Amansan Nhyiamu
Wopɛ sɛ Wonya Anigyeɛ?
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Wopɛ sɛ Wonya Anigyeɛ?

Nante apam kwan no so. W’asetena bɛyɛ mmrɛ, anigyeɛ, na ɛdɛ ahyɛ mu ma.

Wopɛ sɛ Wonya Anigyeɛ? Deɛn na ɛmma w’ani nnye? Titenani Nelson kaa sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wo wrɛ ho a, bu mmransɛm no so—na nsakyera w’adwene da. Sɛ wopɛ anigyeɛ a, nante apam kwan no so.”1 Enti ɛnyɛ mmerɛ sɛ wobɛnya anigyeɛ? Yɛ apam na di so kɛkɛ wɔ w’abrabɔ mu. Momma yɛnsan nhwɛ nneɛma bi a ɛbɛtumi aboa yɛn ama yɛatena apam kwan no so na yɛn ani agye.

1. Deɛn ne Apam Kwan no?

Sɛdeɛ Elder Dale G. Renlund: “Kasasin teɛ ni apam kwan no kyerɛ apam ahodoɔ a yɛnam so ba Kristo nkyɛn na yɛne No kabom . Ɛnam saa apam ayɔnkofa yi nti, yɛwɔ Ne daapem tumi no hokwan. Ɔkwan no firi aseɛ wɔ gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne adwensakyera mu, na ɛno akyi no, asubɔ ne Honhom Kronkron a wɔgye.”2 Yɛhyɛ apam no mu kena berɛ biara a yɛfa adidi kronkron no.

Yɛde asubɔ apam no hyɛ aseɛ no, na yɛyɛ apam pii wɔ yɛn abrabɔ nyinaa mu. Bio, Elder Renlund kaa sɛ: “Apam kwan no kɔ tɛmpol ayɛyɛdeɛ mu, te sɛ tɛmpol akyɛdeɛ kronkron gyeɛ. Akyɛdeɛ kronkron no yɛ Onyankopɔn apam kronkron akyɛdeɛ a ɛka yɛn bata Ne ho yie.”3

2. Enti Wowɔ Apam Kwan no so?

Ɛtɔ da bi a, sɛ yɛyɛ apam a, yɛntumi nniso. Sɛ ɛba saa a, yɛbɛyɛ dɛn asan akɔ apam kwan no so? Ma menkyɛ nhwɛsoɔ bi a ɛkyerɛ sɛ yɛsan kɔ apam kwan no so.

Bɛboro bosome baako ne kakra a atwam ni, menyaa nkrasɛm bi firii asɛmpatrɛni bi a ɔne yɛn somm wɔ asɛmpatrɛ dwuma no mu. Ɔkaa sɛ: “Berɛ a ɛtwa toɔ no mu ayɛ den. Abufuo ne adwene mu haw a mereko tia da biara da no ayɛ me duru na ɛyɛ den yie. Mete nka sɛ meyɛ ankonam na mayɛ mmɔbɔ. Mabɔ mpaɛ ahwehwɛ yɛn Soro Agya akwankyerɛ fa asomdwoeɛ ne awerɛkyekyerɛ ho wɔ deɛ mɛtumi ayɛ de ako atia ahokyerɛ no. Berɛ a na merebɔ mpaeɛ, metee honhom no nkanyan a ɛreka kyerɛ me sɛ ɛwɔ sɛ metua me ntotosoɔ du du nyinaa. Metee honhom no nka dendenden na ntɛm ara na menyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ saa. Ɔpɛ a menyaae sɛ mɛyɛ saa nti metee nkanyan no sɛ ‘Sɛ wotua wo ntotosoɔ du du a biribiara bɛyɛ AANE.’ Meda so ara repere sɛ mɛnya asomdwoeɛ, nanso mewɔ adansedie wɔ yɛn Agyenkwa no mu sɛ ɛnam me setie so mɛtumi ate nka na manya asomdwoeɛ a merehwehwɛ no wɔ m’akoma ne m’adwene mu. Nnansa yi ara masi gyinaeɛ sɛ mɛsan aba asɔre no mu na mahwehwɛ honhom no wɔ nea meyɛ nyinaa mu.”

