2023
Reyɛ Ahoboa Akɔ Tɛmpol
Ɔpɛnima 2023


“Reyɛ Ahoboa Akɔ Tɛmpol,” Liahona, Ɔpɛnima 2023.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ɔpɛnima 2023

Reyɛ Ahoboa Akɔ Tɛmpol

Mfoni
nkorɔfoɔ a wɔrenante kɔ Ogden Utah Tɛmpol

Ogden Utah Temple mfonini a ɛfiri Mark Brunson hɔ

Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ tɛmpol mu no, yɛbɛtumi agye apam ne ayԑyԑdeԑ kronkron ama yɛn ho ne yɛn nananom. Yɛkɔ tɛmpol kɔkyerɛ yɛn dɔ ne anisɔ ma Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo. Yɛbɛtumi asiesie yɛn ho akɔ tɛmpol berɛ a yɛsua Yesu Kristo asɛmpa no na yɛdi so. Sɛ wopɛ nsɛm bebree fa tɛmpol ho a, hwɛ Asɛmpa Mfitiaseɛ amanebɔ “Tɛmple Adwuma” a ɛwɔ Ahinime 2021 Liahona.

Mfoni
Nsɛm a ɛwɔ Durban South Africa Tɛmpol akyi

Durban South Africa Tɛmpol mfonin a ɛfiri Mathew Reier hɔ

Awurade Fie

Wɔfrɛ tɛmpol “Awurade fie.” Ɛyɛ kronkron mmea a yɛbɛtumi ate Onyankopɔn Honhom ne Ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn nka. Ɛyɛ mmea a yɛbɛtumi ayɛ apam ahodoɔ na yɛagye ayɛyɛdeɛ sononko a ɛbɛsiesie yɛn ama yɛanya nkwa a ɛnni awieeɛ. (Apam yɛ bɔhyɛ kronkron a ɛda Onyankopɔn ne Ne mma ntam.) Sɛ yɛyɛ yɛn apam ho anokwafoɔ na yɛgye saa ayɛyɛdeɛ yi a, ɛbɛboa ama yɛne Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo anya ayɔnkofa sononko.

Mfoni
mmabunu a wɔgyina Guayaquil Ecuador Tɛmpol no akyi

Guayaquil Ecuador Tɛmpol mfonin a ɛfiri Janae Bingham hɔ

Hwan na Ɔbɛtumi Akɔ Tɛmpol?

Asɔremma bɛtumi ayɛ asubɔ ama awufoɔ ɛfiri afe a wɔnya mfeɛ 12. Asɔreba bɛtumi agye akyɛdeɛ kronkron berɛ a wanya firi mfeɛ 18 de rekɔ, wayɛ asɔreba firi afe baako rekɔ, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ na wadi tɛmpol apam so (hwɛ Amansan Akwankyerɛ nwoma: Resom wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu, 27.2.2, ChurchofJesusChrist.org). Ɔbarima ne ɔbaa a wɔadi kan agye wɔn tɛmpol akyɛdeɛ kronkron no wɔbɛtumi asɔ wɔn ano (aware) ama daapem wɔ tɛmpol mu.

Apam ne Ayԑyԑdeԑ

Wobɛyɛ apam ahodoɔ na woagye ayɛyɛdeɛ wɔ tɛmpol mu. “Sɛ yɛne Onyankopɔn nya apam ayɔnkofa a ɛkyekyere yɛn ne No wɔ kwan a ɛma biribiara a ɛfa abrabɔ ho yɛ mmrɛ” (Russell M. Nelson, “Di Wiase so na Nya Ahome,” Liahona, Obubuo 2022, 97). Ayɛyɛdeɛ yɛ nneyɛɛ a aniwa hunu a ɛyɛ kronkron na wɔyɛ no wɔ tumi a ɛwɔ asɔfodie mu. Ayɛyɛdeɛ wɔ honhom mu asekyerɛ a ɛmu dɔ. Nhwɛsoɔ, sɛ wode wo ho hyɛ ayɛyɛdeɛ mu a, wokyerɛ Onyankopɔn sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛgye na woadi N’apam so.

Ankasa Ahoboa

Siesie wo ho honhom mu berɛ a wodi Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so na wodi apam a wone Onyankopɔn kɔɔ wɔ asubɔ berɛ no so. Wobɛtumi nso asua Asɔre mmoa nwoma te sɛ twerɛnsɛm ne amansan nhyiamu kasa. Temples.ChurchofJesusChrist.org ma nsɛm fa deɛ ɛwɔ sɛ wohwɛ anim berɛ a wokɔ tɛmpol. Deɛ ɛka ho bi nso ne tɛmpol apam, ayɛyɛdeɛ, ne nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ nkyerɛkyerɛmu

Mfoni
Nauvoo Illinois Tɛmpol akyi

Nauvoo Illinois Tɛmpol mfonini a ɛfiri Eve Tuft hɔ

Nsɛnkyerɛnneɛ

Awurade taa de nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ kyerɛkyerɛ yɛn. Nhwɛsoɔ, asubɔ—worekɔ nsuo no ase asane aba soro bio—te sɛ wo su dada no rewuo na wɔresan awo wo su foforɔ (hwɛ Romafoɔ 6:3–6). Tɛmpol ayɛyɛdeɛ twe adwene Yesu Kristo ne Ne Mpata so. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobɛte nsɛnkyerɛnneɛ no nyinaa ase berɛ a ɛdi kan a wokɔ tɛmpol, nanso wobɛtumi akɔso asua berɛ a wosan kɔn tɛmpol wɔ wo nkwa nna nyinaa mu.

Tɛmpol Nkamfoɔ krataa

Sɛ wobɛwura tɛmpol mu a, ɛhia sɛ wosiesie wo ho na wofata. Wobɛtumi anya tɛmpol akwanya krataa a wode bɛwura tɛmpol mu berɛ a wo bishop anaa branch titenani ne wo stake titenani anaa asɛmpatrɛ titenani abisabisa wo nsɛm awie. Saa akannifoɔ yi bɛbisa nsɛm kuo bi de ahwɛ sɛ woredi Yesu Kristo nsɛmpa no so. W’akannifoɔ bɛtumi ne wo adi kan akasa afa saa nsɛmmisa yi ho.

Woresan akɔ Tɛmpol ama Wo Nananom

Ɔsoro Agya pɛ sɛ Ne mma nyinaa ne No yɛ apam na wɔgye ayɛyɛdeɛ kronkron. Ɛwɔ sɛ wɔyɛ saa ayɛyɛdeɛ yi, te sɛ asubɔ ne akyɛdeɛ kronkron, wɔ tɛmpol mu ma wɔn a wɔwuwuiɛ wɔ berɛ a wɔannye asɛmpa no. Wobɛtumi asan akɔ tɛmpol akɔyɛ ayɛyɛdeɛ ama w’abusuafoɔ a wɔawuwu.

Tintim