2018
Asɔre no din papa no
November 2018


Asɔre no din papa no

Yesu Kristo hyɛyɛn sɛ yɛn fa ne din nfrɛ Asɔre no firi sɛ ɛyɛ N’asɔre, a Ne tumi na ahyɛ ma.

Me nuanom adɔfoɔ, yɛne mo di ahurusie bom wɔ nhyira a Awurade de adom yɛn wɔ Homeda fɛfɛ sei mu Yɛn anisɔ mo adanseɛ a mo wɔ fa Yesu Kristo asɛmpa a wasan-de-aba no ho, ahofama a mo wɔ sɛ mobɛtena ana mobɛsan aba N’apam kwan no so, ne atohoakyɛ som a mo dema N’asɔre.

Ɛnɛ ɛhyɛ me so sɛ me ne mo nsusu ahiasɛm kɛseɛ bi ho Nnawɔtwe kakra ni, Mede nkrasɛm bi too dwa fa nsiesie a mepɛ ɛba wɔ Asɔre no din mu1 Me yɛɛ saa ɛnam adiiyie a Awurade de maa me fa edin a Ɔno ahyɛ sɛ yɛn mfa mfrɛ N’asɔre, mpo Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ2

Sɛdeɛ monim no, nyiano ahodoɔ pii na aba saa nkrasɛm ne akwankyerɛ yi ho3 a ɛdi afrafra. Asɔremma pii na ayɛ nsiesie wɔ asɔre no din ho wɔ ‘intanet’ akwanya ahodoɔ nyinaa so. Ɛbinom nso adwene yɛ wɔn sɛ, adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɛyɛ adeɛ a “ɛho nhia saa” wɔ ɛnɛ wiase yi mu. Na ɛbinom nso aka sɛ ɛnyɛ yie, nti adɛn nti na yɛɛha yɛn ho? Moma me nkyerɛ deɛnti a ɛyɛ ahiasɛm ma yɛn. nanso mɛdikan akyerɛ deɛ saa anammɔntuo yi nyɛ:

  • Ɛnyɛ edin sesa

  • Ɛnyɛ edin foforɔ

  • Ɛnyɛ afɛɛfɛ deɛ

  • Ɛnyɛ adehunu bi.

  • Na ɛnyɛ adeɛ a ɛso nni nsunsuasoɔ

Mmom, ɛyɛ nsiesie Ɛyɛ Awurade no ahyɛdeɛ. Ɛnyɛ Joseph Smith na ɔtoo asɔre a ɛnam ne so baaɛ no din; ɛnyɛ Mormon nso. Agyenkwa no ankasa na Ɔkaa sɛ, “Na sei na wɔbɛfrɛ m’asɔre no wɔ nna ɛdi akyire no, mpo Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ.”4

Kanee tete, wɔ AD 34, berɛ mpo, yɛn Awurade a na wawuasɔre no maa N’asɔre mma akwankyerɛ korɔ noara berɛ a Ɔkɔ sraa wɔn wɔ America no. Ɔka kyerɛɛ wɔn saa berɛ no sɛ:

“Momfrɛ asɔre no medin mu. …

Na ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ m’asɔre, gye sɛ wɔde me din frɛ no? Na sɛ wɔde Mose din to asɔre bi so a na ɛyɛ Mose asɔre; anaasɛ sɛ wɔde nipa din to so a na ɛyɛ nipa asɔre; na mmom sɛ wɔde me din frɛ no a na ɛyɛ m’asɔre, sɛ ɛba no saa a na wɔasi no wɔ m’asɛmpa no so.”5

Ɛno nti, akyennyeɛ biara nni asɔre no din ho Ɛno nti, akyennyeɛ biara nni asɔre no din ho. Berɛ a Agyenkwa no aka no pefee ɛdin a yɛn mfa frɛ N’asɔre na Ɔde nsɛm “Na sei na wɔbɛfrɛ m’asɔre no,” bɛdikan no, na ɛyɛ anibre so Na sɛ yɛma kwan ma wɔde mfeɛdin binom to so, anaa sɛ yɛn ankasa boa pene saa mfeɛdin ahodoɔ so a, ɛhyɛ Ne abufuo.

