2018
Monte mo ho nka aberɛ biara, baabiara, kwanbiara
January 2018


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkrasɛm, Ɔpɛpɔn 2018

Monte mo ho nka aberɛ biara, baabiara, kwanbiara

Nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ yɛ ɔsom. Yesu som aberɛ biara ne baabiara. Yɛbɛtumi ayɛ saa.

Ɔsom yɛ sɛ yɛbɛyɛ adɔiɛ, ne mmoa a ɛde awerɛkyekyerɛ anaa anigyeɛ berɛ afoforɔ. Nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ yɛ sɛ yɛbɛhu kwan a yɛbɛfa so asom wɔn a yɛsra no. Yesu Kristo som obiara—aberɛ biara ne baabiara. Ɔmaa nnipa 5,000 aduane, kyekyeree mary and Martha werɛ berɛ a wɔn nuabarima wuui, na Ɔkyerɛɛ ɔbaa no N’asɛmpa no wɔ abura no ho. Ɔyɛɛ saa esiane sɛ ɔwɔ ɔdɔ mapa.

Sɛ yɛdi Ne nhwɛsoɔ akyi sɛ nsrahwɛ akyerɛkyerɛfoɔ a, yɛbɛhu na yadɔ ɔbaa biara a yɛsra, na yahu sɛ ɔdɔ yɛ deɛ yɛyɛ nyinaa fapem. Sɛ yɛbɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛhu kwan a yɛbɛfa so asom, aboa ama gyidie anyini a, “abɔfoɔ bɛyɛ yɛn ayɔnkofoɔ.”1

Firi berɛ a yɛkyekyeree Mmaa Kuo wɔ 1842 bɛsi nnɛ, asomfoɔ mmaa ayɛ nhyira ama nnipa pii. Nhwɛsoɔ, okunafoɔ Joan Johnson a wadi mfie 82 ne ne nsrahwɛ hokani kɔsraa onua bi a wadi 89 na ɔyare ‘pneumonia. Wɔn hunuu sɛ onua no hia sɛ wɔbɛtaa asra no kyɛn bosome, nti wɔhyɛɛ aseɛ sraa no nawɔtwe biara anaa wɔfrɛ no wɔ tetefon so.

Ebinom de nkransɛm fa tetefon so anaa ‘email’ so de hyɛ wɔn a wɔsra no nkuran wɔ bosome mu. Nsrahwɛ nhini ne sɛ yɛbɛkɔ nsrahwɛ ahunu wɔn anim na yatie wɔn wɔ ɔdɔ so. Abɛɛfo mfidie ne anim anim nsra boa yɛn ma yɛtumi yɛ no aberɛbiara, baabiara ne akwan ahodoɔ pii so.2 Ɛkyerɛ sɛ yɛresom sɛdeɛ Yesu yɛɛ no.

Atwerɛ

  1. Asɔre Nkɔmhyɛfoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2007), 454.

  2. Hwɛ Asɔre dwumadie Nwoma 2 no mu: Asɔre no so hwɛ (2010), 9.5.1.

Tintim