2021
Yesu Amanehunu Abasɛm No
Oforisuo 2021


“Yesu Amanehunu Abasɛm No,” Friend, Oforisuo 2021

Bosome bosome Adamfo Nkransɛm, Oforisuo 2021

Yesu Amanehunu Abasɛm No

Mfoni
Yesu rehohoro Asomafoɔ no nan ase

Apryl Stott Nkyerɛkyerɛmu

Yesu dɔɔ Ne nnamfonom. Ɔhohoroo wɔn nan ase. Afei Ɔmaa wɔn adidikronkron no. Ɔkakyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnɔ No. Ɔkakyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnɔ wɔn ho wɔn ho.

Mfoni
Yesu rebɔ mpaeɛ wɔ Gethsemane.

Akyire yi, Yesu kɔɔ turo bi mu. Ɔbɔɔ mpaeɛ maa yɛn nyinaa. Ɔtee yɛn yareɛ yea nka. Ɔtee yɛn bɔne yea nka.

Mfoni
Wɔde Yesu amu reto adamena mu

Nnipa bɔnefoɔ faa Yesu firii hɔ. Wɔpiraa No. Ɔwuu wɔ mmeamu dua no so maa yɛn. Ne nnamfonom de n’amu no kɔtoo adamena mu.

Mfoni
sorobɔfoɔ reka Yesu Wusɔreɛ no ho asɛm akyerɛ mmaa

Nnansa akyi, Ne nnamfonom san baeɛ. Na adamena no mu yɛ hwee! Asorobɔfoɔ no kakyerɛɛ wɔn sɛ, “Wasɔre.” Yesu aba nkwa mu bio! Ɛnam Yesu nti, yɛn nyinaa bɛba nkwa mu bio yɛn wuo akyi.

Mfoni
Nkwadaa wɔ asɔre

Yesu dɔ me. Mɛtumi ayɛ Yesu Amanehunu soronko berɛ a mekae No.

Adwinnie Kratafa

Yesu Amanehunu fa Yesu ho

Mfoni
Yesu Kristo

Tintim