Ɛdeɛn na ɛwɔ din mu anaa, mfeɛdin mu? Sɛ ɛba no asɔre no mfeɛdin ahodoɔ tesɛ “LDS Asɔre,” “Mormon Asɔre no,” anaa “Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Asɔre” no a, mfomsoɔ kɛseɛ paa ɛwɔm ne sɛ yɛyi Agyenkwa no ankasa din firimu. Sɛ yɛyi Awurade no din firi Awurade no asɔre mu a, ɛyɛ nkunimdie kɛseɛ ma Ɔbonsam. Sɛ yɛyi Agyenkwa no din totwene a, na ɛkyerɛ sɛ yɛato deɛ wayɛ ama yɛn nyinaa atwene—mpo Ne mpata no.

Dwene ho sɛdeɛ Agyenkwa no hu no: Ansa na yɛɛba ha no, na Ɔyɛ Yehowa, Apam Dadaa no Nyankopɔn. Wɔ Agya no tumi aseɛ no, Ɔbɔɔ wiase yi ne deɛ ɛka ho nyinaa6 Ɔde ne ho hyɛɛ Agya no apɛdeɛ aseɛ na Ɔyɛɛ adeɛ bi maa Nyankopɔn mma nyinaa a na obiara ntumi nyɛ! Ɔfaa nipa tebea bɛyɛɛ Agya no Ba Kro pɛ wɔ honam mu, wɔtan no, sii no atweatwe, tee ntasuo guu ne so, na wɔyɛɛ no ayayadeɛ Wɔ Gethsemane Trom no, yɛn Agyenkwa no faa adasamma nyinaa bɔne, yeaw, ɔhaw ne amaneɛ nyinaa too ne ho so. Ɛnam yɛn bɔne mu duro nti, mogya tuu no sɛ mfifire7 Saa nkonnua no nyinaa kɔwie wɔ Calvary asɛnnuano so berɛ a wɔkuu no.

Wɔ saa amaneɛ no nyinaa mu ne Ne wuosɔreɛ mu—Ne daapem Mpata—Wama yɛn nyinaa nkwa a ɛni awieɛ na Wagye yɛn mu biara afiri bɔne akatua ho sɛ yɛbɛsakra a

Agyenkwa no wuosɔreɛ akyi ne N’asomafoɔ no nso wuo akyi no, ɛwiase kɔɔ sum mu mfeɛ pii Afei wɔ afe 1820 mu, Nyankopɔn Agya no ne Ne Ba, Yesu Kristo, yii wɔn ho adi kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith sɛdeɛ Awurade Asɔre no bɛsan aba bio.

Deɛ wafam nyinaa akyi—deɛ wayɛ ama adasamma nyinaa—wɔ nnuhuu kɛseɛ mu, mahu sɛ yɛyɛ mfomsoɔ kɛseɛ sɛ yɛbɛma kwan sɛ wɔnfrɛ Awurade Asɔre a wasan-de-aba no edin biara kɛkɛ a ne nyinaa yi Yesu Kristo din kronkron no fi mu!

Kwasiada biara sɛ yɛfa adidiekronkron no a, yɛhyɛ yɛn bɔhyɛ no mu kena kyerɛ yɛn Soro Agya sɛ yɛwɔ ɔpɛpa sɛ yɛbɛfa Ne Ba, Yesu Kristo din ato yɛn ho so.8 Yɛhyɛbɔ sɛ yɛbɛdi N’akyi, asakra, adi Ne mmransɛm so na yɛaka no daa.

Sɛ yɛyi Ne din firi N’Asɔre mu a, na yɛreyi No afiri hɔ sɛ yɛn abrabɔ mu fapem

Sɛ yɛde Agyenkwa no din bɛto yɛn ho so kyerɛ sɛ yɛbɛka na yɛadi ho adanseɛ akyerɛ afoforɔ--wɔ yɛn kasa ne yɛn neyɛɛ mu—sɛ Yesu ne Kristo no. Yɛsuro sɛ yɛbɛhyɛ obi a wafrɛ yɛ “Mormon” abufuo nti yɛantumi annyina Agyenkwa no akyi mpo wɔ edin a Ɔde ato N’Asɔre so?

Sɛ yɛbɛnya tumi a ɛwɔ Yesu Kristo mpata no mu sɛ nnipakuo ne ankorɛnkorɛ--de ate yɛn ho na asa yɛn yareɛ, de ahyɛ yɛn den na ayɛ yɛn kɛseɛ, na nekorakora no de apagya yɛn--ɛwɔ sɛ yɛgye Ne tom sɛ Ɔno na saa tumi no yɛ no dea. Yɛbɛtumi afiri aseɛ afrɛ N’Asɔre no edin a wahyɛ yɛn no.

Ɛwiase mu nnipa dodoɔ noara na wɔhu Awurade no Asɔre sɛ “Mormon Asɔre.” Nanso yɛn a yɛyɛ Awurade Asɔremma no nim deɛ ɔyɛ Asɔre no ti: Yesu Kristo Ankasa. Deɛ ɛhadwene ne sɛ, wɔn a wɔte asɛm no bɛdwene sɛ yɛre som Mormon . Ɛnte saa! Yɛde nnidie ne obuo ma tete Amerika nkɔmhyɛni kɛseɛ yi.9 Nanso yɛnyɛ Mormon aakyidifoɔ Yɛyɛ Awurade akyidifoɔ

Wɔ Asɔre a asan aba yi mfiaseɛ no, na nsɛmfua bi te sɛ Mormon Asɔre ne Mormonfoɔ10 yɛ nsɛm a egu fi—atirimuɔden nsɛm, ɔyea nsɛm—na wahyehyɛ sɛ wɔde bɛyi Nyankopɔn nsa afiri Yesu Kristo Asɔre Asɔre a was an de aba wɔ nna ɛdi akyire yi mu.11

Anuanom mmaa ne mmarima, wiase akyinnyeɛ pii na ɛkasa tia sɛ yɛbɛsan de Asɔre no din ankasa bɛba. Ɛnam sɛ abɛɛfo ‘intanet’ aba wiase na ama nneɛma hwehwɛ ayɛ merɛ no nti—Asɔre no ho asɛm ka ho bi—akyinnyeɛgyefoɔ bi ka sɛ nsiesie no ho nhia. Ebinom nso ho no sɛ wɔnim asɔre no sɛ “Mormonfoɔ ne “Mormon Asɔre,” nti yɛmmfa no saa

Sɛ anka wai yɛ nkɔmmɔ a ɛfa nnipa kuo bi adwuma ho a, anka saa adwenkyerɛ no bɛyɛ adwuma. But in this crucial matter, we look to Him whose Church this is and acknowledge that the Lord’s ways are not, and never will be, man’s ways. Nanso wei yɛ asɛmhia kɛseɛ, yɛhwɛ Ɔno a Asɔre no yɛ Ne dea na yɛgyetom sɛ Awurade akwan ɛnyɛ na ɛntumi nso ɛnyɛ nipa akwan da . Sɛ yɛbɛnya ntoboaseɛ na ayɛ yɛafa mu deɛ yie a, Awurade no bɛboa yɛn. yɛnim sɛ Awurade boa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ N’apɛdeɛ, sɛdeɛ Ɔboa Nefae maa no yɛɛ suhyɛn de twaa ɛpo no.12

Ɛhobɛhia sɛ yɛbɛnya ntoboaseɛ wɔ nsiesie a yɛpɛsɛ ɛba no ho Nsɛmtwerɛfoɔ papa bɛte yɛn asrɛdeɛ no aseɛ.

Wɔ amansan nhyiamu bi a atwam no, Ɛlda Benjamin De Hoyos kasa faa tebea bi a ɛtesɛ wei ho. Ɔkaa sɛ:

“Mfeɛ bi a atwam berɛ a na meyɛ adwuma ma Asɔre no wɔ Mexico, asɔre no ne ɔmanfoɔ nkitahodie nnwuma Wɔtoo [nsa frɛɛ me ne deɛ ɔka me ho ] kɔɔ kasafidie bi so. … [ɔpanyin baako bisaa sɛ], ‘Adɛn [nti] na Asɔre no din wa saa? …’

“Me ne deɛ ɔka me ho no seree wɔ asɛmmisa no ho na yɛyii ano sɛ, ɛnyɛ nipa na ɔtoo Asɔre no din. Agyenkwa no na Ɔde maaɛ. … Ɔpanyin no de anidie buaɛ sɛ, ‘yɛde anigyeɛ bɛfrɛ no saa pɛpɛɛpɛ.”’13

Saa abasɛm yi ma yɛn akwankyerɛ. Ɛbɛhia sɛ obiara bɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsiesie mfomsoɔ a aba wɔ mfeɛ pii mu no.14 Ebia ɛwiasefoɔ bɛtie, eebi nso a wɔn ntie. Sɛ yɛde yɛ din foforɔ no bɛfrɛ yɛn. Nanso ɛnyɛ papa mma yɛn sɛ wiasefoɔ frɛ asɔre no ne asɔremma no din a ɛnyɛ papa a, yɛn nso yɛbɛyɛ bi.

Sɛdeɛ yɛasesa nneɛma no bɛboa. Ɛkyerɛ sɛ: “Yɛbɛpɛ sɛ wɔde Asɔre no din nyinaa, ‘Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ’ bɛfrɛ yɛn.’ Sɛ wɔpɛ din [tiawa nso] a, yɛpɛ ‘Yesu Kristo Asɔre’ anaa ‘Asɔre no’. ‘ Yesu Kristo Asɔre a wasan-de-aba’ no nso yɛ, yɛpɛ.”15

Sɛ obi bisa sɛ, “Wo yɛ Mormonni?” a wobɛtumi aka sɛ, “Sɛ wobisa sɛ meyɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ a, aane, meyɛ bi!”

Sɛ obi bias wo sɛ, “Wo yɛ Nna a Ɛdi Akyire Ɔhoteɛni?16 a wobɛtumi ayi ano sɛ, “Aane meyɛ. Megyidi wɔ Yesu Kristo mu na meyɛ N’Asɔre ba.”

Menuanom mmaa ne mmarima, mehyɛ mo bɔ sɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma Awurade Asɔre din papa no yɛ adwuma a, Ɔno a N’asɔre nie no de Ne tumi ne Ne nhyira bɛgu Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no so,17 wɔ kwan sononko so a yɛn nhuu bi da. Yɛbɛnya nimdeɛ ne tumi wɔ Nyankopɔn mu ma aboa yɛn de nhyira a ɛwɔ Yesu Kristo asɛmpa a wasan-de-aba no akɔ amanaman, kasahodoɔ ne nnipa kuo nyinaa mu na yɛde asiesie wiase atwɛn Awurade no Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mienu.

Nti ɛdeɛn na ɛwɔ din no mu? Sɛ ɛba Awurade Asɔre no din a, mmuaɛ no ne sɛ “Biribia!” Yesu Kristo akyerɛ yɛn sɛ yɛmmfrɛ Asɔre no wɔ Ne din mu efisɛ ɛyɛ N’Asɔre, Ne tumi ahyɛ mu ma

Menim sɛ Nyankopɔn tease Yesu ne Kristo no Ɔdi N’Asɔre anim ɛnɛ. Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “Awurade de ahyɛ madwene mu hia a ehia sɛ edin no a wada no adie ama N’Asɔre, Mpo Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Awieɛ Mrem ahoteefoɔ. Yɛwɔ adwuma kɛseɛ sɛ yɛde anidie ma yɛn abrabɔ nam ne nhyehyɛe papa so. Wɔ nansan yi mu no, Asɔre mpaninfoɔ ne asɔre nwumafoɔ ahyɛaseɛ de saa adeɛ yi reyɛ adwuma. Nsɛm a ɛkeka saa adeɛ yi a ɛho hia no bɛba abosome foforɔ a ɛreba no” (Russell M. Nelson, in “Asɔre no din no“[official statement, Aug. 16, 2018], mormonnewsroom.org).

  2. Asɔre no Atetinafoɔ a abatwam no nyinaa tuu saa adeɛ yi ho anamɔn. Mfatoho, Otitenani George Albert Smith kaasɛ: “Memu Awurade animtia wɔ mrɛa wo bɛfrɛ N’Asɔre Mormon Asɔre. Wanfrɛ no Mormon Asɔre” (in Conference Report, Apr. 1948, 160).

  3. See “Style Guide—The Name of the Church,” mormonnewsroom.org.

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 115:4

  5. 3 Nephi 27:7–8.

  6. Hwɛ Moses 1:33.

  7. See Doctrine and Covenants 19:18.

  8. Hwɛ Moroni 4:3; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:37, 77

  9. Mormon ka nipa nnan a wɔtwerɛɛ Mormon nwoma no dodoɔ naa, na wɔn a aka no yɛ Nephi, Jacob, ɛna Moroni. Wɔn a aka nyinaa yɛ adansidifoɔ ma Awurade, tesɛ ne translator, Nkɔmhyɛni Joseph Smith.

  10. Mpo sɛ Wiase Mormonites Ka nyehyɛe a wɔde ma dii dwuma (hwɛ Asɔre no abakɔsɛm, 2:62–63, 126).

  11. Neɛma tetesei binom asisi wɔ apam fofrɔ nim. Wɔmrɛa Apostle Paul kɔgyinaa Felix, anim wɔ atemuo mu no. Ohunuu Paul sɛ wɔyɛ Nazarenes foɔ no Kandifoɔ”(Acts 24:5). Ɛfa asɛm “Nazarenes ho no,” commentator bi twerɛɛ sɛ: “Wei ne din a na wɔde ma Akristifoɔ a wakye wɔn dadua. Na wɔfrɛ wɔn saa firisɛ na esu vfiri vNazareth”(Albert Barnes, Notes, Explanatory and Practical, on the Acts of the Apostles [1937], 313).

    Te saa pɛpɛɛpɛ, commentary foforɔ nso kaasɛ “Na Y’Awurade wɔfrɛ no atweetwee mu sɛ ‘Nazarene’ (Matt. xxvi. 71), ɛno nti Jewsfoɔ no frɛɛ N’akyidifoɔ no ‘Nazarenes.’ Wɔn nnye ntom sɛ wɔyɛ Akristofoɔ, i.e. Messiah akyidifoɔ” (The Pulpit Commentary: The Acts of the Apostles, ed. H. D. M. Spence and Joseph S. Exell [1884], 2:231).

    Wɔ nsɛsoɔ mu no, Elder Neal A. Maxwell hwɛe: “Wɔ twerɛnsɛm abakɔsɛm mu no, yɛhunu ɛnkotia wɔ nkɔmhyɛfoɔ so sɛ wɔbɛsɛse wɔn ma wɔnya animuonyam—sɔdeɛ nka wɔbɛsɛe wɔn koraa. Mpɛn, pii no, wɔn atweetweefoɔ na taa paw wɔn na afei nso abakɔsɛm mu animdifoɔ. Ne nyinaa, akyi no ɛnkane Akristofoɔ no na yɛfrɛ wɔn Nazarenes.(Acts 24:5.)” (“Out of Obscurity,” Ensign, Nov. 1984, 10).

  12. Hwɛ 1 Nifae 18:1–2.

  13. Benjamín De Hoyos, “Called to Be Saints,” Liahona, May 2011,106.

  14. Sɛnea yɛntumi nhyɛ wɔn wɔfrɛ yɛn nea wɔpɛ nti, Yɛwɔ ho tumi sɛ yankasa yegyina ma yɛ din kronkron no. Ɛbesi dɛn na afoforɔ afrɛ yɛn kronkron a yɛpɛ wɔ mrɛa y’ankasa yɛnfrɛ yɛ ho saa?

  15. Style Guide—The Name of the Church,” mormonnewsroom.org.

  16. Edin ɔhoteeni wɔ twerɛsɛm nim bebree. Wɔ Paul Nwoma a wɔtwerɛ kɔmaa Efisofoɔ, mfatoho, Wɔ kaa asɛm ɔhoteeni bebree wɔ nwoma nim Ɔhoteeni yɛ obi a wɔgye Yesu Kriso di na wɔyɛ n’afam deɛ sɛ wɔbedi n’akyi.

  17. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:41

Tintim