Twerɛnsɛm
Asɔre no Dawurubɔ 1


Asɔre no Dawurubɔ 1

Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no kyerɛ sɛ ɔyere-baako awareɛ yɛ Onyankopɔn awareɛ nhyehyɛeɛ a ɛdi mu gye sɛ Ɔka biribi foforɔ to dwa (hwɛ 2 Samuel 12:7–8 ne Yakob 2:27, 30). Ɛnam adiyisɛm bi a Joseph Smith nyaae nti wɔhyehyɛɛ mmaa dodoɔ awareɛ wɔ asɔremma no ntam wɔ 1840 ahyɛaseɛ (hwɛ ɔfã 132). Firi 1860 de rekɔ 1880 mu no, Amerika Man aban hyɛɛ mmara a ɛmaa saa nyamesom nneyɔeɛ yi yɛɛ mmaratoɔ. Akyire yi Amerika Asɛnnibea Kɛseɛ gye too mu. Ɔnyaa saa adiyisɛm yi, Titenani Wilford Woodruff de saa Nhyehyɛeɛ-Nwoma yi too dwa, na Asɔre no gye too mu sɛ ɛyɛ mmara a ɛwɔ sɛ wɔdi so wɔ Ahinime 6, 1890. Wei de mmaa dodoɔ awareɛ no baa awieɛ wɔ Asɔre no mu.

Ɛkɔ Ma Wɔn a Ɛfa Wɔn ho:

Ɛnam sɛ wɔde dawurubɔ krataa a ɛwɔ amanyɔsɛm atirimpɔ mu nsɛm asoma afiri Salt Lake Ahenkuro mu, na wɔama ahyeta baabiara, deɛ Utah Abatoɔ Adwuma Kuo no twerɛɛe wɔ nansa yi ara amaneɛbɔ nsɛm mu, kɔmaa Banbɔ Twerɛtwerɛfoɔ no, a ɛka sɛ wɔgu so rehyira awaredodoɔ so, na awareɛ a ɛte saa aduanan anaa deɛ ɛboro saa na wɔayɛ wɔ Utah firi Ayɛwohomumɔ anaa afe a atwam no mu; afei nso wɔn badwa mu nkasaeɛ mu no, Asɔre no akannifoɔ no akyerɛkyerɛ, ahyɛ nkuran, atu fo sɛ wɔnkɔ so nye ayeredodoɔ—

Ne saa nti, me a meyɛ Titenani ma Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no fa yei so, wɔ aniberɛ kɛseɛ kwan so, de to dwa sɛ saa kwaadu yi yɛ atorɔsɛm. Yɛnnkyerɛkyerɛ ayeredodoɔ awareɛ anaa awaredodoɔ, nna yɛmma kwan mma onipa biara nnyɛ saa, na meka sɛ ɛnnyɛ nokorɛ sɛ wɔahyira awaredodoɔ awareɛ aduanan anaa dodoɔ biara wɔ yɛn Tɛmpol mu anaa bea foforɔ biara wɔ yɛn Asase yi so.

Asɛm baako ho amaneɛ a ɛbaae, a ɛmu no akuo no ka sɛ wɔyɛɛ awareɛ no wɔ Akyɛdeɛ Kronkron Fie hɔ, wɔ Salt Lake Ahenkuro mu, wɔ Fefɛ berɛ 1889 mu, nanso menntumi nhunuu oniiko a ɔyɛɛ awaregyeɛ no; biribiara a wɔyɛɛ wɔ saa asɛm yi mu no, na mennim. Ɛnam saa asɛm a wɔaka sɛ ɛsiiɛ no nti, ɛnam m’akwankyerɛ so, wɔanntwentwɛn wɔn nan ase abubu Akyɛdeɛ Kronkron Fie no agu.

Esiane sɛ mmarahyɛfoɔ ahyɛ mmara a ɛbara awaredodoɔ, mmara a asɛnnibea a ɛtwa toɔ no de ato dwa sɛ ɛyɛ amanyɔ-mmara nti, mefa yei so de m’adwene to dwa sɛ yɛbɛdi saa mmara no so, na mede me nkɛntɛnsoɔ bɛma Asɔre no asafomma a mehwɛ wɔn so no ayɛ saa ara.

Biribiara nni me nkyerɛkyerɛ a mede maa Asɔre no anaa ɛwɔ m’apamfo deɛ mu, wɔ berɛ a wɔaka ho asɛm mu no, a ɛbɛma wɔadwene sɛ ɛfoa ayere-dodoɔ awareɛ so anaa ɛhyɛ ho nkuran; na berɛbiara a Asɔre Panin bi akasa ma ayɛ sɛ saa nkyerɛkyerɛ no, wɔka n’anim ntɛmpa ara. Na afei m’afotuo a mede to dwa wɔ badwam de ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ ne sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri awareɛ biara a asase no mmara bara no ho.

Wilford Woodruff

Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma
Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ Titenani.

Titenani Lorenzo Snow de deɛ ɛtoa soɔ yi to wɔn anim:

“Mesusu sɛ, ɛnam sɛ yɛgye Wilford Woodruff to mu sɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ Titenani, ne onipa baako pɛ a ɔwɔ asase so saa berɛ yi a ɔkura ayɛyɛdeɛ nsɔano nsafoa nti, yɛhu no sɛ ɔwɔ tumi a ɛdi mu, ɛnam ne diberɛ nti, sɛ ɔde Dawurubɔ no to dwa, deɛ wɔakan ama yɛate yi, a wɔyɛɛ no Ɛbɔ 24, 1890, na yɛahyia mu sɛ Asɔre wɔ Amansan Nhyiamu yi, yɛgye saa mpaemuka yi a ɛfa awaredodoɔ ho yi to mu sɛ ɛwɔ tumi na ɛyɛ nkyekyere.”

Salt Lake Ahenkuro, Utah, Ahinime 6, 1890.

Nsɛm a wɔayiyi afiri Kasa
Mmiɛnsa a Titenani Wilford Woodruff
ka Faa Dawurubɔ no ho.

Awurade remma me anaa onipa foforɔ biara a ɔgyina hɔ sɛ Asɔre yi Titenani ho kwan mma ɔnni mo kan nnkɔ mfomsoɔ mu. Ɛnni ahyehyɛdeɛ no mu. Ɛnni Onyankopɔn adwene mu. Sɛ meyɛ m’adwene sɛ mɛyɛ saa ara a, Awurade bɛyi me afiri me diberɛ mu, na saa na Ɔbɛyɛ onipa biara a ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛdi nnipa mma kan akɔ mfomsoɔ mu ma wɔafiri Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ adiyisɛm ne wɔn asɛdeɛ ho. (Asɔre no afe-fa amansan Nhyiamu a ɛtɔ so aduosia baako, Dwoada, Ahinime 6, 1890, Salt Lake Ahenkuro, Utah. Wɔyɛɛ amaneɛbɔ yi wɔ Deseret Evening News mu, Ahinime 11, 1890, kratafa 2.)

Ɛmmfa ho ne deɛ ɔte ase anaa deɛ wawuo, anaa deɛ wɔafrɛ no sɛ ɔnni saa Asɔre yi anim, ɛwɔ sɛ ɔnam Otumfoɔ Nyankopɔn nkannyan so de di anim. Sɛ wɔannyɛ no saa kwan yi so a, wɔrenntumi nnyɛ koraa. …

Manya adiyisɛm binom nnansa yi, a ɛho hia ma me pa ara, na mɛka deɛ Awurade aka akyerɛ me no akyerɛ mo. Ma mentwe mo adwene nsi deɛ wɔfrɛ no dawurubɔ no so. …

Awurade aka akyerɛ me sɛ memmisa Nna a ɛdi akyire Ahoteɛfoɔ no asɛm bi, na Ɔsan nso ka kyerɛɛ me sɛ sɛ wɔbɛtie deɛ meka kyerɛɛ wɔn no na wɔyi asɛmmisa a wɔde ama wɔn no ano a, ɛnam Onyankopɔn Honhom ne ne tumi so no, wɔn nyina ara bɛma mmuaeɛ korɔ, na wɔn nyina ara bɛnya gyedie korɔ afa saa asɛm yi ho.

Asɛmmisa no nie: Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ nyansa kwan ma Nna a Ɛdi akyire Ahoteɛfoɔ no sɛ wɔfa so—sɛ wɔbɛtoa so apere sɛ wɔbɛwɔ ayere-dodoɔ, wɔ berɛ a ɔman mmara no tia na nnipa bɛyɛ ɔpepem aduosia tia, na ɛbɛma wɔagye yɛn tɛmpol na yɛahwere ne nyina ara, na wɔbɛgyae ayɛyɛdeɛ biara a wɔyɛ wɔ mu ma ateasefoɔ ne awufoɔ no, na wɔakye Titenafoɔ a Wɔdi Kan no ne Dumienu ne mpaninfoɔ a wɔn wɔ mmusua mu no agu afiase, na wɔagye nkorɔfoɔ no ankasa agyapadeɛ (a ne nyina ara bɛsi saa dodoɔawareɛ no ano kwan); anaa, deɛ yɛayɛ ne deɛ yɛahunu ho amanneɛ wɔ setie a yɛayɛ ama saa nnyinasosɛm yi akyire no, yɛbɛgyae dodoɔawareɛ no na yɛadi mmara no so, na sɛ yɛyɛ saa a yɛama Nkɔmhyɛfoɔ no, Asomafoɔ ne agyanom a wɔn wɔ fie akɔ so atena hɔ, ama wɔatumi akyerɛkyerɛ nkorɔfoɔ no na wɔahwɛ ayɛ Asɔre no asɛdeɛ, na ama wɔagyae tɛmpol no wɔ Ahoteɛfoɔ no nsa mu, ama wɔahwɛ ayɛ Asɛmpa no ayɛyɛdeɛ no ama ateasefoɔ ne awufoɔ?

Awurade nam anisoadehunu ne adiyisɛm so yii deɛ anka ɛbɛsi pɔtee kyerɛɛ me, sɛ yɛannyae saa adeɛ no a. Sɛ anka yɛannyae a, morennya mfasoɔ biara … wɔ nnipa a wɔn wɔ saa tɛmpol yi mu wɔ Logan ha; ɛfiri sɛ anka wɔbɛgyaeɛ ayɛyɛdeɛ biara wɔ Sion asase nyina ara so. Anka basabasayɛ bɛdi hene wɔ Israel nyina ara, na wɔbɛyɛ nnipa pii nneduafoɔ. Anka saa ɔhaw yi bɛba Asɔre mũ no nyina ara so, na anka wɔbɛhyɛ yɛn sɛ yɛnnyae saa adeɛ no yɛ. Afei asɛmmisa no ne sɛ, so ɛwɔ sɛ wɔfa saa kwan yi so ma yɛgyae, anaa wɔ kwan a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn no so, na wɔagyae yɛn Nkɔmhyɛfoɔ ne Asomafoɔ ne agyanom ma wɔade wɔn ho, na tɛmpol no aka nkorɔfoɔ yi nsa mu, ama wɔatumi agye awufoɔ no. Ɛnam saa nkorɔfoɔ yi so wɔagye dodoɔ no ara afiri afiase dada wɔ honhom wiase hɔ, ɛno nti adwuma no nkɔ so anaa ɛnyae? Yei ne asɛmmisa a mede to Nna a ɛdi akyire Ahoteɛfoɔ no anim. Merennyi ano; ɛwɔ sɛ mo ara mosusu ho hwɛ. Mepɛ sɛ mo ara moyi ano; nanso meka kyerɛ mo sɛ saa tebea yi pɛpɛɛpɛ na anka yɛn nkorɔfoɔ bɛkɔ mu, sɛ anka yɛammfa kwan a yɛfaa so no a.

… Mehunuu deɛ na ɛbɛba yɛn so no pɛpɛɛpɛ sɛ anka yɛannyɛ biribi a. Saa honhom yi awɔ me so akyɛre. Nanso mepɛ sɛ meka yei: Anka mɛma tɛmpol no nyina ara afiri yɛn nsa akɔ; anka me ara mɛkɔ afiase, na mama onipa biara nso akɔ hɔ bi, sɛ anka ɔsoro Nyankopɔn annhyɛ me sɛ menyɛ deɛ meyɛɛ no a; na mmerɛ no sooe a wɔhyɛɛ sɛ menyɛ saa no, ɛdaa adi pefee maa me. Mekɔɔ Awurade anim, na metwerɛɛ deɛ Awurade see me sɛ mentwerɛ no. …

Mede yei gya mo sɛ monwennwene ho na monsusu ho. Awurade ne yɛn reyɛ adwuma. (Cache Stake Nhyiamu, Logan, Utah, Kwasiada, Obubuo 1, 1891. Wɔyɛɛ amannebɔ yi wɔ Deseret Weekly mu, wɔ Obubuo 14, 1891.)

Afei mɛka deɛ wɔdaa no adi kyerɛɛ me no ne deɛ Onyankopɔn Ba no yɛɛe wɔ saa adeɛ yi ho no akyerɛ mo. … Sɛ wɔammfa saa Dawurubɔ no amma a, sɛ Otumfoɔ Nyankopɔn te aseɛ yi, anka saa nneɛma yi nyina ara bɛba mu. Ne saa nti, ɛyɛɛ Onyankopɔn Ba no pɛ sɛ wɔmfa saa adeɛ no nto Asɔre no ne wiase nyina ara anim ɛnam botaeɛ a ɛwɔ ɔno ara adwene mu nti. Awurede na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyekyere Sion. Ɔno na ɔhyɛɛ sɛ wɔnwie saa tɛmpol yi. Ɔno na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa nkwagyeɛ mma ateasefoɔ ne awufoɔ wɔ saa mmepɔ yi mmɔnhwa mu. Na Otumfoɔ Nyankopɔn na ɔhyɛɛ sɛ mma Ɔbonsam nnsi ho kwan. Sɛ mobɛte yei ase a, ɛno na ɛyɛ yei ho safoa. (Ɛfiri kasa a wɔkaae wɔ nhyiamu a ɛtɔ so nsia wɔ Salt Lake Tɛmpol tu-hyɛ-nsa som no mu wɔ Oforisuo 1893. Tu-hyɛ-nsa som no ho ntwerɛeɛ, Nwoma korabea, Asɔre no Abakɔsɛm Asoɛeɛ, Salt Lake Ahenkuro, Utah.)