2018
Nnuamaanom de wɔn ho gye Israel Anoboaboa mu
November 2018


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkrasɛm, Ɔbenim 2018

Nnuamaanom de wɔn ho gye Israel Anoboaboa mu

Menam nkɔmhyɛ kwan so to nsa frɛ wo, mmaa a mowɔ Asɔre yi mu, sɛ mobɛboa asesa daakye wɔ mrɛ a yɛre boaboa Israel ano.

Ɛyɛ anwanwadeɛ soronko, sɛ yɛne mo wɔ ha ɛnɛ anwumerɛ yi mmaa a mo somboɔ. Ɛnokorɛ mu ni nansa yi suahunu ma wo wo nya atenka sɛnea me me ho yɛ me fa mo ho ne akyɛdeɛ a wɔde ahyɛ mo ma.

Dakoro bi na mere kasa kyerɛ ekuo bi wɔ South Africa, Me nyaa anigyie soronko bi wɔ me kasa no ho, na ɛmrɛ tia bi wɔ kasa no mu akyi no, Me kaasɛ “Mayɛ sɛ ɛna a ɔwɔ ɛma 10, Mɛtumi akyerɛ mo sɛ …”Na afei megyae kowiee me kasa no.

Mɛhunu sɛ maka saa asɛm no sɛ ɛna. Na me kasa kyeraseɛfoɔ no, dwensɛ makasa ati nti wɔsesaa asɛm ɛna no de kɔɔ agya, Enti ekuo no anhunu sɛ makasa akyerɛ me ho sɛ ɛna Nanso meho kani Wendy deɛ wɔteɛ, na nɛni gyee asɛm a meka tiiɛno no wɔ awerɛfirɛm.

Wɔ saa merɛ no, atenka kɛseɛ wɔ makoma mu sɛ mɛsesa wiase no tesɛ—deɛ ɛnanom nkoaa na—wɔtumi yɔ, bubu firii m’akoma mu. Wɔ enfie bebree a atwamu no, mɛbisa me ho sɛ adɛn nti na mefaa ayaresa adwuma sɛ ɛno na mɛyɛ, enyiano a aberebiaa ɛba no yɛ adekrɔ: “Efiri sɛ na mentumi nyɛ ɛna wɔ me ara ankasa sa pɛ.”

Mesrɛ hyɛ no nso abrɛbiaa mɛkasɛ ɛna n, Na menkyerɛ sɛ ɛmmaa nkoaa wawo mma anaa wate nkwadaa rehwɛ wɔn wɔ abrabɔ yi mu. Na mmom mere kasa ama mo nyinaa a Yɛn soro ɛnanom awo mo sɛ mma maa. Obaa biara yɛ ɛna ɛnam nkrabea a Agya no dee maa wɔn ansa na wɔre ba asaase yi so.

Ɛno nti anadwo yi, mayɛ agya a mewɔ ma du—emunkron yɛ maa na baako pɛ yɛ barima—na mesan nso yɛ Otitenani da Asɔre yi ano, Me bɔ mpaeɛ aberebiaa mo behunu ɔdɔ a mewɔ ma mo—sɛnea mo mu biara te ne papa a mo bɛtumi ayɛ. Obiara ntumi nyɛ adeɛ a ɔbaa hotefoɔ betumi ayɛ. Obiara ntumi nyɛ ɛna pa sɛso.

Ɛtɔ daa mmarimma taa da ɔdɔ a efri Agya no ne ne dɔba Agyenkwa no nkyɛn de kyerɛ afoforɔ. Nanso mmaa wɔ akyɛdeɛ soronko—fa saa ho a wɔde ama wɔn Wowɔ tumi a wɔde ama wo sɛ nya atenka hunu nea—obi hia ne ɛmmrɛ a ohia saa adeɛ no. Wo betumi atene wo nsa, akrɔkrɔ, akyerɛ, na afei nso ahyɛ obi a ɔwɔ ɔhaw den ɛmrɛ a ohia saa neɛma yi.

Ɛmaa hunu neɛma ɔkwan soronko so sene, sɛnea mmarima hunu, nti sɛneaa ɛmaa yɛhia mo adwenkyerɛ! Sɛnea wɔbɔɔ mo nesɛ modwene afoforɔho deɛ edikan, sɛ modwene sɛ adeɛ biara tumi nya nipa so nsunsuansoɔ.

