Amansan Nhyiamu
Ahoɔfɛ ma Nso: Ayaresa Kwan ma Bɔnefakyɛ
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Ahoɔfɛ ma Nso: Ayaresa Kwan ma Bɔnefakyɛ

Sɛ wobɛdɔ wɔ kwan soronko sɛdeɛ ahoɔfɛ ma wabrabɔ mu nso yɛ gyedie anammɔn a ɛdi Agyenkwa no.

Samuel nwoma 1 no kasa fa Dawid, daakye hene wɔ Isreal, ne ɔbaa a wɔfrɛ no Abigail ho asɛm a yɛntaa nka.

Samuel wuo akyi no, Dawid ne ne nkorɔfoɔ firii ɔhene Saul, a na ɔpɛ Dawid aku no nkyɛn. Wɔyɛɛ mmoa awɛnfoɔ ne asomfoɔ maa ɔdefoɔ bi a wɔfrɛ no Nabel a na ne tirim yɛ den. Dawid somaa nnipa 10 kɔkyeaa Nabel na wɔbisaa sɛ wɔhia aduane ne nneɛma.

Nabel de atɛmdidie buaa Dawid na ɔpamoo ne nkorɔfoɔ no sɛ wɔnkɔ nsapan.

Abufuo nti, Dawid yɛɛ ne nkorɔfoɔ krado sɛ wɔbɛkɔ Nabel ne ne fiefoɔ so aka sɛ, “ɔde bɔne ahyɛ me papa ananmu.”1 Ɔsomfoɔ bi kakyerɛɛ Abigail, Nabel yere, faa ne kunu no atirimuɔden wɔ Dawid nkorɔfoɔ no so. Abigail de ahoɔhare boaa aduane ne nneɛma ano kɔmaa wɔn.

Berɛ a abigail hyiaa Dawid no, “ɔde nanim butuu Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam,

“Na ɔde ne ho hwee ne nan ase kaa sɛ, me wura, me so na amumuyɔ yi nwɔhɔ.

“Na afei, Awurade asianka wo, na woammɛka mogya angu, na wode wo ara wo nsa abɛtɔ werɛ.

“Afei, akyɛdeɛ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa ma mmranteɛ a wɔdi mewura akyire no.

“Mesrɛ wo, fa w’afenaa bɔne kyɛ.

“Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ, nhyira nka Awurade, Isreal Nyankopɔn a ɔsomaa wo maa wobɛhyiaa me nnɛ yi:

“Na nhyira nka w’adwenpa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankɔdi mogya ho so na mamfa me ara me nsa mantɔ werɛ.

“Ɛnna Dawid gyee deɛ ɔde brɛɛ no no ne nsam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ; Foro kɔ wo fie asomdwoeɛ mu, matie wo, na mahwɛ w’anim.”2

Wɔn nyinaa kɔɔ asomdwoeɛ mu.

Wɔ saa abasɛm yi mu, yɛbɛtumi ahu sɛ Abigail gyina hɔ sɛ Yesu Kristo ahyɛnsodeɛ kɛseɛ.3 Ɛnam Ne mpata afɔrebɔ so, Ɔbɛtumi agye yɛn afiri bɔne ne akoma a ɔhaw ahyɛ ma na wama yɛn mmoa a yɛ hia.4

Sɛdeɛ na Abigail wɔ ɔpɛ sɛ ɔde Nabel bɔne bɛto ne so no, saa na agyenkwa no yɛɛ wɔ kwan a yɛn nteaseɛ—fa yɛn mmɔne ne wɔn a wɔafom yɛn bɔne to Ne ho so.5 Wɔ Getsemane ne asɛnnua no so, Ɔgyee saa bɔne no. Ɔmaa kwan sɛ yɛbɛgyai aweretɔ akoma no. Saa “kwan” no nam bɔnefakyɛ so—a ɛtumi yɛ adeɛ baako a neyɔ yɛ den paa ne adeɛ baako a ɛyɛ kronkron a yɛfa mu. Wɔ bɔnefakyɛ kwan so no, Yesu Kristo mpata tumi tumi ba yɛn abrabɔ mu na ɛhyɛ aseɛ sa yareɛ a ɛwɔ yɛn akoma ne yɛn kra mu.

