2021
Yesu Kristo Gyee Yɛn firii Bɔne ne Owuo mu
Oforisuo 2021


“Yesu Kristo Gyee Yɛn firii Bɔne ne Owuo mu,” Laehona, Oforisuo 2021

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, 0forisuo 2021

Yesu Kristo Gyee Yɛn firii Bɔne ne Owuo mu

N’afɔrebɔ no nti, yɛn nyinaa wɔ akwanya sɛ yɛhwehwɛ enniawieɛ asomdwoeɛ ne anigyeɛ.

Mfoni
Adidie a Ɛtwa toɔ No

Kristo Rebɔ Asase no Ɔkasafoɔ yɛ Robert T. Barrett

Yɛtwe adwene si so sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa. Ɛne sɛ Ɔtuaa yɛn bɔne so ka na ɔdii owuo tumi so nkonim. Ɔgyee yɛn! N’afɔreɛ a ɔde maa yɛn a wɔfrɛ no Mpata no, yɛ abasɛm a asi pɛn a ɛho hia yie. Ɔno nti, owuo nyɛ awieɛ. Ɔno nti, wɔbɛtumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn, yɛn ho bɛtumi ate bio, na yɛanyini yie dabiara.

Yesu Kristo Ne Abakan no

Ansa na yɛreba asase so no, yɛ ne yɛn soro awofoɔ tenaeɛ. Sɛ Abakan no, Yesu Kristo boa maa wɔbɔɔ wiase fɛɛfɛ yi. Wɔyii no sɛ yɛn Agyenkwa na ɔpenee so sɛ wɔbɛwo no aba asase so sɛdeɛ Ɔbɛtumi ayɛ nhwɛsoɔ a ɛwie pɛyɛ, akyerɛkyerɛ Ne nsɛmpa, na wawie Mpata no ama yɛn.

Mfoni
Yesu Kristo rebɔ mpaeɛ wɔ Gethsemane.

O M’Agya, ɛfiri Simon Dewey nkyɛn

Yesu Kristo Tuaa Yɛn Bɔne so ka

Berɛ a Yesu Kristo hunuu sɛ ɛnkyɛ na wawuo no, Ɔkɔɔ turo bi a wɔfrɛ no Gethsemane kɔ bɔɔ mpaeɛ. Saa mpaeɛ no mu, Ɔhyɛɛ aseɛ tuaa yɛn bɔne so ka. Ɔfirii Ne pɛ mu hunuu amane sɛ ɛbɛyɛ a yɛn nhunu bie—sɛ yɛsakyera y’adwene a. Sɛ yɛtwe yɛn ho firi yɛn bɔne ho na yɛdi Agyenkwa no mmom akyi a, yɛbɛtumi anya bɔne fakyɛ ne yaresa. Ɛnam deɛ ɔhunuu no wɔ Gethsemane no nti, Yesu te deɛ yɛn mu biara refa mu no ase pɛpɛɛpɛ. Ɔtee yɛn awerɛhoɔ, yadeɛ, ne yea nka. Yei yɛ Mpata no mu fa a ɛdi kan.

Mfoni
Kristo afunsieɛ

Kristo Afunsieɛ ɛfiri Carl Heinrich Bloch nkyɛn

Yesu Kristo Dii Owuo so Nkonim

Ne mpaebɔ wɔ Gethsemane akyi no, wɔyii Yesu maae, kyeree no, na wɔbuaa no kumfɔ wɔ asennua so. Ɛwɔm sɛ na Ɔwɔ tumi nyinaa, Yesu maa Ne ho kwan wuui wɔ asɛnnua no so. N’akyidifoɔ firii ɔdɔ mu de n’amu no kɔtoo amusieɛ. Wɔn anhunu sɛ mmom Ne honam awu, na Ne honhom da so ara tease wɔ honhom wiase. Nnansa akyi, Yesu san baa nkwa mu bio na ɔkɔsraa wɔn, kyerɛɛ sɛ ɔtumi di owuo so nkonim. Yei wiee Mpata no. Ɛsiane sɛ Yesu sɔre firii awufoɔ mu no nti, yɛn mu biara bɛnya nkwa bio wɔ yɛn wuo akyi.

Mfoni
Kristo ne Mary wɔ amusieɛ

Ɔtease, ɛfiri Simon Dewey nkyɛn

Buronya ne Yesu Amanehunu asekyerɛ

Wiase mu dodoɔ no ara hyɛ fa mmienu a ɛboa ma yɛkae Yesu Kristo Mpata no. Buronya berɛ mu, yɛde aseda kae sɛ na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛgye asase so mmaeɛ dwumadie no atom, na ɛwɔ mu sɛ ɔhunu amane na ɔwu de ma yɛn. Yesu Amanehunu hyɛ fa wɔ Agyenkwa no nkonimdie a ɔdii wɔ bɔne ne owuo so, a ɛma yɛn anidasoɔ ma daakye enniawieɛ anigyeɛ.

Mfoni
Kristo refrɛ Petro ne Andrew.

Kristo Refrɛ Petro ne Andrew, ɛfiri James Taylor Harwood hɔ

Deɛn na Twerɛnsɛm ka fa Agyenkwa no Mpata no ho?

Ɛnam sɛ Yesu nim yɛn pɛpɛɛpɛ nti,Ɔbɛtumi “akyekyere yɛn werɛ,” anaa aboa, yɛn(see Alma 7:11–12).

Agyenkwa no te yɛn awerɛhoɔ ne yea ase (hwɛ Yesaiah 53:2–5).

Onyankopɔn somaa Yesu sɛ ɔmmɛgye yɛn ɛfiri sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn mu biara (hwɛ Yohane 3:16–17).

Yesu bɔɔ mapeɛ maa N’akyidifoɔ, yɛka ho, sɛ yɛnya bammɔ mfiri bɔne ho na yɛ ne Ɔno ne Ɔsoro Agya nyɛ baako (hwɛ Yohane 17).

Yɛn Agyenkwa to nsa frɛ yɛn sɛ yɛn nni N’akyi na yɛn nsan mmera Ne nkyɛn (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:16–19, 23–24; 132:23).

Tintim