Sɛnea Otitenani Eyring kaae no, ɛyɛ y’na Hawa—a ohunu Agya no nkwagyeɛ nhyehyɛe akyirikyiri—na wɔyɛ boa maa ɛbaa mu a wɔfrɛ no “Ahweaseɛ”. Ne nyansa ne akokuoduro anamɔn tu no ne Adam nso agyinaɛ sie boa maa Agya no nkwagyeɛ nhyhyɛe no baa mu. Wɔn boa maa yɛgyinaa nyaa akwanya baa aaase yi so, nyaa honam dua, na afei y’akyerɛ sɛ yɛ bɛgyina hɔ ama Yesu Kristo seesei sɛnea yɛyɛɛ no wɔ honhom wiase no.

Me nnuanom mmaa, mowɔ akyɛdeɛ soronkwo ne anwanwadeɛ a ɛsombo. Anadwo yi me srɛ, mo firi anidasoɔ a ɛhyɛ m’akoma mu, sɛ momɔ mpaeɛ ɛnte aseɛ mo honhom akyɛdeɛ—na mo nua, ɛnfanyɛ, na ɛntrɛ, mpo ɛnsene nea mowɔ mpo. Mo bɛ sesa wiase sɛ mo kɔ so yɛ saa ara a.

Sɛ moyɛ mmaayi, mo kanyan afoforɔ na mo yɛ nhwɛso pa ma afoforɔ. Ma me nkae mo kakra wɔ Amansan nhyiamu a atwam kɔ no nkaebɔ bi a yɛ kaaɛ mu mienu a na ɛyɛ kɛseɛ. Mo, me nnuammaanom, na mo sombo ma moho moho.

Ɛdikan yɛ, ɔsom nsrasra. Deɛ ɔyɛ nhwɛso pa kɛseɛ wɔ ɔsom nsrasra mu no ne Agyenkwa, Yesu Kroso. Nokorɛ nie, mmaa na, wɔtaa bɛn, saa nhwɛsoɔ yi a Agyenkwa no ayɛno sene mmarima. Sɛ wosom nsrasra no firi w’akoma mu a, wodi wo atenka akyi de boa ma obi nso nya atenka ne dɔ soronko. Na ɔdɔ nsrasra honhom no wɔ mmaa ahotefoɔ nkyɛn. Menim mmaa a wɔbɔ mpaɛ abere biara, “Sɛ whan na wo pɛ sɛ me boa no ɛnɛ da yi?”

Ansaa na Ofirisuo 2018 nkaebɔ a ɛfa ahoteɛ ne kwan kɛseɛ a yɛbɛ fa so ayɛ ɔsom nsrasra no, na ɔkwan dada no ne sɛ, mmarima bɛtwerɛ krataa sɛ wayɛ wɔn fie adekyerɛ adwuma no “awie” na watoa so akɔ bɛɛbi foforɔ.

Nanso sɛ wonya sɛ wo nya atenka sɛ onuabaa bi a wosraa no kyerɛɛ no adeɛ hia moa a, wo yɛ no ntɛm na afei nso bosome no nyinaa. Na wei, ɛyɛ sɛnea mo srasra kyerɛ adeɛ na ɛmaa yɛn atenka sɛ yɛnfa ɔsom nsra dwumadie foforɔ no mra.

Tɔso mienu, wɔ Amansan nhyianu a atwamu no, yɛsan nso daane Asɔfodie kuo no nyehyɛe no kakra. Na yɛre booboo ho ɛkwan a yɛbɛ fa so aboa ma mmarima a wɔwɔ asɔre yi mu ayɛ den wɔ wɔn dwumadie mu no, yɛyɛɛ ahwɛyie sɛ ɛmaa kuo no na ɛyɛ ɛnhwɛsoɔ pa.

Wɔ ɛmakuo mu no, ɛmaa ahodoɔ a wɔn nfie yɛ soronko soronko na ehyia bom. Mfie rekɔ nanim no na ɛde neɛma foforɔ na ɛreba, nanso mo wɔhɔ naawɔtwe naawɔtwe, ɛkeka mo ho bom, enyini bom na mokyerɛ kyerɛ asɛmpa no bom, na mode nsakyeraɛ kɛseɛ aba wiase.

Seesei, yɛrɛ di mo anamɔn akyi no, Melchizedek Asɔfodiefoɔ yɛ ka Elders quorum foɔ kuo no hu. Saa mmarima yi nfie firi 18 to 98 (ebi wɔhɔ koraa ɛsene saa), a wɔwɔ suahunu bebree wɔ abrabɔ mu ne asɔre nkyerɛkyerɛ mu. Saa mmarima yi betumi ayɛ ekuo soronko a ahoɔden wɔ mu,asua adeɛ abom, na wahyira afofrɔ pii ahoɔden so.

Wo kae sɛ bosome nsia a atwam no, Me ne Onuabaa Nelson kasa kyerɛɛ mmabunu a wɔwɔ asɔre yi mu. Yɛtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔnka Awurade mmabunu asraafoɔ kuo no ho mmoa ma yɛn moaboa Israel mmusua wɔ wiase foforɔ no. Saa anoboaboa yi yɛ “ɔhaw kɛseɛ, ɛyɛ ɔko kɛseɛ na afei nso adwuma kɛseɛ a yɛɛyɛ no wɔ asaase yi no ɛnɛ da yi”!1

Ɛyɛ anamɔntuo bi a ehia mmaa, efirisɛ mmaa na wɔtumi sesa daakye. Enti anadwo yi menam nkɔmhyɛ kwan so to, nsa frɛ mmaa a mowɔ asɔre yi mu, sɛ monsesa daakye na monmoa ma yɛn moaboa Israel a abɔ ahwetee no.

Na ɛhee na yɛɛ hyɛ aseɛ firi?

Ma menkyerɛ kwan nnan:

Deɛ edikan, me to nsa frɛ wo sɛ yɛ na 10­akɔmkyere fa fa abɛɛfo kwantenpɔn so a yɛfa gye nkratoɔ ne fidie badwenma ho dwumadie biara a ɛde adwen fii hyɛ adwene mu. Bɔ mpaɛ sɛ ɛdeɛn nsunsuansoɔ bɔnee na ɛwɔsɛ wo yi firi w”abrabɔ mu wɔ akɔmkyere no mu. Na wo na 10-akɔmkyere no so nsunsuansoɔ no bɛyɛ wo nwanwa. Ɛdeɛn na wo bɛyɛ ɛbrɛa watwe wo ho afiri ewiase neɛma a eedi w’awu na eekum wo kra? Ɛnsesaɛ bi wɔ bɛɛbi a wopɛ sɛ wo sɛe wo mrɛ ne w’adaagye ? Wo neɛma a ehia wo asesa—ɛmpo kakraa bi anaa? Me hyɛ wo sɛ wo bɛtwerɛ ato hɔ atenka biara a wo benya.

Tɔ so mmienu, me to nsa frɛ wo sɛ kenkae Mormon nwoma no firi seesei kosi afe no awieɛ. Asɛ ɛden sɛ wei betumi abam no wɔ mmrɛa mo nyinaa mo yere mo ho wɔ abrabɔ mu no, sɛ wo bɛgye atum firi w’akoma mu nyinaa a, Awurade bɛboa wo ma w’anya kwan ma wo nsa aka saa deɛ no. Na, sɛ wo bɔ mpaeɛ a, Me hyɛ wo bɔ sɛ ɔsoro bebue ama wo. Na Awurade bɛboa wo ahyɛ wo atenka ne wo nhunumu mama.

Sɛ wo kenkan a, Mehyɛ wo nkuran sɛ wo bɛ hyɛ vɛɛse biara a ɛkasa fa Agyenkwa no ho. Na afei, hyɛda kasa fa Kristo ho, di Kristo mu ahurusie, na bɔ Kristo asɛmpa ho dawuro wo ne w’abusuafoɔ ne wo nanfonnom.2 Na wo ne wɔn bɛtwe abɛn Agyenkwa no ɛnam saa kwan wei so. Na afei nsesaɛ, mpo nsɛnkyerɛnee, bɛhyɛ aseɛ asisi.

Saa anɔpayi nkaebɔ no bae gyina Kwasiada nhyehyɛe foforɔ ne efie-fapem adesua, ne Asɔre-no moa wɔ nwomasua nhyehyɛe mu. Wo, me nuammanom, yɛ safoa ma nkɔsoɔ fa ade foforɔ yi ho, a ɛyɛ asɛmpa nhyehyɛe a yahyehyɛ no yie. Me srɛ wo kyerɛ wɔn a wodɔ wɔn nea woresua firi twerɛnsɛm no mu. Kyerɛ wɔn kwan a wɔbɛfaso akɔ Agyenkwa no nkyɛn akɔgye ayaresa, na wate wɔn ho yie afiri efi ne nkekaawa ho. Na kyerɛ wɔn kwan a wɔbɛfaso atwe ahoɔden afiri Ne hɔ abiribiaa wɔ wɔn abrabɔ mu.

Tɔso meɛnsa, hyehyɛ wo temple kɔ ma no nyɛ ntɛmtɛm. Wei behia atuhoakyɛ kakra bi afri wo hɔ Mrɛ a worekɔ temple ntɛmtɛm no ma Awurade kwan kyerɛkyerɛ wo sɛnea wobenya N’asɔfodie tumi a wɔde ahyɛ wo den wɔ Ne kronkronbea a ɛyɛ temple. Moa monte mɛn temple no, Me to nsa frɛ mo sɛ monsua neɛma a ɛfa temple ho wɔ twerɛ sɛm nim, na afei nso nkɔmhyɛfoɔ a wɔtease nsɛm mu. Monhwehɛ enhunu pii, ɛnteaseɛ pii nya atenka mfa temple ho sɛnea moanya atenka pɛn.

Wɔ yɛn wiase afanaa nyinaa mmabunu, nsrahwɛ mu wɔ bosome nsia no mu no me kasa faa abɛɛmua bi a n’abrabɔ sesaɛ ɛmmrɛa n’awofoɔ sesaa ne kasaboafoɔ a ɛɛhare maano deɛ ɛho noɔma wɔ fɔm. Saa abranteɛ yi maame yɛ ɛna bi a ne gyidie enhinhim. Wɔhunuu sɛ ne ba barima no retu anamɔn bi a wanhwɛ ebetumi asesa nadwene sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ asɛmpaka adwuma. Wɔde na de srɛdeɛ kɔɔ temple hwɛɛ ɔkwan a wɔbɛtumi afa so aboa ne ba no. Na wɔkɔɔ so ara di n’atenka a wɔnyaa yɛ nyinaa akyi.

Wɔkaa sɛ: “Menyaa atenka sɛ honhom kronkron no boa me maa mehwɛ me ba no kasaboafoɔ sɛ mehunu noɔma a ɛrekɔso. Menim sɛnea yɛ use saa phones yi a abai, nanso Honhom no boaa me maa mehunuu noɔma a wɔde phone yi yɔ mpo na menim. Menim sɛ Honhom no boa awofoɔ a wɔpɛ sɛ wɔfa kwan pa so bɔ wɔn mma ho ban. [Edikan] na me ba no bo afu me yie. … Nanso nna kakraa bi akyi, no wɔdaa mase! Na wɔnoa ankasa hunuu nsonsonoeɛ”

Ne ba no suban ne neyɛɛ sesaa prɛko pɛ. Wɔbɛyɛɛ boafoɔ wɔ fie, na nanim yɛɛ sereɛ, na afei nso nasɔre kɔ yɛɛ ntɛmtɛm. Nani gye sɛ wɔyɛ asubɔ adwuma wɔ temple na afei nso wɔsiesie ne ho sɛ wɔbɛkɔ mission.

Mensa a mereto frɛmo no, deɛ ɛtɔ so nnan, mo monfie kɔ nanim no, mo asɛdeɛ ne sɛ mode mo ho bɛhyɛ Mmaakuo dwumadie biara mu. Me hyɛ mo sɛ monsua Mmaakuo botaɛ asɛm no. Ɛma nkenyan. Ɛbɛtumi aboa wo ma w’atumi ahyehyɛ w’ankasa wo botaɛ wɔ w’abrabɔ mu. Me san so hyɛ mo sɛ mokura nokorɛ a ɛwɔ Relief Society foɔ declaration no mu a yɛ publish no 20 a atwam.3 Saa declaration yi photo a ɛda dua mu sɛn Atitenafoɔ a wɔdikan Office. Menya ahomka aberebiaa mɛkan. Ɛkyerɛ nea wo teɛ ne sɛneɛ Awurade pɛ sɛ wo yɛ wɔ saa mmrɛ yi pɛɛpɛmu mmrɛ a wo yɛ saa boa ma wo yɛ w’afam deɛ de boa Israel mmusua ano boaboa.

Me nuanom mmaa, yehia mo! Ye“hia mo ahoɔden mo ahofama, mo adansidie, mo ahoɔden sɛ mo de bedi kan mo nimdeɛ, na afei mo ne.”4 Yɛntumi mmoaboa Israel mmusuakuo wɔ mmrɛ a monka hoo.

Me dɔ mo na meda mo ase na afei mehyira mo sɛ monya ahoɔden nte moho mfiri wiase neɛma a enhia ho wɔ mmrɛ a mo reboa adwuma a ɛyɛ den yi. Yɛ ka bom a yɛbetumi ayɛ nea Yɛn Agya a ɔwɔ soro pɛ sɛ yɛyɔ de siesie wiase ma Ne Dɔba No Mmaɛ a Ɛtɔso mmienu.

Yesu, ne Kristo no. Wei yɛ N’Asɔre Wei nom na medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “Anidasoɔ wɔ Israel” (worldwide youth devotional, June 3, 2018), HopeofIsrael.lds.org.

  2. Hwɛ 2 Nifae 25:26

  3. For the Relief Society declaration, see Mary Ellen Smoot, “Rejoice, Daughters of Zion,” Liahona, Jan. 2000, 111–14.

  4. Russell M. Nelson, “A Plea to My Sisters,” Liahona, Nov. 2015, 96; emphasis added.

Tintim