Amansan Nhyiamu
Agyenkwa Ayaresa Tumi no wɔ “Ɔpo supɔ so”
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Agyenkwa Ayaresa Tumi no wɔ “Ɔpo supɔ so”

Ɛnam tɛmpol nhyira so, Agyenkwa no sa ankorankoro, mmusua, ne aman.

Wɔ 1960 ahyɛaseɛ no papa kyerɛɛ adeɛ wɔ Asɔre College a ɛwɔ Hawaii wɔ Lale, faako a wɔwoo me no. Menuabaa panin a ɔtɔ so nson hyɛɛ sɛ m’awofoɔ nto me din “Kimo,” a ɛyɛ Hawaiifoɔ din. Na yɛte bɛn Laie Hawaii Temple berɛ a na ɛsom Asɔremma dodoɔ no wɔ Asia Pacific Mpɔtam, a Japan ka ho.1 Wɔ saa mmerɛ yi na Japan Ahotefoɔ akuo, akuo hyɛɛ aseɛ baa Hawaii bɛgyee tɛmpol nhyira no.

Saa nkorɔfoɔ yi mu baako ne onuabaa ɔhoɔfɛfoɔ bi a ɔfiri Okinawa supɔ bi so. Ne Hawaii Tɛmpol akwantuo no abasɛm yɛ sononko. Mfeɛ mmienu a na ɛdi animu no, ɔware wɔ Buddist amammerɛ nhyehyɛeɛ kwan so. Abosome kakra bi akyi, Japan kɔto hyɛɛ Pearl Harbo, Hawaii, de United States ne Japan too ɔko mu. Wɔ ako a na asɔre mu te sɛ Midway ne Iwo Jima, ako no ho mframa piaa Japan asraafoɔ no kɔɔ Okinawa mpoano, banbɔ hyeɛ so a wɔde regyina atia Asraafoɔ a wɔaka wɔn ho abom wɔ Japan nsase mfimfini.

Bosome mmiɛnsa awerɛhoɔ mu wɔ 1945, Okinawa Ko no sɔree wɔ abufuo mu. Amerika ko ahyɛn twaa supɔ no ho hyiaae a wɔreboro no atuo. Asraafoɔ ne temanmufoɔ bebree totɔeɛ. Ɛnnɛ animduro honini bi a ɛwɔ Okinawa kyerɛ sɛ nnipa a wɔnim wɔn din boro 240,000 na wɔwuu wɔ ko no mu.2

Ahopepereɛ mu a wɔredwane afiri ɔko no mu, saa Okinawani baa yi, ne kunu, ne nkwadaa nketewa baanu kɔsiee wɔ ɔbodan bi mu. Wɔfaa awerɛhoɔ a ɛboro soɔ mu wɔ nnawɔte ne abosome a ɛtoa so no.

Anadwo bi ahopere mu wɔ ɔko no mu, na ɔkɔm rekum ɔne n’abusua na ne kunu tɔree mum no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde bɔmbo ketewa bi mpanimfoɔ de maa ɔne afoforɔ wɔ saa botae korɔ no ara ɔde bɛdi ne ho awu. Nanso berɛ a ɔyɛɛ sɛ ɔrebɛyɛ saa no, honhom mu suahunu sononko bi so bueeɛ a ɛmaa no Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma no no nokorɛ a ɛyɛ, a ɛmaa no ahoɔden de toaa so. Nna a ɛtoaa soɔ no, ɔnyanee ne kunu na ɔmaa n’abusua no wura, ɛwoɔ, ne mmoa a ɔkyeree wɔn firii asuwa bi a ɛbɛn wɔn no mu diiɛ. . Anwanwasɛm, wɔdii abosome nsia wɔ ɔbodan no mu, kɔsii berɛ a kuromfoɔ no bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔko no aba awieeɛ.

Berɛ a abusua no san baa fie bɛhyɛɛ ɔbra ase foforɔn, saa Japanni baa hyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ Onyankopɔn ho nsɛm mmuaeɛ. Nkakrankakra ɔnyaa gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu. Nanso ɔdwenee n’adɔfoɔ ne ne maame a ɔwoo no a wɔawuwu a wɔnni Yesu Kristo ne asubɔ ho nimdeɛ no.

Dwene n’anigyeɛ berɛ a dakoro bi, asɛmpatrɛ anuanom mmaa baanu firi Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu baa ne fie na wɔkyerɛkyerɛɛ no sɛ owuo akyi, nnipa bɛtumi asua Yesu Kristo ho asɛm wɔ honhom wiase. N’ani gyee wɔ nkerɛkyerɛ sɛ n’awofoɔ bɛtumi afa sɛ wɔbɛdi Yesu Kristo akyi wɔ owuo akyi na wagye n’asubɔ a wɔbɔ ma wɔn wɔ kronkron mmea a wɔfrɛ no tɛmpol. Ɔne n’abusua sakyera maa Agyenkwa no na wɔbɔɔ asu.

N’abusua yɛɛ adwuma den na wɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ frɔmfrɔm, wɔwoo mma mmiɛnsa kaa ho. Na wɔyɛ agyidifoɔ a wɔyɛ nam wɔ Asɔre no mu. Afei, mpofirimu, ne kunuu nyaa nnwodwoeɛ yareɛ wuii, na ɛhyɛɛ no maa ɔyɛɛ nnwuma mmɔho nnɔnhwere bebree mfeɛ bebree de hwɛɛ ne mma.

N’abusua mu nnipa bi ne ne borɔnosofoɔ tweetwee no. Wɔbɔɔ no soboɔ sɛ n’amanehunu nyinaa firi sɛ wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛdɔm Kristofoɔ asɔre. Wanhyɛ da anfii atoyerɛnkyɛm ne kasatia denden no, na ɔsɔɔ ne gyedie wɔ Yesu Kristo den, sii nkete sɛ ɔbɛpere akɔ n’anim, na ɔgyedi sɛ Onyankopɔn nim no na nna pa wɔ n’anim.3

Mfeɛ kakra wɔ ne kunu wuo no akyi, Japan mission president no nyaa nkanyan hyɛɛ Japan asɔremma no wɔnyɛ ahoboa sɛ wɔbɛkĨɔ tɛmpol. Na mission president no yɛ Amerika sraani dada wɔ Okinawa ko no a Okinawaii onuabaa no ne n’abusua hunuu mu amane pii no.4 Mmom, onuabaa hobrɛaseɛfoɔ kaa sei faa ne ho: “Na ɔyɛ yɛn tamfo pa ara no mu baako, nanso seesei ɔde ɔdɔ ne asomdwoeɛ asɛmpa na ɛwɔ ha. Me deɛ, na yei, yɛ anwanwadwuma.”5

Ɔtee asɛmpatrɛ adwuma president no nkrasɛm no, onuabaa kunani pɛɛ sɛ wɔsɔ ɔne n’abusua ano wɔ tɛmpol da bi. Nanso na ɛnkɔ yie mma no, ɛnam sikasɛm ne kasa akwansideɛnti.

Ano aduro pii a wɔdeyɛ adwuma yii ne ti. Wɔbɛtumi akyɛ ɛboɔ no mu mmienu sɛ asɔremma a wɔwɔ Japan no han adupre de kɔ Hawaii wɔ ahomegyeɛ berɛ mu.6 Asɔremmaa yɛɛ rɔba bi tɔnee a wɔfrɛ no Japanese Saints Sing. Asɔremma bi mpo tɔnee afie. Afoforɔ nso gyaee wɔn nnwuma tuu kwan no.7

Na akwansideɛ afoforɔ ma asɔremma no yɛ tɛmpol yikyerɛ no a ɛnni Japan kasa mu no. Asɔre akannifoɔ frɛɛ Japanni nuabarima bi kɔɔ Hawaii sɛ ɔkɔ kyerɛ akyɛdeɛ kronkron dwumadie no ase.8 Ɔne Japannii a ɔsakyeraa kane wɔ ɔko no akyi, a Amerika asraafoɔ na wɔkyerɛkyerɛɛe na wɔbɔɔ no asu.9

Berɛ a Japanfoɔ asɔremma a wɔwɔ Hawaii tee nkyerɛaseɛ no a ɛdi kan no wɔsuiɛ. Asɔreba baako twerɛɛ sɛ: “Yɛakɔ tɛmpol mprɛ bebrebee. Yɛtee dwumadie wɔ Engresi kasa mu. [Nanso] yɛntee tɛmpol adwuma no honhom te sɛ deɛ yɛte no seesei no [retie no] wɔ yɛn ara kasa mu.”10

Saa afe no ara awieeɛ, mpanimfoɔ ne nkwadaa 161 foroo hyɛn firii Tokyo tuu kwan kɔɔ Hawii Tɛmpol. Japanni nuabarima baako kaee akwantuo no; “Berɛ a mehwɛɛ adupre no mu na mehunuu Pearl Harbor, na mekaee deɛ yɛn man yɛ maa saa nkorɔfoɔ yi Ɔpɛnima 7, 1941 no, me suroo wɔ m’akoma mu. Wɔbɛgye yɛn? Nanso anwanwasɛm, wɔkyerɛɛ ɔdɔ kɛseɛ ne ayamyɛ sene deɛ mahunu pɛn wɔ m’abrabɔ mu.”11

Mfoni
Wɔde leis nhwiren maa Japan Ahotefoɔ no akwaaba.

Japan ahotefoɔ no duruuiɛ no, Hawaiifoɔ asɔremma no de nhwiren nhoma maa yɛn akwaaba berɛ a wɔbam na wɔfe yɛn afono ho, amammerɛ a ɛyɛ hɔhoɔ ma Japanfoɔ. Yɛdii nsakyeraeɛ nna 10 wɔ Hawaii akyire no, Japan ahotefoɔ de “Aloha Oe” a Hawaii ahotefoɔ no toeɛ gyaa yɛn kwan.12

Japan asɔremma tɛmpol akwantuo a ɛtɔ so mmienu no na Okinawa onuabaa kunani no ka ho. Ɔtwaa akwansin 10,000 (16,000-km) akwantuo no, aseda nka asɛmpatrɛfoɔ a wɔn nsamgoɔ akyɛdeɛ a wɔde maae a wɔfiri ne wɔɔdo na ɔne wɔn ato nsa adidi. Berɛ a ɔwɔ tɛmpol no, ɔyɛɛ ananmusie asubɔ maa ne maame ne nsɔano maa ne kunu a wawuo.

Tɛmpol nsrahwɛ de firi Japan kɔ Hawaii toaa so kɔpem berɛ a wɔhyiraa Japan Tɛmpol wɔ 1980, tɛmpol a ɛtɔ so 18 a ɛreyɛ adwuma. Saa afe yi wɔ Obubuo mu, wɔbɛhyira tɛmpol a ɛtɔ so 181 so wɔ Okinawa, Japan. Ɛbɛn ɔbodan a saa ɔbaa yi ne n’abusua kɔsiee mu no wɔ Okinawa mfimfini.13

Mmom manhyia onuabaa nwanwani a ɔfiri Okinawa deɛ, nanso n’apɛgyadeɛ te ase wɔ n’asefoɔ agyidifoɔ no mu.14

Me papa, World War II sogyani dada ma Pacific, ani gyeeɛ berɛ a me nsa kaa asɛmpatrɛ frɛ wɔ Japan sɛ abarimaa. Mekɔduruu Japan Tɛmpol no hyira soɔakyi na ɛdi kan no mehunuu wɔn dɔ a wɔwɔ ma tɛmpol.

Tɛmpol apam yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri yɛn Soro Agya hɔ de ma Ne Ba, Yesu Kristo akyidifoɔ nokwafoɔ no. Ɛnam tɛmpol so, yɛn Soro Agya ka ankorankoro ne mmusua bɔ Agyenkwa no ne afoforɔ mu.

President Russell M. Nelson paee mu kaa no afrasɛɛ:

“Onipa biara a ɔyɛ apam wɔ asubɔ amena mu ne tɛmpol mu—na wɔdi soɔ no—wɔ akwanya pii de kɔ Yesu Kristo tumi mu.

“Akatua a ɛwɔ Onyankopɔn apam so die mu yɛ ɔsoro tumi—tumi a ɛhyɛ yɛn den ma yɛgyina yɛn ɔhaw, sɔhwɛ, ne tipaeɛ ano yie. Saa tumi yi dwodwo yɛn kwantuo ano.”15

Ɛnam tɛmpol nhyira so, Agyenkwa no sa ankorankoro, mmusua, ne aman— mpo wɔn a berɛ bi wɔgyinaa sɛ atamfoɔ yaerɛ. Awurade a wasɔre afiri awufoɔ mu paee mu ka kyerɛɛ aman a ɔko amene wɔn, wɔ Mormon Nwoma no mu a wɔde nnidie ma “me din, na Ɔteneneeni Ba no de ayaresa bɛsɔre wɔ n’ataban mu.”16

Ɛyɛ me anisɔ sɛ meyɛ danseni wɔ Awurade bɔhyɛ mmaeɛ no mu “berɛ no bɛba a Agyenkwa no ho nimdeɛ bɛterɛ afa aman, abusuafoɔ, kasa, ne nnipa,”18 a “ɔpo so supɔ kaho.”17

Medi Agyenkwa Yesu Kristo ne Ne nkɔmhyɛni ne asomafoɔ wɔ nna a ɛdi akyire yi ho adanseɛ. Medi adanseɛ nokorɛ mu wɔ ɔsoro tumi a ɛkyekyere wɔ soro deɛ wɔakyekyere no wɔ asase so.

Yei yɛ Agyenkwa no adwuma, na tɛmpol yɛ Ne fie kronkron.

Wɔ gyedie a ɛnhinhim mu, mepae mu ka saa nokorɛ yeinom wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. President Heber J. Grant na ɔhyiraa Laie Hawaii Temple no wɔ 1919 mu. Sɛ Ɔsomafoɔ no, ɔbuee Asɔre no ano wɔ Japan 1901 mu. Na ɛyɛ tɛmpol ɛtɔ so num a ɛreyɛ adwuma ne tɛmpol a ɛdi kan a wɔasi no baabi a ɛnyɛ United States.

  2. Wɔ Ɔbɛnim 2, 2023 no, na edin 241,281 na na wɔakrukyire ago nkaedum no ho.

  3. Hwɛ Gordon B. Hinckley, “Keep the Chain Unbroken” (Brigham Young University devotional, Obubuo 30, 1999), speeches.byu.edu.

  4. Dwayne N. Andersen piraa wɔ Okinawa ko no mu. Ɔsomee sɛ mission president wɔ Japan firi 1962 kɔsi 1965 na ɔne Tokyo Japan Tɛmpol president a ɔdi kan, firi 1980 kɔsi 1982.

  5. Mene me yere hyiaa n’abusuafoɔ berɛ a mesomee sɛ asɛmpatrɛ kandofoɔ wɔ Tokyo. Na wɔde saa nsɛm yi maa me firi ɔno ara abusua abakɔsɛm twerɛtohɔ mu.

  6. Hwɛ Dwayne N. Andersen, An Autobiography for His Posterity, 102–5, Church History Library, Salt Lake City.

  7. Hwɛ Dwayne N. Andersen, 104.

  8. Hwɛ Edward L. Clissold, “Translating the Endowment into Japanese,” Stories of the Temple in Lā‘ie, Hawai‘i, comp. Clinton D. Christensen (2019), 110–13.

  9. US somfoɔ, C. Elliott Richards. na ɔbɔɔ Asekyerɛni, Tatsui Sato, asu wɔ Kutawonsa 7, 1946. Boyd K. Packer na ɔbɔɔ Tatsui yere, Chiyo Sato, asu da no ara. Mpaepaemu no, Neal A. Maxwell koo wɔ Okinawa Ko no mu, ɛna L. Tom Perry kɔ kaa Marinefoɔ a wɔdii kan kɔɔ Japan mpoano wɔ asomdwoeɛ abua no akyi. Elder Packer, Maxwell, ne Perry bɛba abɛyɛ Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu mma.

  10. Wɔ Clissold, “Translating the Endowment into Japanese,” 112.

  11. Wɔ Dwayne N. Andersen, “1965 Japanese Excursion,” Stories of the Temple in Lā‘ie, Hawai‘i, 114.

  12. Hwɛ Andersen, “1965 Japanese Excursion,” 114, 117.

  13. Wɔ Ahinime 2023 amansan nhyiamu fa yi mu, President Russell M. Nelson de tɛmpol afoforɔ 20 too dwa, a Osaka Japan Tɛmpol, a ɛbɛyɛ tɛmpol a ɛtɔ so num wɔ Japan.

  14. Yɛn asɛmpatrɛ adwuma berɛ wɔ Tokyo firi 2018 kɔsi 2021, wɔ COVID nsanyareɛ haw mu, n’abusua kyerɛɛ ɔdɔ ne ahwɛyie maa m’abusua, a yɛbɛda wɔn ase daadaa.

  15. Russell M. Nelson, “Di Wiase so Nkonim na Nya Ahome,” Liahona, Obubuo. 2022, 96.

  16. 3 Nephi 25:2.

  17. Mosiah 3:20.

  18. 2 Nephi 29:7.

Tintim