Twerɛnsɛm
2 Nifae 18


Ti 18

Kristo bɛyɛ sɛ suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan—Hwehwɛ Awurade, nnyɛ abayie a wɔyɛ dede—Dane kɔ mmara ne adansedie ho kɔpɛ akwankyerɛ—Fatoto Yesaia 8 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na Awurade asɛm nso ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛnwoma kɛseɛ, na fa nnipa twerɛdua twerɛ deɛ ɛfa Maher-shalhash-bas wɔ mu.

2 Na memaa adansefoɔ nokwarefoɔ ɔsɔfo Uria ne, ne Yeberekia ba Sakaria twerɛ to hɔ.

3 Na mekɔɔ nkɔmhyɛnibaa no hɔ; na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: To no din Maher-shalal-hash-bas.

4 Na hwɛ, ansa na abɔfra no bɛnya nyansa aka sɛ M’agya, ɛna me na no, wɔbɛsoa Damasko ahonyadeɛ ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.

5 Na Awurade ka kyerɛɛ me nso bio sɛ:

6 Ɛnam sɛ nkurɔfoɔ yi bu Siloa asubɔntene a ɛsene brɛɛ animtia na wɔn ho sane wɔn Resin ne Remalia ba barima ho no;

7 Nti afei; hwɛ Awurade asubɔntene no mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asiria hene ne n’animuonyam nyina ara; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyina ara, na ayiri akata ne nsunoa nyina ara so.

8 Na ɔbɛsene afa Yuda mu; ayiri akɔduru ɛkɔn mu; na ne ntaban mu atrɛ aduru w’asaase a atrɛ so, O Immanuel.

9 O mo nkurɔfoɔ, monka mo ho mmɔ mu, na wɔbɛbubu mo mu asinasini, na monyɛ aso, mo a mo wɔ asaase a ɛwɔ akyirikyiri sofoɔ nyina ara, monhyɛ den, na ɔbɛbubu mo mu asinasini; monhyɛ den, na ɔbɛbubu mo mu asinasini.

10 Mommɔ mu mfa adwene na ɛbɛyɛ kwa, mo nka asɛm no, na ɛrenyina, na Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

11 Na Awurade de nsa denden kasa kyerɛɛ me, na ɔhyɛɛ me sɛ mma me nnante nkurɔfoɔ yi kwan so, sɛ:

12 Mma momfrɛ adeɛ a ɔman no frɛ no nkabɔm no nyina ara sɛ nkabɔm, na wɔn suro nso monnsuro, na mo mma mo akoma ntu.

13 Asafo Awurade na monyɛ no Kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro na ɔnyɛ mo akomatuo.

14 Na ɔbɛyɛ kronkronbea; nanso ɛbɛyɛ suntiboɔ ne watiri botan ama Israel afie mmienu no nyina ara, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no.

15 Na wɔn mu bebree bɛhwinti na wɔahwehwe ase, na wɔabubu, na wɔatotɔ mfidie mu, na wɔakyekye wɔn.

16 Kyekyere adanseɛ no, sɔ mmara no ano wɔ m’akyidifoɔ mu.

17 Na mɛtwɛn Awurade a ɔyii n’ani huntaa Yakob fie no, na mɛhwehwɛ no.

18 Hwɛ, me ne mma a Awurade ama me sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnee ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu mfiri asafo Awurade a ɔte Sion bepɔsoɔ no.

19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: mommisa asaman frɛfoɔ ne abayifoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ ɔman bisa ne hɔ adeɛ na ama wɔmmisa ateasefoɔ ho asɛm wɔ awufoɔ hɔ?

20 Wɔnkɔ mmara ne adanseɛ no ho; no sɛ wɔanka sɛdeɛ asɛm no teɛ no a, na ɛfiri sɛ kanea biara nni wɔn mu.

21 Na wɔbɛfa asaase no mu akɔ, ɔhaw denden ato wɔn, na ɛkɔm ade wɔn; na ɛbɛba sɛ ɛkɔm de wɔn a, wɔn ho bɛyera wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔahwɛ soro.

22 Na wɔbɛhwɛ fam na hwɛ ahokyerɛ ne sum, ahodwan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu ɛsum kabii mu.

Tintim