2021
Ɛdeɛn Na Yɛn Agyenkwa Ayɛ Ama Yɛn?
Kɔtɔnimma 2021


“Ɛdeɛn na Yɛn Agyenkwa Ayɛ Ama Yɛn?,” Mmabunu Ahoɔden Nti, Kɔtɔnimma 2021.

Asɔfodie Som

Ɛdeɛn Na Yɛn Agyenkwa Ayɛ Ama Yɛn?

Tɔfabɔ nsɛm

Mfoni
Kristo damena hunu

Ɛdeɛn na Yesu Kristo ayɛ ama yɛn mu biara? Wayɛ biribiara a ɛhia ma yɛn tebea a ɛwuo akwantuo yi, de fa hyɛberɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ yɛn Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ mu no. Mɛkasa afa nneɛma nan a ɛdi akotene wɔ saa nhyehyɛeɛ no ho. 

Owusɔreɛ no ma yɛn nhunumu ne ahoɔden a yɛde bɛgyina ɔhaw ahodoɔ a yɛn mu biara ne wɔn a yɛdɔ wɔn hyia wɔ deɛ ɛwuo mu. Ɛma yɛn kwan foforɔ ma yɛhunu honam mu, adwene mu, anaa atenka mu sintɔ a yɛnya wɔ awoeɛ anaasɛ yɛnya no asetena a ɛwuo mu. Ɛma yɛn ahoɔden ma yɛtumi gyina awerɛhoɔ, nkoguo, ne ahohiahia mu.

Owusɔreɛ nso ma yɛn nkanyan ahoɔdenneɛ bi a yɛde bɛdi Onyankopɔn mmaransɛm no so wɔ yɛn asetena a ɛwuo berɛ yi mu.

Yɛn Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ no faa amanehunu a nteaseɛ nni mu mu bɛyɛɛ afɔrebɔdeɛ maa nnipa a wɔbɛsakyera nyinaa bɔne. Saa mpata afɔrebɔ yi de papa a ɛsene biara, odwammaa kronkron no a nkekaawa nni ne mu, maa bɔne susudeɛ a ɛsene biara, wiase nyinaa bɔne no.

Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no. Deɛ ɛwɔ nhyehyɛeɛ no mu bi ne Adebɔ, abrabɔ botaeɛ, sɛdeɛ sɔretia ho hia, ne ɔpɛ adom akyɛdeɛ. Ɔsane nso kyerɛkyerɛɛ yɛn mmaransɛm ne apam ahodoɔ a ɛwɔ sɛ yɛdi soɔ, ne ayɛyɛdeɛ ahodoɔ a ɛwɔ sɛ yɛfa mu na ɛde yɛn sane kɔ yɛn soro awofoɔ nkyɛn.

Yɛn Agyenkwa no te nka na ɔnim yɛn nsɔhwɛ, yɛn aperedie, yɛn akomayadeɛ, ne yɛn amanehunu, ɛfiri sɛ Ɔfirii ne pɛ mu faa ne nyinaa mu sɛ Ne Mpata no fa bi. Obiara a ɔkɔ deɛ ɛwuo ahoɔmmerɛ amanehunu biara mu nkae sɛ yɛn Agyenkwa no nso faa saa yea no mu, na Ɔnam Ne Mpata no so ma yɛn mu biara ahoɔden a yɛde bɛgyina.

Tintim