Afei ne ho yɛ paa. Wobɛtumi nso abisa Ɔsoro Agya asomdwoeɛ, nanso mmuaeɛ no bɛtumi ayɛ soronko wɔ nea wohwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ no ho. Berɛ tenten a wohwehwɛ sɛ wobɛhu Agyenkwa no na wobɔ Ɔsorɔ Agya mpaɛ no, Ɔbɛma wo mmuaeɛ a wɔahyɛ da ayɛ ama wo.

Titenani Monson akyerɛkyerɛɛ sɛ:

“Adesuadeɛ kɛseɛ a yɛbɛtumi anya wɔ asetena yi mu ne sɛ, sɛ Onyankopɔn kasa na yɛtie a, dabiara yɛbɛdi bem.”4

“Sɛ yɛdi mmaransɛm no so a, yɛn abrabɔ bɛyɛ anigyeɛ pa ara, ɛhyɛ ma, na ɛmmɛyɛ den pii bio. Yɛn haw ne amanehunu bɛyɛ mmrɛ ama yɛn, na yɛbɛnya [Onyankopɔn] nhyira.”5

Berɛ a wɔfrɛɛ me sɛ menyɛ bishop no, na ɛyɛ mmerɛ a na ɛyɛ den paa ara wɔ m’abrabɔ mu. Na meyɛ agya kumaa a na mewɔ me mfeɛ madi 30 mpenpensoɔ a na mewɔ haw mu na sikasɛm mu ahokyere mu esiane abusua mu nsɛnsɛm nti. Mannya ano aduro biara, na misusuu sɛ nsɛmdennen no remma awieeɛ da. Na mabrɛ wɔ sikasɛm ne abrabɔ mu. Mehyɛɛ aseɛ gyee me honhom fam ahoɔden nso ho akyinyeɛ. Ɛyɛ saa berɛ a ɛmu yɛ den no mu na me stake titenani maa me saa ɔfrɛ adwuma no. Megyee ɔfrɛ no too mu ɔkwan biara so, ɛwom sɛ na ɛyɛ den deɛ.

Me yere nso ne stake titenani, no dii nkɔmɔ, nanso wantumi anka aane anaa daabi nanso ɔkɔɔso tee nisuo. Osuu nnaawɔtwe no nyinaa, bisaa Ɔsoro Agya sɛ, “Adɛn nti na saa berɛ yi?” na “Enti wonim ankorankorɛ biara ampa?” Wannya mmuaeɛ, nanso wɔgyee me too mu sɛ bishɔp Kwasiada a ɛdi hɔ no. Wammisa Ɔsoro Agya saa nsɛm no bio na mmom ɔboaa me wɔ me frɛ mu mfeɛ nsia.

Kwasiada a wɔgyaee me no, me yere tee nne bi berɛ a na ɔregye adidi kronkron no. Ɛnne no ka kyerɛɛ no sɛ, “Esiane sɛ na ɛyɛ den dodo ma wo sɛ wobɛnante nti, mefrɛɛ no sɛ bishɔp sɛnea mɛkura wo na manante ama wo.” Berɛ a ɔhwɛɛ mfeɛ nsia a na atwam no, ɔhunuu sɛ afei deɛ wɔasiesie nsɛnnennen pii a na ɛte sɛ deɛ ɛnni awieeɛ no nyinaa wɔ kwan bi so.

Yɛsuaa sɛ, sɛ yɛsusu sɛ ɛnyɛ berɛ pa ma yɛn sɛ yɛbɛgye ɔfrɛ a, ɛbɛtumi ayɛ berɛ a yɛhia saa frɛ no paa ara. Berɛ biara a Awurade bɛka sɛ yɛnsom wɔ ɔfrɛ biara mu, sɛ ɛyɛ ɔfrɛ a ɛmu yɛ hare anaa ɛmu yɛ duru no, Ɔhunu yɛn ahiadeɛ. Ɔma yɛn ahoɔden a yɛhia na ɔwɔ nhyira a wasiesie sɛ ɔbɛhwie agu yɛn so berɛ a yɛde nokorɛdie som no.

