2018
Si agyinaeɛ sɛ wobɛ sesa.
January 2018


Mmabunu

Si agyinaeɛ sɛ wobɛ sesa.

Titenani Monson kyerɛ mu sɛ “Yasɛdeɛ ne sɛ yɛbɛfiri agodie mu akɔ mmɔdemmɔ mu, afiri nkoguodie mu akɔ nkonimdie mu. Yasodie ne sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho mmɔdenn.” Nnipa pii de Ɔpɛpɔn si hɔ hyɛbɔ si agyina sɛ wɔbɛbɔ mmɔdenn: adidi yie, asere pii, anaa asua biribi. Ɛwom sɛ saa agyinaeɛ yi bɛtumi aboa yɛn, nanso kwan pa a yɛde sesa ne nsakyeraeɛ.

Ɛwom sɛ nsakyeraeɛ tumi yɛ den, ɛyɛ akyɛdeɛ Berɛ a yɛde yɛ ho reto Yesu Kristo so wɔ nnuhuu mu no, ɛma yɛtumi nyini tu mpɔn. Titenani Monson sɛ, “Nkwagyeɛ Nhyehyɛɛ no fapem ne yɛAgyenkwa, Yesu Kristo. Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo ho hia wɔ nhyehyɛeɛ yi mu. Ɛnam nsakyeraeɛ mu no, yɛtumi hohoro yɛn mmɔne na yɛbɛyɛ tesɛ Ɔno.

Dwene biribi a ɛsi wo kwan sɛ wobɛyɛ te sɛ Agyenkwa no. Ɛyɛ wokasa? Sɛdeɛ wo ne w’abusua ne w’ayɔnkofoɔ teɛ? Wadwene deɛ ɛwɔ sɛ woyɛ de tumpɔn no, bɔ mpaeɛ kyerɛ Soro Agya na kyerɛ No sɛ wopɛsɛ wosesa. Kai sɛ ɛnam Ne mpata no mu tumi, Yesu Kristo bɛtumi aboa wo ma wadi wo merɛyɛ so nkonim. Sɛdeɛ Titenani Monson akyerɛ no, “ɛnam akyɛdeɛ a ɛyɛ nsakyeraeɛ a ɛfiri yɛAgyenkwa no hɔ no boa ma yɛsesa.”

Tintim