Otitenani Russell M. Nelson akyerɛ sɛ Agyenkwa no ma yɛn kwan sɛ yɛmfa bɔne nkyɛ:

“Ɛnam Ne Mpata a ɛnsa da no nti, wobɛtumi de wɔn a wɔatia wo nan so a ebia wɔnnyɛ aniɛyaa a wayɛ wo no ho asodie nto mu dabiarada no bɔne akyɛ wɔn.

“Ɛyɛ a na ɛtaa yɛ merɛ sɛ wode wɔn a wɔfiri akoma mu ne ahobraseɛ mu hwehwɛ bɔnefakyɛ firi wo hɔ no bɔne kyɛ wɔn. Nanso Agyenkwa no kyɛ wo tumi a wode bɔne kyɛ obi ara a w’afom wo wɔ ɔkwan biara so. Afei wɔn ayaayaadeɛ no ntumi nni wo kra nya bio.”6

Abigail nnuane ne nneɛma beberee mmaeɛ no tumi kyerɛ yɛn sɛ Agyenkwa no ma wɔn a wɔafa ɔyaa mu, mmoa a yɛ hia wɔ ayaresa ne muayɔ mu.7 Wɔnnyai yɛn sɛ yɛn nko ara mfa nsunsuansoɔ a afoforɔ nneyɛɛ de brɛ yɛn mu; yɛnso yɛbɛtumi ayɛ mua na yɛanya kwan sɛ wɔbɛgye yɛn afiri yaadie akoma mu ne akyire nsunsuansoɔ biara mu.

Awurade aka sɛ: “Me, Awurade, mede bɔne bɛkyɛ deɛ mede bɛkyɛ no, nanso mo deɛ wɔhyɛ mo sɛ momfa nkyɛ nnipa nyinaa.”8 Awurade hwehwɛ sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ ama yɛn ankasa yieyɔ.9 Nanso ɔnkasɛ yɛnyɛ a Ne mmoa, Ne dɔ, Ne nteaseɛ nka yɛn ho. Ɛnam apam a yɛ ne Awurade wɔ no mu, yɛn mu biara bɛtumi anya ahoɔden, akwankyerɛ, ne mmoa a yɛhia sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ ne sɛ yɛbɛnya bɔnefakyɛ.

Mesrɛ hunu sɛ sɛ wode obi bɛne rekyɛ no nkyerɛ sɛ wode wo ho kɔ tebea bi a ɛbɛma wadi yaa. “Yɛbɛtumi atu anammɔn sɛ yɛde obi bɔne bɛkyɛ no na yɛakɔ so anya atinka afiri Honhom no kyɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfiri wɔn ho.”10

Sɛdeɛ Abigai boa Dawid maa wanya “abufuo akoma”11 na ɔnyaa mmoa a na ɔhia no, saa ara na Agyenkwa no bɛboa wo. Ɔdɔ wo, na “Ɔde ayaresa wɔ ne ntaban mu” rehyia wo wɔ kwan so.12 Ɔhwehwɛ wasomdwoeɛ.

Mahunu Kristo anwanwa ayaresa wɔ mankasa makoma mu. Mewɔ akwanya firi me papa hɔ, na me ka sɛ menyinii wɔ efie a na bammɔ nni hɔ esiane ateetee ne kasayaa nti. Wɔ me mmranteberɛ mu ne me mpanyinfie mu, na me mmu me papa na na me wɔ abufuo wɔ makoma mu ɛsiane saa ɔyaa no nti.

Mfeɛ a atwam wɔ me mmɔdemmɔ sɛ mɛhwehwɛ asomdwoeɛ ne ayaresa wɔ bɔnefakyɛ kwan so no, mabɛhunu wɔ kwan titiri so sɛ Nyankopɔn Ba korɔ na ɔpataa me bɔne no ara ne Ɔgyefoɔ a ɔbɛsan nso agye wɔn a wayɛ me ayaayaadeɛ. Na mentumi nye nokorɛ a ɛdikan no nto mu a menye deɛ ɛtɔ so mmienu nto mu.

Sɛdeɛ medɔ ma Agyenkwa no anyini no, saa ara na me pɛ sɛ mede ayaresa bɛhyɛ abufuo ne ɔyaa ananmu. Ɛyɛ mfie beberee akwantuo, a ɛhia akokoduro, merɛyɛ, nketeesie, ne sɛ wobɛsua sɛdeɛ yɛnya awerɛhyɛm wɔ Agyenkwa no tumi kronkron a ɛma ɔgyeɛ ne ayaresa. Meguso wɔ adwuma yɛ, nanso makoma nni akoo kwan so bio. Wama me “akoma foforɔ”13—deɛ ate Agyenkwa no dɔ mapa no nka, ɔno a ɔkaa me ho, aboterɛ ne ɔdwoɔ mu de me kɔɔ beaɛ papap, ɔne me suuiɛ, na ɔnim mawerɛhoɔ.

Awurade ama me mpata nhyira sɛdeɛ Abigail de deɛ na Dawid hia kɔɔɛ no. Wasoma aboafoɔ aba mabrabɔ mu. Na deɛ ɛyɛ dɛ na ɛma nsakrayɛ kyɛn ne nyinaa yɛ ayɔnkofa a abɛda me ne me Soro Agya ntam. Wɔ ne Mu, mabɛhunu wɔ anisɔ mu, ɔdɔ mapa a bammɔ a ɛfiri pɛrepɛreyɔ Agya hɔ.

Ɛlda Richard G. Scott kaa sɛ: “Wo ntumi mpepa deɛ asi dada no, nanso wobɛtumi de akyɛ.14 Bɔnefakyɛ sa kro a aporɔ, ɛma kwan ma Nyankopɔn dɔ yi ɔtan a ahyɛ wo kra ne wadwene mu ma. Ɛte wadwene ho firi aweretɔ ho. Ɛma kwan ma Awurade dɔ a ɛde ahoteɛ ne awerɛhyɛm ba no.”15

Magya wɔ asaase yi so nso anya akoma sakyera nwanwasoɔ mfei kakra a atwam na wahunu Awurade adeɛ a na me nsusu wɔ n’abrabɔ mu. Adanseɛ baako ma me fa ɔgyeɛ ne denhyɛ tumi a ɛwɔ Yesu Kristo mu.

Menim sɛ ɔtumi sa bɔneyɛni ne wɔn a wɔyɛ wɔn bɔne yareɛ. Ɔyɛ wiase Agyenkwa ne Dimafoɔ, a ɔde Ne nkwa too hɔ sɛdeɛ yɛbɛnya nkwa atease bio. Ɔkaa sɛ: “Awurade Honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ, memmɛka ɔgyeɛ nkyerɛ nnommum, ne adehunu nkyerɛ anifirafoɔ, memmɛma wɔnya fahodie wɔn a wɔapira.”16

Ɛkɔ ma obiara a nakoma abubu, wakyekyere no, wapera na ɔyaa anaa bɔne afira n’ani, Ɔma ɔgyeɛ ne ayaresa. Medi adanseɛ sɛ ɔgyeɛ ne ayaresa a Ɔde ma no yɛ nokorɛ. Ayaresa mmerɛ no yɛ ankorɛkorɛ, na yɛntumi mmu obi mmerɛ ho atɛn. Ɛhia paa sɛ yɛbɛma yɛn ho mmerɛ de anya ayaresa na yɛanya ayamyɛ ama yɛn ho saa kwan no so. Agyenkwa no wɔ ahumɔborɔ na wayɛ krado sɛ ɔbɛma yɛn mmoa a yɛhia.17

