo no ara ne tweaso tiboɔ titire no so.” (Efesofoɔ 2:20). Yei kyerɛ sɛ Ɔne deɛ ne ho hia pa ara wɔ fapem no mu. Ɔnam adiyifoɔ ne asomafoɔ so kyerɛ akannifoɔ a Wayi wɔn no kwan.

Mfoni
Atitenafoɔ a wɔdi Kan

Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no

Asɔre no Titenani yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni a ɔwɔ asase so ɛnnɛ. Ɔyɛ Asomafoɔ no panin na ɔno nko ara ne obi a asase yi so ɔnya adiyisɛm de kyerɛ Asafo no nyinaa kwan. Awurade hyɛ no nkuran ma no hunu Asomafoɔ mmienu a ɔbɛfrɛ wɔn ama wɔabɛsom sɛ n’afotufoɔ. Wɔn na wɔyɛ Atitenafoɔ a Wɔdi kan no. Wɔn baasa nyinaa yɛ nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ.

Asomafoɔ Dummienu Kuo no

Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu mma nso yɛ nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ ne adiyifoɔ. Wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Yesu Kristo adansefoɔ sononko. Wɔtu kwan kɔ wiase afanan nyinaa kyerɛkyerɛ na wɔdi Ne ho adanseɛ. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:23, 33.)

Aduɔson Akuo no

Aduɔson no mu mma nso wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Yesu Kristo adansefoɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:25). Wɔboa Dummienu Kuo no kyerɛkyerɛ asɛmpa no na wɔsi Asɔre no wɔ wiase afanan nyinaa.

Mfoni
akannifoɔ no retu wɔn ho fo bom

Foto no firi Machiko Horii hɔ

Mpɔtam Akannifoɔ

Wo pɛɛwa anaasɛ mansini atitenafoɔ, ahwɛfoɔ anaasɛ nkorabata atitenafoɔ, ne elderfoɔ kuo ne Relief Society atitenafoɔ nso Onyankopɔn na wafrɛ wɔn. Wɔbɛtumi aboa wo ama woasua adeɛ na woadi asɛmpa no so. Wobɛtumi asua adeɛ afa saa ɔfrɛ yi bi ho wɔ Ɔbɛnem 2022 Asɛmpa Mfitiaseɛ ntwerɛeɛ no mu, “Resom wɔ Asɔre Frɛ mu.”

Tintim