Amansan Nhyiamu
Wie Pɛyɛ wɔ Ne mu
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Wie Pɛyɛ wɔ Ne mu

Yɛn pɛyɛ wieyɔ bɛtumi aba mu nam Onyankopɔn adom nko ara so.

Yɛn Soro Agya ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, wɔ tumi sɛ wɔgye yɛn nkwa na wɔdane yɛn. Wɔbɛtumi aboa ama yɛabɛyɛ sɛdeɛ Wɔteɛ.

Mfeɛ kakra bi a atwam yi, yɛn nanaanom mmarima nkumaa no baako, Aaron, hyɛɛ aseɛ nyaa apomden mu haw. Na ɔbrɛ, bubuu kakra, na onni ahoɔden. Aduyɛ nhwehwɛmu akyire yi no, wɔhunuu sɛ ɔyare aplastic anemia a ɛmu yɛ den, yareɛ bi a ne kasɛe mu ekyim agyae sɛ ɛma mogya nkwamoaa kɔkɔɔ, mogya nkwamoaa fitaa, ne mogya ntowabɔ nkwamoaa. Sɛ yɛanyɛ ho aduro na awieɛ no ankɔ a, ne mogya no rentumi mmɔ ntowa yie anaa nko nntia yareɛ mmoa—mpo ahweaseɛ nketewa, opira, anaa nyarewa bɛtumi abɛyɛ tebea a ɛmu yɛ den ntɛm so.

Wɔ berɛ kakra bi mu no, Aaron gyee daadaa mogya ntowabɔ nkwamoaa ne mogyatwe sɛ ɔbɛfiri mmusuo mu. Ayaresafoɔ no kyerɛɛ mu sɛ, yareɛ no ayaresa bɛgyina kasɛe mu ekyim ntwahyɛmu nko ara so, na hokwan papapaa a ɛbɛma nkonim bɛyɛ sɛ wɔnya ne nnuanom bi ma ɔyɛ ɔdomfoɔ no. Sɛ ne nuanom mu baako ne no ka si anim yɛ pɛ a, ntwahyɛmu no awieɛ bɛtumi ayɛ nkwagyeɛ. Wɔhwehwɛɛ ne nuanom mmarima nkumaa no mu, na baako, Maxwell, na wɔsusuu sɛ ɔne ne nneɛma yɛ pɛ pa ara.

Wɔde ɔdomfoɔ nneɛma a ɛyɛ pɛ mpo no, kasɛe bi mu ekyim ntwahyɛmu kɔ so kyerɛ asiane a ɛwɔ ɔhaw denden mu. Kwan a wɔfa so no hia sɛ wɔka nnuro ne ɔhyew a ano yɛ den bɔ mu de sɛe Aaron ankasa nkwamoaa no wɔ ne kasɛe mu ekyim yareɛ no mu, ansa na wagye stɛm nkwamoaa no afiri ne nuabarima Maxwell kasɛe kyim no mu. Afei, ɛnam Aaron gyae mu ma nkwaadɔm ako tia nti, ɛho hiaa sɛ wɔte no firi yɛn ho nnawɔtwe bebree wɔ ayaresabea hɔ, na afei efie, abosome bebree wɔ mmara nhyehyɛeɛ, nkahyɛmu, ne ayaresa nnuro mu

Awieɛ anidasoɔ a ɛfirii ntwahyɛmu no mu ne sɛ, Aaron nipadua no rempo ɔdomfoɔ no nkwamoaa no na Maxwell nkwamoaa no bɛma mogya kɔkɔɔ ne fufuo nkwamoaa no a ɛhia no nkakrankakra ne mogya ntowabɔ no wɔ Aaron nipadua no mu. Ɔdomfoɔ ntwahyɛmu nkonimdie ma nokorɛ nipadua mu nsesaeɛ kɛseɛ ampa. Asɛm nwanwa, ɔyaresafoɔ bi kyerɛɛ mu sɛ, sɛ Aaron kɔyɛ bɔne bi na ɔgya mogya wɔ bea a bɔne no siiɛ a, polisini bɛtumi akyere ne nuabarima Maxwell. Yei, ɛfiri sɛ, Aaron mogya bɛfiri Maxwell ntwahyɛmu nkwamoaa no mu na wanya Maxwell DNA, na yei bɛyɛ n’asɛm ne nkwa nna a aka biara.

Aaron nuabarima mogya a agye no nkwa yi ahyɛ adwene bebree nkuran afa Yesu Kristo mpata mogya no ho ne deɛ Ne Mpata no de aba yɛn so. Ɛnnɛ yi, mɛpɛ sɛ mɛtwe adwene asi deɛ ɛma nkwa sesa afebɔɔ a ɛba berɛ a yɛma Awurade kwan yɛ anwanwa dwuma wɔ yɛn mu no.1

Na Aaron nni tumi wɔ ne mu sɛ ɔbɛdi yareɛ no so. Ne nipadua no antumi anyɛ mogya nkwamoaa a ɔhia sɛ ɛbɛsɔ ne nkwa mu. Ɛmmfa ho ne deɛ n’ankasa tumi yɛɛe, wantumi annsa ne kasɛe mu ekyim yareɛ no. Sɛdeɛ Aaron antumi annsa ne ho yareɛ no, yɛ Ɛmfa ho ne ahoɔden tumi, deɛ yɛasua, nyansa, anaa ɔhoɔdenfoɔ a yɛyɛ, yɛrentumi nhohoro yɛn ho mmfiri yɛn bɔne mu, nsesa yɛn nipadua nnkɔ deɛ ɔnnwuo tebea, anaa yɛn ho yɛn ho mmasoɔ mu. Ɛnam Agyenkwa Yesu Kristo ne Ne Mpata a ɛnni ano no nko ara so na ɛbɛtumi ayɛ hɔ. “Ɔkwan foforɔ biara nni hɔ anaa edin biara nni ɔsoro ase a wɔnam so bɛgye onipa nkwa wɔ Onyankopɔn ahemman no mu.”2 Ɛyɛ Ne mpata mogya na ɛhohoro yɛn na ɛte yɛn ho.3

Ɛwom sɛ Aaron antumi annsa ne ho yareɛ, sɛde ɛbɛyɛ ama ntwahyɛmu no ayɛ adwuma no, ɛho hiaae sɛ ɔbɛpɛ na wayɛ deɛ ayaresafoɔ no bɛbisa—mpo nneɛma a ɛyɛ den pa ara. Ɛwom sɛ yɛrentumi nnye yɛn ho nkwa, na sɛ yɛde yɛn ho ma Awurade pɛ na yɛkora yɛn apam a, ɔgyeɛ kwan no abue ama yɛn. 4 Te sɛ ɔkwan sononko ma Aaron mogya nkwamoaa DNA nsesaeɛ ankasa no, yɛbɛtumi asesa yɛn akoma,5 anya Ne su wɔ yɛn anim hwɛbea so,6 na yɛabɛyɛ abɔdeɛ foforɔ wɔ Kristo mu.7

Alma kaee Zarahɛmla nkorɔfoɔ no fa awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no a wɔsakraae no. Ɔrekasa fa n’agya ho no, Alma kyerɛɛ mu sɛ “sɛdeɛ ne gyedie teɛ no nsesaeɛ kɛseɛ baa n’akoma mu.”8 Afei ɔbisaa sɛ, “Moanya saa nsesaeɛ kɛseɛ yi wɔ mo akoma mu anaa?”9 Na ɛnyɛ nkorɔfoɔ no na wɔsesaa wɔn ankasa akoma. Awurade na ɔyɛɛ saa nsesaeɛ no ankasa. Alma maa yei mu daa hɔ fann. Ɔkaa sɛ, “Hwɛ, ɔsesaa wɔn akoma.”10 Wɔ “brɛɛ wɔn ho ase na wɔde wɔn werɛ hyɛɛ Onyankopɔn nokwafoɔ ne teasefoɔ no mu [na] wɔdii nokorɛ de kɔsii awieɛ [na] wɔgyee wɔn nkwa.”11 Nkorɔfoɔ no nyaa ɔpɛ sɛ wɔbue wɔn akoma mu na wɔkyerɛ gyedie, na afei Awurade sesaa wɔn akoma. Na sɛdeɛ nsesaeɛ no kɛseɛ yɛɛe! Dwene nsonoeɛ a ɛda saa mmarima baanu a wɔfrɛ wɔn Alma yi abrabɔ mu ansa na ne akyire yi a nsesaeɛ baa wɔn akoma mu no.12

Yɛyɛ Onyankopɔn mma a yɛwɔ animuonyam hyɛberɛ. Wɔbɛtumi asesa yɛn ama yɛabɛyɛ tesɛ Ɔno, na yɛanya anigyie mu mahyɛ.”13 Satan, wɔ ɔfa foforɔ no, bɛpɛ sɛ yɛbɛdi awerɛhoɔ te sɛ deɛ ɔteɛ.14 Yɛwɔ nimdeɛ no sɛ yɛbɛyi deɛ yɛbɛdi n’akyi.15 Sɛ yɛdi Satan akyiri a, yɛma no tumi.16 Sɛ yɛdi Onyankopɔn akyiri a, Ɔma yɛn tumi.

Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ sɛ “ɛwɔ sɛ yɛwie pɛyɛ.”17 Yei bɛtumi ayi ehu pa ara. Metumi hunu m’ankasa ho a ɛnso no pefee na mehunu no yea mu ɔkwan a ɛda me ne ewie pɛyɛ ntam. Yɛbɛtumi anya nhyɛ bi de adwene sɛ ɛwɔ sɛ yɛn ankasa wie pɛyɛ, nanso ɛrentumi ɛnyɛ. Yɛredi adwenkyerɛ biara akyiri wɔ boa wo ho nwoma biara mu wɔ wiase yi mu rentumi mmfa mma. Ɛnam ɔkwan baako ne edin baako pɛ so na ɛbɛwie pɛyɛ bɛba. Wɔama yɛn “awie pɛyɛ nam Yesu, ntamgyinafoɔ ma apam foforɔ no so, ɔno a ɔyɛɛ saa mpata a ɛwie pɛyɛ yi nam n’ankasa mogya a ɔhwie guuiɛ so”18 Yɛn pɛyɛ wieyɔ bɛtumi aba mu nam Onyankopɔn adom nko ara so.

Wobɛtumi asusu sɛdeɛ anka ɛbɛbunkam yɛn nanaabarima kumaa Aaron so, sɛ ɔbɛsusu sɛ ɛwɔ sɛ n’ankasa te aseɛ na ɔfa aduyɛ no kwan ne biribiara a ɛka ho wɔ ne ntwahyɛmu no so? Ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ ɛhia sɛ yɛyɛ deɛ Agyenkwa no nko ara tumi yɛ wɔ yɛn pɛyɛyɔ anwanwa kwan no so.

Sɛdeɛ Moroni wiee ne twerɛtohɔ no: ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ, “Aane, mommra Kristo hɔ, na monwie pɛyɛ wɔ ne mu, na sɛ motwe mo ho firi deɛ ɛntene nyinaa ho, na mode mo tumi, mo adwene ne mo ahoɔden nyinaa dɔ Onyankopɔn a, afei na n’adom bɛdɔɔso ama mo, na ɛnam n’adom so mobɛtumi awie pɛ yɛ wɔ Kristo mu”19 Tumi ne awerɛkyekyerɛ nokorɛ bɛn nie! N’adom dɔɔso ma me. N’adom dɔɔso ma wo. N’adom dɔɔso ma obiara a “wayɛ adwuma abrɛ na ne nnesoa mu yɛ duru.”20

Wɔde aduyɛ rehwɛ obi te sɛ Aaron deɛ no, berɛ nyinaa wɔnnim deɛ ɛbɛsi awieɛ no. Nokorɛ mu, Aaron bɛhiaa ntwahyɛmu a ɛtɔ so mmienu berɛ a deɛ ɛdi kan no bɛnyaa ɔhaw. Aseda mu, wɔ sunsum mu akoma nsesaeɛ nti, yɛansusu sɛ ɛbɛsi anaa. Sɛ yɛtena ase sɛdeɛ Ne pɛ teɛ, “de yɛn ho nyinaa to deɛ ɔfata wɔ tumi de gye nkwa,”21 a, yɛwɔ nkyɛmu 100 bɔhyɛ sɛ wɔde Agyenkwa no mogya hohoro yɛn ho na awieɛ no yɛbɛwie pɛyɛ wɔ ne mu. Ɔyɛ “Onyankopɔn nokwafoɔ, na [ɔrentumi] nni atorɔ.”22

Asɛmmisa bi nni ho sɛ saa nsesaeɛ kwan yi gye berɛ na ɛrentumi nnwie kɔsi sɛ saa asetena yi bɛtwam, nanso bɔhyɛ no yɛ pintinn. Sɛ yɛhunu no sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no mmamu wɔ akyiri a, yɛkɔ so fam saa bɛhyɛ no ho, hunu sɛ wɔbɛba mu.23

Nsesaeɛ nwanwasoɔ a aba Aaron apomden mu de anigyeɛ kɛseɛ aba yɛn abusua no mu. Sɛ nsesaeɛ kɛseɛ ba yɛn akra mu a, susu anigyeɛ kɛseɛ a ɛba ɔsoro.

Yɛn Soro Agya ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, dɔ yɛn na wɔadwene ho asusu sɛ wɔbɛsesa yɛn na yɛawie pɛyɛ Wɔpɛ sɛ wɔyɛ yei. Ɛho hia yie wɔ Wɔn adwuma ne animuonyam mu.24 Medi adanseɛ sɛ Wɔwɔ tumi de yɛ yei berɛ a yɛde gyedie ba Wɔn nkyɛn Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim