Amansan Nhyiamu
Hyɛ W’Ahoɔden, O Sion
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Hyɛ W’Ahoɔden, O Sion

Ɛwɔ sɛ yɛn mu biara hwehwɛ yɛn honam mu ne honhom mu akomaso adeɛ nokorɛ mu na yɛbɔ mpaeɛ

Mmɛbusɛm yɛ nyansa adehia a Yesu Kristo de kyerɛ adeɛ. Ne tiatwa ne sɛ, Agyenkwa no mmɛbusɛm yɛ ayɛsɛm a wɔde toto honhom mu nokorɛ ne nneɛma ne honam mu suahunu. Nhwɛsoɔ, Apam Foforɔ Nsɛmpa no nkyerɛkyerɛ a wɔde Ɔsoro ahennie toto sinapi aba ho,1 de toto ɔbohene a ɛsombo kɛseɛ ho,2 de toto efiewura ne ɔpaani a ɔwɔ ne turo mu ho,3 de toto mmaabunu edu no ho,4 ne afoforɔ bebree abu so. Berɛ a Awurade somm wɔ Galilean no, twerɛsɛm no kyerɛ sɛ “na wankwati bɛ ankasa ankyerɛ wɔn.”5

Abebusɛm asekyerɛ anaasɛ nkrasɛm botaeɛ nyɛ deɛ ɛda adi pefee. Mmom, ayɛsɛm no de ɔsoro nokorɛ nkoa ara na ɛde ma ɔgyefoɔ no wɔ gyedie a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn, ɔno ankasa honhom mu ahoboa, ne ɔpɛ a ɔdesua adɛre mu. Enti, ɛwɔ sɛ obi de ne pɛ yɛ adwuma na nokorɛmu “bisa, hwehwɛ, na ɔbɔ mu”6 na ɔhunu nokorɛ a ɛhyɛ abebusɛm mu.

Mebɔ mpaeɛ nokorɛ mu sɛ Sunsum Kronkron no te yɛn nyinaa ani berɛ a yɛredwendwen adehyeɛ awareɛ pontoɔ no ho ahiasɛm.

Adehyeɛ Awareɛ Pontoɔ No

“Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn wɔ mmebuo mu bio, kaa sɛ,

“Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforɔ pono maa ne ba,

“Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforɔ no ase no, nanso wɔampɛ sɛ wɔba.

“Bio, ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ: Monka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ, Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum m’anantwie ne me nyɛmmoa, na wɔawie nnoɔma nyinaa: mommra ayeforɔ no ase.

“Nanso wɔn deɛ wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe, obi kɔɔ n’afuom, na obi nso kɔdii dwa.”7

Tete mmerɛ mu no, afahyɛ a na ɛyɛ anika pa ara wɔ Yiwfoɔ asetena mu no yɛ ayeforɔ afahyɛ—afahyɛ a ɛtumi di nnawɔtwe anaasɛ mmienu mpo. Afahyɛ bi te sei no hia ntotoeɛ papa, na wɔbɔ nkorɔfoɔ amaneɛ nna bebree akyi ansa, na wɔde nkaebɔ kɔ wɔ ɛda a wɔrebue dwumadie no ano. Nsa a wɔto frɛ nkorɔfoɔ ba ayeforɔ ase a ɛfiri ɔhene hɔ te sɛ yei no na wɔfa no sɛ ɛyɛ ɔhyɛ. Nanso, dodoɔ a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn wɔ saa abebusɛm yi mu amma.8

“Ba a wɔamma ɔhene apontoɔ yi ase no yɛ boapayɛ a wɔde sɔretia adehye tumi ne ankasa animguaseɛ ma sodifoɔ a na ɔwɔ hɔ no ne ne ba no. Ɔbarima a ɔsane kɔɔ n’afuom ne ɔfoforɔ a ɔkɔɔ ne dwa[ adwuma]”9 da adi wɔ wɔn nnaadaa adehia ne animtia a wɔbuu ɔhene no pɛ.10

Abebusɛm no toa so:

“Ɛnna ɔsee ne nkoa no sɛ, Wasiesie ayeforɔhyia deɛ, nanso wɔn a wɔhyiaa wɔn no ansɛ wɔn.

“Enti monkɔ atempon nkwanta so, na dodoɔ a mobɛhunu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforɔ no ase.

“Na nkoa no firii adi kɔɔ akwan so so, kɔboaboaa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa papa: na ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayeforɔhyiadan no ma.”11

Amammerɛ a na ɛwɔ hɔ saa mmerɛ no ma ayeforɔ apontoɔ wura no—wɔ abebusɛm yi mu—ɔhene no ma ahɔhoɔ no ntaadeɛ. Saa ntaadeɛ yi na ɛnyɛ hwanyann, aduradeɛ a ɛnyɛ anika a ahɔhoɔ no nyinaa hyɛ. Wɔ saa kwan yi so no, diberɛ ne tebea nni hɔ, na obiara a ɔwɔ ayeforɔ no ase tumi di ahyia sɛ atipɛnfoɔ.12

Nkorɔfoɔ a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn firii akwan so sɛ wɔmmra ayeforɔ no ase no anka wɔnya akadeɛ ntɔ ntaade papa nsiesie wɔn ho ntwɛn dwumadie no. Ne saa nti, ɔhene no de ɔpɛ yii ntaadeɛ firii ɔno ara adaka mu maa ahɔhoɔ no. Wɔmaa obiara hokwan sɛ ɔnhyɛ adehye. ntaadeɛ.13

Berɛ a ɔhene no wuraa ayeforɔhyia dan no mu no, ɔhwehwɛɛ ahɔhoɔ no mu na mpofirim ɔhunuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ no. Wɔde ɔbarima no baa animu, na ɔhene no bisaa sɛ, “Damfo, wobaa mu ha sɛn ni na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ yi? Na ɔtɔree mum.”14 Nokorɛ mu no, ɔhene no bisaa sɛ, “Adɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, mpo wɔmaa wo baako?”15

Ɛda adi sɛ na ɔbarima no ansiesie ne ho yie amma saa adeyɛ titiriw yi, na asɛm a ɛne “Na ontumi nkasa” no kyerɛ sɛ na ɔbarima no nni anoyie biara.16

Elder James E. Talmage ma nkyerɛkyerɛ nkasaho fa ɔbarima yi nneyɛɛ no mfasoɔ: “Sɛ deɛ wanhyɛ atadeɛ no di fɔ wɔ boapayɛ ho, anaasɛ bɔne kɛseɛ bi ho, ɛda adi wɔ asɛm no mu. Edi kan no na ɔhene no yɛ ahummɔborɔ kakra, rebisa ahunu kɛkɛ sɛdeɛ ɔbarima no wuraa mu a ɔnhyɛ ayeforɔhyia ataadeɛ. Anka ɔbarima no tumi kyerɛkyerɛɛ ne yɛbea sononko no, anaasɛ na ɔwɔ asɛm papa bi a, anka nokorɛ mu ɔkasaeɛ; nanso wɔaka akyerɛ yɛn sɛ ɔtɔree mum. Ɔhene no frɛ no ɔbaee mu maa obiara a ne nkoa no hunuu wɔn; nanso na ɛwɔ sɛ wɔn mu biara fa ɔpono no mu wura ahemfie hɔ; na ansa na wɔnnuru apontoɔ dan no mu no, a ɔhene no ankasa bɛpue no na wɔn mu biara ahyɛ ataadeɛ papa; nanso deɛ ɔtɔ sini no, nam kwan bi so awura mu; a wamfa somfoɔ awɛmfoɔ ponkɛseɛ no mu, na ɔyɛ asɛmpɛni.”17

Kristoni twerɛfoɔ bi, John O. Reid, kaa sɛ ɔbarima no a wanhyɛ ayeforɔhyia ataadeɛ yɛɛ “animtia a ɔde tiaa ɔhene ne ne ba no.“ Ɛnyɛ sɛ na ɔnni ayeforɔhyia ataadeɛ; mmom, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔnhyɛ bi. Ɔhyɛɛ da wɔ atuateɛ mu sɛ ɔnhyɛ atuateɛ papa nkɔ afahyɛ no ase. Ɔhene no mmuaeɛ no yɛ ntɛm a adwene da ho: “Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.”18

Ɔhene no atɛmmuo no nhyɛda nnyina ayeforɔhyia atadeɛ a ɔnni bi no so—mmom sɛ “ɔhyɛɛda, sɛ ɔnhyɛ bi no so. Ɔbarima no pɛɛ animuonyam sɛ ɔkɔɔ ayeforɔ apontoɔ no ase, nanso wampɛ sɛ ɔdi ɔhene no amanneɛ so. Ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ nneɛma wɔ ɔno ara ne kwan so. Afadeɛ bɔne a ɔfaeɛ no yii atuateɛ a na ɛhyɛ ne mu de tia ɔhene ne ne mmara adi.”19

Wɔafrɛ Bebree, nanso Kakra Na Wɔayi Wɔn

Abebusɛm no de twerɛsɛm a ɛwurawura yi wie, “Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔayi wɔn deɛ, kakraa bi.”20

Anigyesɛm, Joseph Smith yɛɛ nsesa a ɛdi soɔ yi firii Mateo nyiyimu mu wɔ ne nkanyan nkyeraseɛ wɔ Bible mu: “Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso kakraa bina wɔayi wɔn; ne saa nti wɔn nyinaa anhyɛ ayeforɔhyia ataadeɛ no.”21

Ɔfrɛ de ba apontoɔ no ase ne ɔpɛ sɛ wɔka apontoɔ no ho no sesɛ nanso nsonoeɛ wom. Ɔfrɛ no kɔ ma mmarima ne mmaa nyinaa. Obi bɛtumi agye ɔfrɛ no na watena apontoɔ no ase—nanso wɔnnyi no sɛ ɔnni bi ɛfiri sɛ onii no nni ayeforɔhyia atadeɛ ataadeɛ a ɛsakyera kɔ Awurade Yesu gyedie ne Ne soro adom no mu. Ɛno nti, yɛwɔ Onyankopɔn frɛ ne ankorankorɛ mmuaeɛ a ɔde ma saa frɛ no, na dodoɔ na wɔbɛfrɛ nanso kakraa bi na wɔbɛyie.22

Sɛ wobɛyɛ anaasɛ wɔbɛyi woɔ no nyɛ diberɛ a wɔde gu yɛn so. Mmom, wo ne me bɛtumi ayisɛ wɔbɛyi yɛn ɛnam tenenee dwumadie ma yɛn ahonim fawohodie.

Mesrɛ hyɛ asɛmfua yii sɛdeɛ wɔde yɛ adwuma wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu nyiyimu a yɛnim a ɛdidi soɔ yi:

“Hwɛ, wɔfrɛɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔyii wɔn. Na adɛn nti na wɔanyi wɔn?

“Ɛfiri sɛ wɔn akoma si wiase yi mu nneɛma dodo, na wɔn anigye sɛ wɔhyɛ nnipa animuonyam.”23

Megyedi sɛ saa nyiyimu yi nsunsuansoɔ mu da hɔ pefee. Onyankopɔn nni nkorɔfoɔ din a n’ani gye wɔn ho a y’ani da so sɛ dabi wɔde yɛn din bɛka ho. Ɔnsi wɔn a “wɔayi wɔn no” mfiri kakraa bi no ho. Mmom, yɛn akoma, yɛn akɔnnɔdeɛ, yɛn nidie a yɛdema asɛmpa kronkron apam ne ayɛyɛdeɛ, yɛn setie ma mmaransɛm no, ne, titire pa ara, Agyenkwa no adom gyeɛ no kyerɛ sɛ wɔayi yɛn sɛ Onyankopɔn deɛ mu baako.24

“Na yɛbɔ mmɔden twerɛ, de adanedane yɛn mma, ne yɛn nuanom nso, ma wɔagye Kristo adi, na wɔaka wɔn ne Onyankopɔn abɔ mu; na yɛnim sɛdeɛ yɛbɛ tumi ayɛ nyinaa na wɔnam adom so na wɔbɛgye yɛn nkwa, akyiire yi a yɛayɛ deɛ yɛbɛtumi nyinaaɛ no.”25

Wɔ adagyeɛ a yɛnnie wɔ yɛn daadaa abrabɔ mu wɔ nnɛ mmerɛ mu wiase a yɛte mu apereapereɛ nti, wɔbɛtumi atwe y’adwene nneɛma a ɛnniawieɛ a ɛho hia kɛse berɛ a wɔyɛ anigyeɛ, ahonya, edin, ne titireyɛ yɛn adehia a ɛdi kan. Deɛ afa y’adwene berɛ tia mu fa “wiase nneɛma ho” ne “nnipa anim animuonyam” bɛtumi ama yɛahwere yɛn honhom mu panindie wɔ nneɛma a ɛyɛ fo ho.26

Bɔhyɛ ne Adansedie

Meresi afotuo a Awurade de maa Ne nkorɔfoɔ a wɔgyee wɔn ɛnam Apam Dada mu nkɔmhyɛni Hagai so: “Na afei sɛasafo Awurade seɛ nie; Momfa mo akoma nsisi mo akwan so.”27

Ɛwɔ sɛ yɛn mu biara kari yɛn honam ne honam mu nokorɛ mu wɔ mpaebɔ mu deɛ ɛsi yɛn anisoɔ hunu yɛn abrabɔ mu nneɛma a ɛbɛtumi asi nhyira mmoroso a Ɔsoro Agya ne Agyenkwa no pɛ sɛ wɔde gu yɛn so. Na nokorɛ Sunsum Kronkronm no bɛboa yɛn ama yɛahunu yɛn ho sɛdeɛ yɛteɛ ampa.28

Sɛ yɛhwehwɛ honhom aniwa akyɛdeɛ a yɛde hunu ne aso a yɛde tie a,29 mehyɛ bɔ sɛ wɔbɛhyira yɛn tumi ne atɛmmuo de ahyɛ y’apam a yɛ ne Awurade teasefoɔ no wɔ den. Yɛbɛsan nso anya Nyamesu tumi wɔ y’abarabɔ mu30—na awieeɛ no wɔafrɛ na wɔayi yɛn ama Awurade apontoɔ no.

“Nyane, nyane; hyɛ w’ahoɔden, O Sion.”31

“Na ɛwɔ sɛ Sion nyini wɔ ahoɔfɛ mu, ne teneneeyɛ mu; ɛwɔ sɛ n’ahyeɛ so mu bae; ne mpɛɛwa mu yɛ den; aane, nokorɛ mese mo sɛ, ɛwɔ sɛ Sion sɔre na ɔfa ne ntaadeɛ fɛɛfɛ hyɛ.”32

Mede anigyeɛ di m’adanseɛ fa ɔsoro ne Onyankopɔn, yɛn Onniawieɛ Agya, ne Ne Dɔ Ba, Yesu Kristo te a wɔteaseɛ ho nokorɛ a ɛyɛ. Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa ne Odimafoɔ, na Ɔtease. Na me san nso di adanseɛ sɛ Agya no ne Ɔba no yii wɔn ho adi kyerɛɛ abranteɛ Joseph Smith, na ɔhyɛɛ Agyenkwa no asɛmpa mmaeɛ bio no ase wɔ nna a ɛdi akyire yi mu. Ma yɛn mu biara nhwehwɛ na wɔnhyira yɛn ani a ɛhunu ne aso a ɛte asɛm, mebɔ mpaeɛ wɔ Awurade Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Tintim