Wɔ bɔnefakyɛ ne ayaresa kwan so no, ɛnyɛ sɛ yɛtoa anammɔn bɔne anaa ayɔnkogorɔ bɔne biara so. Ɛkɔma wɔn a wɔte yɛnka nyinaa, yɛbɛtumi de ayamyɛ asi atirimuɔden anan, ɔdɔ ahyɛ ɔtan ananmu, asomdwoeɛ ahyɛ basabasayɔ ananmu, ɔdwoɔ ahyɛ gidigidi ananmu, ne bammɔ nhyɛ ateetee ananmu.

Sɛwobɛma adeɛbi a wo nsa anka bi yɛ ayaresa fa kɛseɛ paa a ɛnam gyedie wɔ Yesu Kristo mu ba. Sɛwobɛdɔ wɔ kwan soronko sɛdeɛ Yesaia aka no, ahoɔfɛ ma wabrabɔ mu nsoo18 yɛ gyedie anammɔn a ɛdi Agyenkwa no nhwɛsoɔ kɛseɛ a ɔdii yaa sɛdeɛ ɔbɛboa obiara.

yosef a ɔfiri egypt bɔɔ nsoo bra. Ne nuanom tann no, poo no, tɔn no kɔɔ nkoasom mu, kyee no too afiease, na deɛ ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛboa no werɛ fii no. Nanso ɔnyaa Awurade Mu awerɛhyemu “Na Awurade ka Yosef ho”19 na ɔdanee ne nsɔhwɛ yɛɛ ne nhyira ne mpuntuo—na ɔde gyee n’abusua ne Egypt man.

Berɛ a Yosef hyiaa ne nuanom sɛ ɔkandini kɛseɛ wɔ Egypt no, ne bɔnefakyɛ ne ne nhunumu pa no daa adi wɔ nsɛm a ɔkaaɛ mu:

“Na afei mommma no nyɛ mo ya, nso mobo mmfu mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha: nkwagyeɛ nti na Nyankopɔn somaa me dii mo anim.

“Na afei ɛnyɛ mo na mo somaa me baa ha, na mmom Onyankopɔn.”20

Ɛnam Agyenkwa no so, Yosef abrabɔ bɛyɛɛ “fɛɛfɛ ma nso”21

Kevin J. Worthen, titenani wɔ BYU, aka sɛ Onyankopɔn “bɛtumi ama papa aba ɛnyɛ yɛn nkunim nko ara nanso yɛn nkuguo ne afoforɔ nkuguo a ɛde ɔyaa berɛ yɛn. Onyankopɔn yɛ na ɔwɔ saa tumi no.”22

Medi adanseɛ sɛ bɔnefakyɛ ne ɔdɔ nhwɛsoɔ kɛseɛ paa ara yɛ berɛ a na Agyenkwa Yesu Kristo Wɔ ɔyaa mu kaa sɛ, “m’Agya, fakyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ.”23

Menim sɛ yɛn Aagya agya a ɔwɔ Soro pɛ nneɛma papa ne anidasoɔ ma Ne mma. Wɔ Yeremia yɛkenkan sɛ, “Na me deɛ menim adwene ko a meredwene mo ho, Awurade asɛm nie, asomdwoeɛ adwene.”24

Yesu Kristo yɛ wo kra Agyenkwa, wo Dimafoɔ dɔfoɔ ne Agyenkwa a ɔnim wakoma so adeɛ. Ɔhwehwɛ woayaresa ne anigyeɛ. Ɔdɔ wo. Ɔne wo su wɔ berɛ a wowɔ awerɛhoɔ mu na ɔne wo sere ma wo yɛ mua. Moma yɛnya akoma na yɛnsɔ ne dɔ nsa a watene no25 berɛ a yɛnam bɔnefakyɛ ayaresa kwan no so ne me mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim