2018
Adom mu Akyɛdeɛ no
January 2018


Atitenafo a WɔdiKan no Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2018

Adom mu Akyɛdeɛ no

Titenani Thomas S. Monson akyerɛ sɛ “Yasɛdeɛ ne sɛ yɛbɛfiri agodie mu akɔ mmɔdemmɔ mu, afiri nkoguodie mu akɔ nkonimdie mu.” “Yasodie ne sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho mmɔdenn. Onyankopɔn akyɛdeɛ kɛseɛ paa Ɔde ama yɛn ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtumi ayɛ biribi biom, nkuguo biara ne hɔ a ɛwɔ sɛ ɛyɛ awieɛ.”1

Sɛ yɛresi afe foforɔ mu a, yɛtaa si agyinaɛ ne nhyihyɛɛ foforɔ. Yɛsi agyinaeɛ sɛ yɛbɛkɔ yanim, yɛbɛsesa, yɛbɛbɔ mmɔdenn bio. Ɛbia kwan a ɛsombo a yɛbɛtumi afa so ne sɛ yɛbɛgye deɛ Titenani Monson frɛ no “adwenesakra akyɛdeɛ.”2

Deɛ ɛdidi soɔ yi yɛ nkyerɛkyerɛ a Titenani Monson akyerɛ firi berɛ a wɔfrɛɛ no sɛ asɔre no Titenani, ɔtu yɛn fo sɛ “yɛmfa Kristo mpata mogya no nyɛ adwuma sɛdeɛ yɛbɛnya bɔnefakyɛ, ne akoma a ɛmu teɛ.”3

Anwawadeɛ a Bɔnefakyɛ yɛ

“Yɛn nyinaa ayɛ mfomsoɔ. Sɛ yɛnnyɛɛ nsiesie wɔ saa mfomsoɔ no ho a, meka si so dua sɛ ɛkwan wɔ hɔ sɛ mobɛyɛ saa. Saa kwan no ne adwensakra. Mesrɛ wo sɛ sesa firi wo mfomsoɔ ho. Yɛn Agyenkwa no wuui sɛdeɛ me ne wo bɛnya saa nhyira akyɛdeɛ yi. Ɛwom sɛ kwan no nyɛ mmrɛ, bɔhyɛ no yɛ nokorɛ: ‘sɛ wobɔne tesɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera’ [Yesaia 1:18]. ‘Na Me Awurade, menkai biom’ [D&C 58:42]. Ɛmfa wo daa nkwa nni agorɔ. Sɛ wayɛ bɔne a, ntɛmpaara a wobɛsan wakyi no, saa berɛ noara na wobɛnya asomdwoeɛ mu ɔdɛ ne anigyeɛ a ɛwɔ bɔnefakyɛ anwanwadeɛ mu”4

San bra kwan no mu.

Ɛwɔm sɛ ɛho hia pa ara sɛ yɛpaw deɛ nyansa wɔm deɛ, nanso ɛtɔ da a yɛyɛ deɛ ɛyɛ agyimisɛm. Nsakyeraeɛ akyɛdeɛ a yɛn Agyenkwa no de ama no ma yɛtumi siesie sa a yɛretwa no, ama yɛatumi asan akɔ kwan a ɛde yɛn bɛkɔ sɛlɛstia animuonyam a yɛrehwehwɛ no mu.”5

Wakyi kwan no

“Sɛ momubi apoli wɔ n’akwantuo mu a, mekasi so dua sɛ ɛkwan wɔ wakyi. Saa kwan no ne adwensakra. Ɛwom sɛ kwan no yɛ den, nso wo daa nkwa gyina so. Ɛdeɛn na ɛbɛhia wo mmɔdemmɔ kyɛn wei. Mesrɛ wo sɛ si agyinaɛ wɔ ha sesiaa na tu anammɔn sɛ wobɛsakra yie. Ntɛmpaa a yɛbɛyɛ saa no, yɛbɛnya asomdoeɛ ne koomyɛ ne ahotɔsoɔ a Yesaiah kaaɛ no. [Hwɛ Yesaia1:18].”6

Nnipa bɛtumi asesa

Ɛsɛ sɛ yɛhu sɛ nnipa tumi sesa. Wobɛtumi ato suban bɔne no atwene. wɔbɛtumi anu wɔn ho afiri wɔn mfomsoɔ ho. Wobɛtumi akura asɔfodie no wɔ ahoteɛ kwan so. Na wobɛtumi asom Awurade yie.”7

Te woho biom

“Sɛ biribi anko yie wɔ w’abrabɔ mu a, ɛho kwan wɔ hɔ ma wo. Gyai bɔne biara. Wo ne wo Hwɛfoɔ nkasa Sɛdeɛ ɔhaw no tie biara no, yɛbɛtumi asiesie wɔ adwenesakra papa kwan so. Woho bɛtumi ate biom.”8

Agyenkwa no asɛdeɛ kɛseɛ paa

Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo ho hia wɔ nhyehyɛeɛ yi mu. Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo ho hia wɔ nhyehyɛeɛ yi mu. Sɛ yɛbɛgye No ne Ne dwumadie no adi no kɛkɛ, ho nhia. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma na yɛsua, yɛ hwehwɛ na yɛbɔ mpaeɛ, yɛnu yɛnho na yɛtu mpɔm. Ɛsɛ sɛ yɛhu Onyankopɔn mmara na yɛdi so. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ɔgyeɛ ayɛyɛdeɛ no. Sɛ yɛyɛ weinom a na yɛbɛnya anigyeɛ papa a ɛte hɔ daapem.”9

Atwerɛ

  1. “The Will Within,” Ensign, May 1987, 68.

  2. “Choices,” Liahona, May 2016, 86.

  3. Mosaya 4:2

  4. “The Three Rs of Choice,” Liahona, Nov. 2010, 69.

  5. “Choices,” 86.

  6. Di mmaransɛm no so,” Liahona, Obubuo 2015, 83.

  7. “Hu Afoforɔ Sɛdeɛ Wɔbetumi Ayɛ,” Liahona, Obubuo 2012, 68.

  8. “Priesthood Power,” Liahona, May 2011, 67.

  9. “The Perfect Path to Happiness,” Liahona, Nov. 2016, 80–81.

Tintim