Nnoɔma foforɔ pii wɔ hɔ a ɛtwetwe yɛn adwene firi apam kwan no so sɛ yɛbɛfa so. Ɛmfa ho sɛnea ɛte biara no, ɛnka akyi da sɛ yɛbɛdane yɛn akoma akɔ Ɔsoro Agya nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa. Elder Paul V. Johnson kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ: “Sɛ yɛdi Ɔbonsam akyi a, yɛma no tumi. Sɛ yɛdi Onyankopɔn akyi a, Ɔma yɛn tumi.”6

Ɔhene Benjamin wɔ Mormon Nwoma mu di adanseɛ sɛ: “Mɛpɛ sɛ mobɛdwennwene nhyira ne anigyeɛ tebea a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmaransɛm so ho. Na hwɛ, wɔahyira wɔn wɔ nneɛma nyinaa mu, wɔ honam ne honhom mu; na sɛ wɔgyina pintinn wɔ gyedie mu kɔsi awieeɛ a wɔbɛgye wɔn akɔ soro, ama wɔn ne Onyankopɔn akɔtena wɔ anigyeɛ a ɛnni awieeɛ mu.”7

Ɔkwan Bɛn so na Onyankopɔn Apam a Woredi so no Bɛtumi Ama W’ani Agye?

Me yere ka sɛ yɛn awareɛ no ka yɛn bom, na ɛno nti ɔtumi yɛ nneɛma a na ɔntumi nyɛ kane no. Sɛ nhwɛsoɔ no, ɛfiri berɛ a na ɔyɛ abɔfra no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛpue wɔ sum mu, nanso ɛnyɛ den bio ɛfiri sɛ me ka ne ho. Ɔyɛ tietia na ɔntumi nyi adeɛ a wɔ soro, mmom gye sɛ ɔgyina akonnwa anaa atwedeɛ so, nanso metumi duru soro baabi a ɛware yi adeɛ ma no ɛfiri sɛ meware sene no. Saa ara na yɛrefa yɛn Agyenkwa konnua ato yɛn so no teɛ. Sɛ yɛde yɛn ho bɔ No a, yɛbɛtumi ayɛ nneɛma a yɛn ankasa ntumi nyɛ ɛfiri sɛ Ɔtumi yɛ nneɛma a yɛrentumi nyɛ mma yɛn ho.

Elder David A. Bednar kaa sɛ: “Apam kronkron a yɛyɛ na yɛdi so no de yɛn ba Awurade Yesu Kristo nkyɛn na yɛne no nante. Ne titire no, Agyenkwa no refrɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Ne so na yɛne No ntwe mmɔ mu, ɛwom sɛ yɛntumi mfa yɛn mmɔdemmɔ ntoto Ne deɛ ho. Sɛ yɛde yɛn ho to Ne so na yɛne No soa yɛn adesoa wɔ asase so akwantuo mu a, ampa ara Ne konnua yɛ mmerɛ, na N’adesoa mu yɛ haret.”8

itenani Nelson akyerɛkyerɛ sɛ:

Ɔkaa sɛ, “Wo ne Agyenkwa no a wode kɔnnua bɛbɔ no kyerɛ sɛ wobɛnya kwan akɔ N’ahoɔden ne N’egyeɛ tumi so.”9

“Akatua a ɛwɔ Onyankopɔn apam so die mu yɛ ɔsoro tumi—tumi a ɛhyɛ yɛn den ma yɛgyina yɛn ɔhaw, sɔhwɛ, ne tipaeɛ ano yie. Saa tumi yi ma yɛn kwan yɛ mmrɛ. Wɔn a wɔdi Yesu Kristo mmara akunini soɔ no nya kwan kɔ Ne nhyira akunini mu.”10

“Apam a wobɛdi so no ma asetena yɛ mmrɛ ankasa! Onipa biara a ɔyɛ apam wɔ asubɔ amena mu ne tɛmpol mu—na ɔdi soɔ no—wɔ akwanya pii de kɔ Yesu Kristo tumi mu.”11

Me nuanom mmarima ne mmaa, mopɛ sɛ monya anigyeɛ? Nante apam kwan no so. W’asetena bɛyɛ mmrɛ, anigyeɛ, na ɛdɛ ahyɛ mu ma. Agyenkwa no refrɛ yɛn, “Mommra me nkyɛn, mo a moyɛ adwuma na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, na mɛma mo ahome.”12 Ɔno ne Kristo teasefoɔ no. Ɔsoa yɛn nnesoa na ɔma yɛn asetena yɛ mmrɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim