Amansan Nhyiamu
Ka ho bi Nkyerɛkyerɛ No
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Ka ho bi Nkyerɛkyerɛ No

Ka ho bi nkyerɛkyerɛ no ba fam ma yɛn mu biara: Meyɛ baako a meka Kristo ho wɔ asɛmpa apam no mu.

Mɛpɛ sɛ mɛkasa afa deɛ mɛfrɛ no ka ho bi nkyerɛkyerɛ no wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu. Saa nkyerɛkyerɛ yi wɔ ɔfa mmiɛnsa: (1) asodie fa ka ho bi wɔ Awurade apam nkorɔfoɔ anoboaboa no ho, (2) ɔsom ho hia a ɛhia ne afɔrebɔ wɔ ka ho bi mu, ne (3) Yesu Kristo kɛseyɛ wɔ ka ho bi mu.

Ahyɛaseɛ no, na Amerika Apueeɛ aborɔfo no dodoɔ ara ne apueɛfam Aburokyire Ahotefoɔ ne Amerika Amannifoɔ kakra bi a wɔka Amerika Abibifoɔ ne Pasifik Supɔsofoɔ ho na wɔyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Seesei, aka mfeɛ nwɔtwe ama n’aseɛ bɔ anya afedie 200 no, Asɔre no anyini mmorosoɔ wɔ dodoɔ mu ne akwan horoɔ so wɔ Amerika Apueeɛ, na mpo ne dodoɔ no wɔ wiase nkaeɛ mu.

Sɛdeɛ berɛ tenten bɔhyɛ fa Awurade apam nkorɔfoɔ ho anoboaboa wɔ nna a ɛdi akyire yi renya ahoɔden no, nokorɛ mu Asɔre no asafomma bɛfiri aman, abusua, kasa ne nkorɔfoɔ biara mu. 1 Yei ɛnyɛ nsusuho anaa ɔhyɛ ahoroɔ bi, mmom abɔdeɛ adetitiriw bi a ɛwɔ sɛ yɛhwɛ anim, hunu no sɛ asɛmpa asau no boa ano firi ɔman ne nkorɔfoɔ biara mu.

Nhyira ne yɛn sɛ yɛhunu da no sɛ wɔrekyekyere Sion berɛ korɔ no ara mu wɔ asasepɔn biara ne yɛn ankasa borɔno so. Sɛdeɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaae no, Onyankopɔn nkorɔfoɔ wɔ berɛ biara mu de ahurusie akwanhwɛ hwɛɛ saa da yi anim, na “yɛn ne adom nkorɔfoɔ a Onyankopɔn ayi sɛ yɛde Nna a ɛdi Akyire animuonyam bɛba.”2

Wɔde saa akwanya yi ama yi, yɛrentumi mma ɔsɔretia adwene, abusua adwemmɔne, anaa nkyekyɛmu foforɔ biara ntena Kristo Asɔre mu wɔ nna a ɛdi akyire yi. Awurade hyɛ yɛn sɛ, “Mo nyɛ baako; na sɛ moanyɛ baako a monnyɛ me dea.”3 Ɛwɔ sɛ yɛde nsiyɛ tutu adwemmɔne ne nyiyimu firi Asɔre no mu, yɛn afie mu, na ne nyinaa mu no, mfiri yɛn akoma mu. Berɛ a yɛn Asɔre yi renyini mmɔho mmɔho yi, ɛsɛ sɛ yɛn akwaabama a ɛfiri yɛpɛ mu nyini na ɛyɛ hye kɛse daadaa. Yɛhia yɛn ho yɛn ho.4

Wɔ ne Krataa a Ɛdi kan kɔma Korintofoɔ no, Paulo de too dwa sɛ, obiara a wɔbɔ no asu kɔ Asɔre no mu yɛ baako wɔ Kristo kuo mu:

“Na sɛ nipadua yɛ baako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua baako no, saa ara na Kristo nso teɛ.

“Ɛfiri sɛ ɛnam Honhom baako so na wɔbɔ obiara asu kɔ nipadua baako mu, sɛ yɛyɛ Yudafoɔ anaa Amanamanmufoɔ, sɛ yɛwɔ mpokyerɛ anaa fahodie mu; na wɔama obiara anom akɔ Honhom baako mu.

“Ama mpaepaemu amma nipadua no mu, mmom akwaa no adwene ade korɔ ama wɔn ho wɔn ho.

“Na sɛ akwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; anaa sɛ akwaa baako nya animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no di ahurisie.”5

Ka ho bi nkatedeɛ ho hia ma yɛn nipadua, adwene, ne honhom mu akwahosan. Nanso, ɛtumi ba sɛ ɛtɔ da a yɛn mu biara tumi te nka sɛ yɛnsene mu. Wɔ abambuo mmerɛ mu, yɛbɛtumi ate nka sɛ yɛrennuru Awurade susudua tenten no anaa afoforɔ akwanhwɛ so.6 Yɛbɛtumi ahyɛ afoforɔ akwanhwɛ so a yɛnnim—anaa mpo yɛn ankasa—a ɛnyɛ Awurade akwanhwɛ. Yɛbɛtumi ne obi akasa wɔ aniteɛ kwan so sɛ ɔkra boɔ a ɛsom gyina adwumapa anaa ɔfrɛ binom so, nanso yeinom ɛnyɛ gyinabea nsusuiɛ wɔ Awurade ani so. “Awurade hwɛ akoma mu.”7 Ɔfa yɛn ahwehwɛdeɛ ne yɛn anigyina ne deɛ yɛreba abɛyɛ ho.8

Onuabaa Jodi King, mfeɛ a atwam, twerɛɛe faa n’ankasa suahunu ho:

“Mante nka sɛ menka ho wɔ asɔre kɔsii sɛ me kunu, Cameron, ne me hyɛɛ aseɛ dii aperepereɛ wɔ boniniyɛ ho. Mmɔfra ne mmusua a mehunu wɔn wɔ asɔre a ɛde anigyeɛ brɛɛ me no seesei hyɛɛ aseɛ hyɛɛ me awerɛhoɔ ne yea.

“Metee obonini nka berɛ a abɔfra bi nna me nsa so anaa menkura dwonsɔtam bɔtɔ.

“Yɛn Kwasiada a na ɛyɛ den kɛse yɛ deɛ na ɛdi kan wɔ wɔɔd foforɔ mu. Wɔbisaa yɛn sɛ yɛaware foforɔ, na berɛ bɛn na yɛahyehyɛ sɛ yɛbɛhyɛ abusua ase, ɛfiri sɛ na yɛnni mma. Na mayɛ adeɛ wɔ saa nsɛmmisa yi mmuaeɛ ho a memma no nha me—Menim sɛ wɔnnkyerɛ sɛ ɛnyɛ me yea.

“Nanso, saa Kwasiada pɔtee yi, mereyi saa nsɛmmisa yi ano titiriw yɛɛ den. Seesei yɛahunu sɛ, anidasoɔ akyire yi, yɛn nyɛɛ—da so bio—nyinsɛneeɛ.

“Mede gyedie resa atenka nante kɔɔ adidi kronkron nhyiamu ase, na mmuaeɛ ma saa ‘ma yɛnhunu wo’ nsɛmmisa no yɛɛ den maa me.

“Nanso nokorɛ mu ɛyɛɛ Kwasiada Sukuu na ɛbuu m’akoma Asuadeɛ no—a wɔasusu sɛ ɛfa maamenom dibea kronkron ho—ntɛm so sesaa nneɛma ma ɛbɛyɛɛ ka no hyew so nhyiamu. M’akoma kɔɔ fam na nisuo sianee m’afono so bɔkɔɔ berɛ a metee sɛ mmaa no renwiinwii fa nhyira a mɛma biribiara de agye ho.

“Medwanee bɔkɔɔ firii asɔre. Ɛdi kan no, mampɛ sɛ mesan kɔ hɔ. Mampɛ sɛ mekɔ saa tena nkyɛn atenka tebea no mu bio. Nanso saa anadwo no, akyire yi a me ne me kunu akasa no, yɛhunuu sɛ yɛbɛkɔ so akɔ asɔre, ɛnyɛ sɛ Awurade aka nko ara, mmom nso yɛhunuu sɛ anigyeɛ a ɛba firi apam ntimu ne Honhom a yɛte ne nka no boro awerɛhoɔ a metee nka saa da no.

“Wɔ Asɔre no mu, akunafoɔ wɔ hɔ, awaregyaeɛfoɔ, ne asafomma nkoro nkoro; wɔn a wɔka abusuafoɔ ho a wɔahwe ase afiri asɛmpa no ho; nkorɔfoɔ a wɔwɔ koankorɔ yadeɛ anaa sikasɛm ho aperedie; asafomma a wɔwɔ bɔbea korɔ ntwetweɛ mu; asafomma a wɔredi dwuma sɛ wɔbɛdi akɔnnɔ anaa akyinnyeɛ so nkonim, ɛnkyɛreeɛ ahonufoɔ; afoforɔ a wɔaba asetena; awofoɔ a aka wɔn nko; na mmoano no kɔ so saa ara.

“Agyenkwa no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra Ne nkyɛn—ɛmmfa ho ne yɛn tebea. Yɛn apam ntimu nti na yɛba asɔre, sɛ yɛn gyedie bɛnyini, yɛbɛnya asomdwoeɛ, na yɛayɛ sɛdeɛ Ɔyɛɛ no mapa wɔ N’asetena mu—sɛ yɛsom afoforɔ a wɔte nka sɛ wɔnnka ho bi no.”9

Paulo kyerɛɛ mu sɛ, ɛnam Onyankopɔn so na wɔde Asɔre no asomfoɔ ma “sɛ ɛbɛsiesie ahotefoɔ no pɛyɛ, ama ɔsom adwuma no, ama Kristo nipadua no anya hann:

“Kɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛnya gyedie mu nkabom, ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ, akɔ onipa pɛyɛ mu, akɔ Kristo mayɛ tebea ne nsusuiɛ mu.”10

Afei, ɛyɛ awerɛhoɔ fɛwdie bi, sɛ obi, dwene sɛ ɔnhyia adepa wɔ asetena nsusuho nyinaa mu, na wɔwie sɛ wɔnka saa fekuo a Onyankopɔn ahyehyɛ ankasa sɛ ɛmmoa yɛn nkɔsoɔ nkɔ adepa mu.

Momma yɛnyae atemmuo wɔ Awurade nsam ne wɔn a Wayi wɔn, na yɛn ani nsɔ sɛ yɛbɛdɔ, na yɛasom yɛn ho yɛn ho sɛdeɛ yɛbɛtumi biara. Momma yɛmmisa No na ɔnkyerɛ yɛn kwan no, daa ne daa, sɛ “yɛde wɔn ahiafoɔ, wɔn a wɔadi dɛm, mpakye, ne anifirafoɔ,11—kyerɛ sɛ, obiara— bɛba Awurade apontoɔ kɛseɛ no ase.

Ka ho bi nkyerɛkyerɛ no fa a ɛtɔ so mmienu ka fa yɛn ankasa ntoboa ho. Ɛwom sɛ yɛntaa nnwene ho, nso yɛka ho bi no dodoɔ ba firi yɛn som ne afɔdeɛ a yɛyɛ ma afoforɔ ne Awurade. Adwene a yɛtwe no ntrasoɔ kɔ yɛn ankasa ahiadeɛ anaa yɛn ankasa ateyie so no tumi si ka ho bi atenka no kwan.

Yɛpere sɛ yɛbɛdi Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ akyi.

“Obiara a ɔbɛyɛ kɛseɛ wɔ mo ntam no, bɛyɛ mo somfoɔ

“Na mpo onipa Ba no amma sɛ wɔmmɛsom no, mmom sɛ ɔbɛsom, na ɔde ne nkwa ma sɛ mpatadeɛ ma dodoɔ no.”12

Ka ho bi remma berɛ a yɛretwɛn, mmom sɛ yɛbɛdi ahyia aboa yɛn ho yɛn ho.

Ɛnnɛ yi, anni ammoa, worehyira woankasa ho ama asɛm bi anaa wode biribi rebɔ afɔdeɛ ama obi foforɔ no rebɛyɛ amammerɛ a wɔtia. Wɔ adwini bi mu ma Deseret Magazine afe a atwam no, ɔtwerɛfoɔ Rod Dreher bɔ ɔne maame kumaa bi wɔ Budapest nkɔmmɔdie ho amanneɛ:

Wɔ Budapest keteke ketewa bi mu me ne … adamfoɔ bi a ɔwɔ mfeɛ 30 anim—ma yɛmfrɛ no Kristina—berɛ a yɛnam kwan so rekɔyɛ ɔbaa panin [Kristoni] bi ne ne kunu a wawuo a wɔgyinaa kwasafodepɛ aban ɔtaeɛ ano ho nhwehwɛmu. Berɛ a yɛnam ahenkuro no akwan so no, Kristina kasa faa den a ɛyɛ sɛ wodi nokorɛ ma nnamfoɔ a wɔyɛ ne mfeɛ so fa aperedie ho sɛ ɔyere ne mmɔfra nketewa maame.

“Kristina akwansideɛ yɛ ademu kwa ma ɔbaa a ɔnyiniiɛ a ɔresua sɛdeɛ ɔbɛyɛ maame ne ɔyere—nanso suban a anya nkɛntɛnsoɔ wɔ n’awoɔ ntoatoasoɔ ntam ne sɛ, asetena mu akwansideɛ yɛ ahunahuna bi ma obi yieyɔ na ɛwɔ sɛ wɔpo. Ɛtɔ da a ɔne ne kunu gye kyim?. Wɔka sɛ, ɛnneɛ ɛwɔ sɛ ɔgyae no. Ne mma hyɛ no abufuo? Ɛnneɛ ɛwɔ sɛ ɔde wɔn kɔ nkwadaa sukuu.

“Ɛha Kristina sɛ ne nnamfonom ntumi nnte ɔhaw ase, na mpo amanehunu yɛ asetena mu fa a asɛm nni ho—na ebia mpo asetena papa mu fa, sɛ saa amanehunu no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnya aboterɛ, nyɛ adɔfoɔ ne ayamyɛ.

“Notre Dame Suapɔn sukuu nyamesom asetena mu nsɛm ɔdenimfoɔ Christian Smith hunuu wɔ ne nhwehwɛmu fa mpanimfoɔ [mfeɛ] 18 kɔ 23 sɛ, dodoɔ no ara gye di sɛ manmufoɔ ɛnyɛ biribiara nkyɛn ankorankorɛ ahofadie mmoano a wɔapue regye wɔn ani.’13

Ɛnam saa nyansapɛ yi nti, biribiara a obi bɛhunu sɛ ɛyɛ den no ‘yɛ nhyɛsotrasoɔ su.’”14

Wode toto ho a, yɛn tetefoɔ akannifoɔ no nyaa ka ho bi atenka a ɛmu dɔ, nkabom, ne Kristo mu anidasoɔ nam wɔn afɔrebɔ a wɔyɛɛe kɔsomm wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu, sisii tɛmpol, gyaa ateyie afie wɔ ɔhyɛ ase ma wɔhyɛɛ aseɛ bio, na wɔ akwan afoforɔ bebree so dwiraa wɔn ho ne deɛ wɔwɔ maa Sion. Wɔpɛɛ sɛ ɛbɛhia mpo a wɔde wɔn nkwa bɔ afɔdeɛ Na yɛn nyinaa yɛ adedifoɔ wɔ wɔn boasetɔ mu. Ɛno ara yɛ nokorɛ ma bebree ɛnnɛ yi a wɔatumi ahwere wɔn abusua fekuo ne nnamfoɔ, ahwere adwuma ho kwan, anaa ebia wɔahunu nyiyimu anaa akyideɛ ho amanneɛ ɛnam asu a wɔabɔ nti. Nanso, wɔn akatua yɛ ka ho bi atenka a ahoɔden wɔ mu wɔ apam nkorɔfoɔ no ntam. Afɔdeɛ biara a yɛbɔ wɔ Awurade asɛm ho boa hyɛ yɛn kwan wɔ Ne nkyɛn den, ɔno a ɔde Ne nkwa maae sɛ agyedeɛ maa ɔdodoɔ.

Ankomadeɛ a ɛtwa toɔ na ɛho hia kɛse yɛ ka ho bi nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ Yesu Kristo dibea nnyinasoɔ. Sɛdeɛ ɛho hia biara, yɛmmɛka Asɔre no ho mma abusuabɔ nko ara, Yɛnam Yesu Kristo dɔ ne adom so bɛka ho ma ɔgyeɛ. Yɛbɛka ho bɛnya nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ no ne mmasoɔ ma yɛn ankasa ho ne wɔn a yɛdɔ wɔn wɔ nkatanimu no afa nyinaa. Yɛbɛka ho bɛyɛ bi wɔ Sion nkyekyereɛ ho adwuma kɛseɛ a ɛresiesie Awurade mmaeɛ no.

Asɔre no yɛ nkwagyeɛ ho apam ne mmasoɔ hwɛsofoɔ, a Onyankopɔn de ama yɛn nam asɔfodie kronkron no ayɛyɛdeɛ so.15 Ɛnam saa apam a yɛdi so yi na yɛnya ka ho bi atenka a ɛso pa ara na ɛmu dɔ yie no. Titenani Russell M. Nelson ɛnkyɛreeɛ twerɛɛ sɛ:

“Berɛ ko a yɛne Onyankopɔn akɔ apam no, yɛne N’ayɔnkofa no bɛn ho kɛse sene berɛ a na yɛnyɛɛ apam no. Seesei wɔakyekyere yɛn abɔ mu. Ɛnam yɛne Onyankopɔn apam no nti, Ɔremmerɛ da wɔ Ne mmɔdemmɔ mu sɛ ɔbɛboa yɛn, na yɛrenhwere N’ahummɔborɔ aboterɛ ma yɛn no da. Yɛn mu biara wɔ dabrɛ sononko wɔ Onyankopɔn akoma mu.

“Yesu Kristo na ɔyɛ saa apam yi nokorɛ bɔhyɛfoɔ (see Hebrufo 7:22; 8:6).”16

Sɛ yɛbɛkae yei a, Awurade anidasoɔ kɛseɛ ma yɛn no bɛkanyan na ɛmmu yɛn aba mu.

Yɛbɛtumi ate anigyeɛ nka berɛ a yɛdi akyire, ankorankorɛ ne kwasafo mu, “Kristo mayɛ susudeɛ no tebea so.”17 Ɛmfa ho ne hwammɔdie ne ɔhaw a ɛwɔ ɔkwan no so, ɛyɛ ahwehwɛdeɛ kɛseɛ. Yɛpagya na yɛhyɛ yɛn ho nkuran wɔ kwan a ɛkorɔn no akyidie mu, enhunu sɛ ɛmfa ho ne amanehunu ne twentwɛn nan ase wɔ bɔhyɛ nhyira mu, yɛbɛtumi ama yɛn “bo atɔ yɛn yam; [ɛfiri sɛ Kristo] adi wiase so nkonim,”18 na yɛka Ne ho. Ɔne Agya no yɛ baako no, akyinnyeɛ bi nni ho sɛ Ɔba, ne Honhom Kronkron no ne ka ho bi awieɛ.19

Ɛno nti, ka ho bi nkyerɛkyerɛ no siane bɛduru sei—yɛn mu biara bɛtumi afoa so sɛ: Yesu Kristo wu maa me; Ɔkyerɛkyerɛɛ me faa Ne mogya a ɛsombo ho. Ɔdɔ me na ɔbɛtumi asombo kɛse wɔ m’asetena mu. Sɛ me sakyera a, N’adom bɛsesa me. Me ne no yɛ baako wɔ asɛmpa apam no mu; Meka N’asɔre ne ahemman no ho; na meka ho bi wɔ n’asɛm a ɛde ɔgyeɛ rebrɛ Onyankopɔn mma nyinaa no.

Medi adanseɛ sɛ woka ho bi, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Adiyisɛm 5:9; hwɛ nso 1 Nifae 19:17; Mosaya 15:28; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 10:51; 77:8, 11.

  2. Teachings of Presidents of the Church: Joseph Smith (2007), 186.

  3. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 38:27.

  4. Nhumu hwehwɛfoɔ baako hyɛ no nso:

    Nyamesom a ayɛ kokoam asɛm kwa bi wɔ hɔ, abɛsi yɛn berɛ yi, a obiara nnim wɔ adasa atetesɛm mu—na ɛyɛ asɛm papa. Saa nyamesom yi so hwan ntɛm so kɔyɛ dan mu anigyebea, anigyeɛ adwuma bi a ɛfa ɔbaakofoɔ anaa nkorɔfoɔ dodoɔ, te sɛ worekenkan nwoma anaa rehwɛ ɔhwɛtie afidie. Ɛno nti ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛrehwehwɛ sunsum mu adeɛ abɛyɛ fene bi a aba. Ɛyɛ deɛ ankorankorɛ bi a wɔafiri nyamesom mu de anibereɛ rehwehwɛ sɛ ahyɛananmu.

    Honhom mu tebea ampa ara yɛ nyamesom mu ɛfa a ehia yie—mmom ɛfa ketewa bi, na ɛrentumi ɛnyɛ ahyɛananmu mma ne nyinaa. Nyamesom ɛnyɛ biribi sɛ adwene nhumu adwuma a ɛtɔ da a ɛma suahunu mmorosoɔ. Sɛ ɛbɛyɛ obi asetena tebea—obi asetena nyinaa—anaa ɛbɛyera, na agya anibereɛ akra a ada mpan akyire a adwene mu nyansahunu duyɛfoɔ rentumi nnuru mu. Na sɛ nyamesom bɛyɛ obi asetena tebea no, ɛhia sɛ ɛyɛ kwasafode na ɛda badwa mu; ɛhia sɛ ntoamu ba awufoɔ ne wɔn a wɔnnwoo wɔn” (Irving Kristol, “The Welfare State’s Spiritual Crisis,” Wall Street JournalƆgyefuo 3, 1997 A14).

  5. 1 Korintofoɔ 12:12–13, 25–26.

  6. Hwɛ Russell M. Nelson, “Perfection Pending,” Ensign, Nov. 1995, 86–88; Jeffrey R. Holland, “Be Ye Therefore Perfect—Eventually,” Liahona, Nov. 2017, 40–42.

  7. 1 Samuel 16:7.

  8. Sɛdeɛ Elder Jeffrey R. Holland kyerɛɛ adwene no, “‘Bra sɛdeɛ woteɛ no,’ Agya dɔfoɔ bi kakyerɛ yɛn mu biara, nanso Ɔde ka ho sɛ, ‘Ɛnhyehyɛ sɛ wobɛtena sɛdeɛ woteɛ no.’ Yɛnwenwene kae sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔyɛ yɛn bi ka ho kyɛn sɛdeɛ yɛdwene sɛ yɛbɛtumi ayɛ” (“Songs Sung and Unsung,” Liahona, Kɔtɔnimma 2017, 51).

  9. Jodi King, “Belonging in the Church through the Lens of Infertility,” Liahona, Ɔbɛnem 2020, 46, 48–49.

  10. Efesofoɔ 4:12–13

  11. Luka 14:21

  12. Marko 10:43 -45; nsisoɔ ka ho.

  13. Rod Dreher, “A Christian Survival Guide for a Secular Age,” Deseret Magazine, Oforisuo 2021, 68.

  14. Dreher, “A Christian Survival Guide for a Secular Age,” 68.

  15. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84: 19--22.

  16. Russell M. Nelson, “The Everlasting Covenant,” Liahona, Ahinime 2022, 6, 10.

  17. Efesofoɔ 4:13.

  18. Yohane 16:33.

  19. Hwɛ Yohane 17:20–23. Na afei mɛtu mo fo sɛ monhwehwɛ saa Yesu yi a nkɔmhyɛfoɔ ne asuafoɔ atwerɛ ne ho nsɛm yi no; ama Onyankopɔn Agya no adom, ne Awurade Yesu Kristo nso, ne Honhom Kronkron no, a ɛdi wɔn ho adanseɛ no, aba na abɛtena mo mu afebɔɔ” (Ether 12:41).

Tintim