Twerɛnsɛm
3 Nifae 30


Ti 30

Wɔhyɛ Amanamanmufoɔ a wɔwɔ nna a ɛdi akyire yi mu no sɛ wɔnsakyera, na wɔmmra Kristo hɔ, na wɔnkan wɔn mfra Israel fiefoɔ no ho. Bɛyɛ mfinhyia 34–35 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Montie, O mo amanamanmufoɔ, na montie Yesu Kristo, a ɔyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no ba no nsɛm a wahyɛ me sɛ menka a ɛfa mo ho no, na monhwɛ wahyɛ me sɛ me ntwerɛ sɛ:

2 Mo Amanamanmufoɔ nyina ara, montwe mo ho mfiri mo atirimuɔden akwan no ho; na monsakyera mfiri mo nneyɛ bɔne ho, ne mo atorɔ ne mo naadaa, ne mo adwaamanmmɔ, ne mo kokoa mu akyiwasɛm a moyɛ no, ne mo abosomsom, ne mo awudisɛm, ne mo asɔfotorɔsɛm ne mo anibereɛ ne akasakasa a ɛwɔ mo mu, ne mo atirimuɔdensɛm nyina ara ne mo akyiwasɛm no, na mo mmra me hɔ, na wɔmmɔ mo asu wɔ me din mu, ama mo anya bɔnefakyɛ wɔ mo bɔne ho, na Honhom Kronkron no ahyɛ mo ma, ama wɔakan mo afra me nkurɔfoɔ a wɔyɛ Israel fiefoɔ no.

Tintim