Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 99


Ɔfã 99

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa John Murdock, Ɔsannaa 9, 1832, wɔ Hiram, Ohio. Na John Murdock reka asɛmpa no bɛboro afe baako berɛ a ne mma—a wɔnni maame wɔ ne yere, Julia Clapp, no wuo akyi, wɔ Oforisuo 1831—ne mmusua foforɔ te wɔ Ohio.

1–8, Wɔfrɛ John Murdock sɛ ɔmmɔ asɛmpa no ho dawuro, na wɔn a wɔgye no gye Awurade na wɔbɛhunu wɔn mmɔbɔ.

1 Hwɛ, sɛdeɛ Awurade se m’akoa John Murdock nie—wɔafrɛ wo sɛ kɔ apueɛ aman no mu, kɔ afie afie mu, firi akuraa kɔ akuraa ase, na firi ahenkuro mu kɔ ahenkuro mu, na bɔ me daapem asɛmpa no ho dawuro ma ɛmutefoɔ no, wɔ ɔtaaeɛ ne atirimuɔdensɛm mu.

2 Na deɛ ɔgye wo no gye me; na wobɛnya tumi de m’asɛm no ato dwa wɔ Honhom Kronkron no yɛkyerɛ mu.

3 Na wɔn a wɔgye wo sɛ abɔfra ketewa no, gye m’ahemman; na nhyira ne wɔn, ɛfiri sɛ wɔbɛhunu wɔn mmɔbɔ.

4 Na obiara a ɔpo wo no, Agya no bɛpo no ne ne fie; na wobɛprapra wo nan ho wɔ kokoa mu wɔ kwan ho sɛ adanseɛ atia no.

5 Na hwɛ, na hunu, mereba ntɛmso abɛbu atɛn, ama obiara agye wɔn nneyɛɛ bɔne a wɔayɛ atia me no adi, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ nwoma kɛseɛ no mu.

6 Na afei, nokorɛ mese wo sɛ ɛmmfata sɛ wobɛkɔ, kɔsi sɛ wobɛma wo mma deɛ wɔhia, na woasoma de wɔn akɔma Sion hwɛfoɔ no wɔ ayamyɛ mu.

7 Na mfeɛ kakra akyire no, sɛ wopɛ firi me hɔ a, wo nso wobɛkɔ asase pa no so, akɔdi wo apɛgyadeɛ so;

8 Sɛ ɛnte saa a wobɛkɔ so abɔ m’asɛmpa no ho dawuro kɔsi sɛ Awurade bɛfa wo. Amen.