2021
Kristo Asɔre; Ne mu Gyedie Bɛtutu Mmepɔ
Kɔtɔnimma 2021


Bosome bosome Laehona Nkrasɛm, Kɔtɔnimma 2021

Kristo Asɔre; Ne mu Gyedie Bɛtutu Mmepɔ

Yesu Kristo mu gyedie yɛ tumi kɛseɛ a ɛwɔ hɔ ma yɛn wɔ saa abrabɔ yi mu. Nneɛma nyinaa wie yie ma wɔn a wɔgye die.

Menuanom mmarima ne mmaa, mɛda ase wɔ akwanya a mewɔ sɛ me ne mo kasa wɔ Yesu Amanehunu Kwasiada yi mu.1 Ɔpata afɔrebɔ no ne Yesu Kristo Wusɔreɛ no sesaa yɛn mu biara abrabɔ afebɔɔ. Yɛdɔ No na yɛde anisɔ som Ɔne yɛn Soro Agya no.

Wɔ abosome nsia a atwam yi no, yɛakɔ so ne wiase nsanyareɛ atetare. Mo nsiyɛ ne honhom mu ahoɔden no yɛ me nwanwa wɔ yareɛ, adehwereɛ ne ankonamyɛ yi mu. Mebɔ mpaeɛ berɛbiara sɛ, ne nyinaa mu, mobɛte Awurade dɔ a ɛnni hwammɔ a ɔwɔ ma mo no. Sɛ mode akyidiyɛ a ɛmu yɛ den yii mo nsɔhwɛ ano a, ɛnneɛ saa afe yi a ɛtwaa mu no anyɛ kwa.

Anɔpa yi, yɛatie afiri Asɔre akannifoɔ a wɔfiri asasepɔn biara a nnipa adɔre wɔ so hɔ. Ampa, asɛmpa no nhyira wɔ hɔ ma abusua biara kasa, ne nnipa. Yesu Kristo Asɔre no yɛ wiase nyinaa asɔre. Yesu Kristo yɛ yɛn kandifoɔ.

Anigyesɛm ne sɛ, mpo nsanyareɛ bi antumi ammrɛ Ne nokorɛ no nkankorɔ ase. Yesu Kristo asɛmpa no yɛ deɛ ɛhia pɛpɛɛpɛ wɔ saa anisotan, aperedie, ne wiase a abrɛ yi mu.

Onyankopɔn ba biara fata akwanya sɛ ɔte na ɔgye Yesu Kristo ɔgyeɛ ayaresa nkrasɛm no to mu. Nkrasɛm foforɔ biara ho nhia ma yɛn anigyeɛ—seesei ne afebɔɔ.2 Nkrasɛm biara nni hɔ a anidasoɔ ahyɛ mu ma pa ara. Nkrasɛm foforɔ biara nni hɔ a ɛbɛtumi ayi aperedie afiri yɛn aman mu.

Yesu Kristo mu gyedie yɛ gyedie nyinaa fapem ne ɔsoro tumi nkataho. Sɛdeɛ Ɔsomafoɔ Paul ka no, “Gyedie nni hɔ a ɛyɛ den sɛ yɛbɛsɔ [Onyankopɔn] ani: na deɛ ɔba Onyankopɔn hɔ no ɛwɔ sɛ ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔma wɔn a wɔde nsiyɛ hwehwɛ no no akatua.”3

Ade papa biara a ɛwɔ abrabɔ mu—nhyira papa biara a ɛwɔ ɛnni awieɛ su—de gyedie na ɛhyɛ aseɛ. Sɛ yɛrema Onyankopɔn adi yɛn abrabɔ so no hyɛ aseɛ de gyedie sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ Ɔbɛkyerɛ yɛn kwan. Nsakyeraeɛ nokorɛ mu de gyedie na ɛhyɛ aseɛ sɛ Yesu Kristo wɔ tumi no de te ho, sa yareɛ, na ɛhyɛ yɛn den.4

“Mpa Onyankopɔn tumi no akyiri,” nkɔmhyɛni Moronae paee mu kaae, “na ɔde tumi na ɛyɛ adwuma, sɛdeɛ gyedie no teɛ ma nnipa mma ”5 Ɛyɛ yɛn gyedie na ɛbue Onyankopɔn tumi no ano wɔ yɛn abrabɔ mu.

Na mpo, gyedie a yɛde yɛ adwuma tumi yɛ ahodwiri. Ɛtɔ da a yɛdwene ho sɛ yɛbɛtumi anya gyedie dodoɔ agye nhyira a yɛn ani abere rehwehwɛ no anaa. Mmom, Awurade yi saa ehu no firi hɔ wɔ Mormon Nwoma no mu wɔ nkɔmhyɛni Alma nsɛm no mu.

Mfoni
Sinapi aba

Alma se yɛn tiawa sɛ yɛnsɔ nhwɛ wɔ asɛm no so na “yɛnkyerɛ gyedie kakra aane, mpo sɛ [yɛn] ntumi nnye nni bio a.”6 Kasasini “gyedie kakra ”kae me Awurade twerɛnsɛm mu bɔhyɛ sɛ “yɛwɔ gyedie sɛ sinapi aba a,” yɛbɛtumi “aka akyerɛ saa bepɔ yi, Firi ha kɔ nohoa; na ɛbɛfiri hɔ; na biribiara nni hɔ a ɛbɛyɛ den ama [yɛn].”7

Mfoni
Anomaa a ɔwɔ sinapi aba ntam

Awurade te yɛn tebea a ɛwuo mmerɛyɛ ase. Yɛn nyinaa fom mmerɛ bi. Nanso Ɔnim yɛn nnepa kɛseɛ no nso. Sinapi aba no hyɛ aseɛ ketewa bi nanso ɛnyini yɛ dua kɛseɛ ma nnomaa nwono prebuo wɔ ne mman mu. Sinapi aba no gyina hɔ ma gyedie ketewa bi nanso ɛyɛ onyini gyedie.8

Awurade nhia pɛpɛyɛ gyedie mma yɛn ansa na yɛanya Ne pɛpɛyɛ tumi no. Nanso Ɔse yɛn sɛ yɛnnye nni.

Me nuanom mmarima ne mmaa, me frɛ ma mo saa Yesu Amanehunu anɔpa yi ne sɛ hyɛ aseɛ ɛnnɛ to wo gyedie mu. Ɛnam wo gyedie so, Yesu Kristo bɛto w’ahoɔden a wode bɛtutu w’abrabɔ mu mmepɔ mu,9 ɛwom sɛ w’ankasa wo haw bɛtumi ayi ne ho adi kakraka te sɛ Bepɔ Everest.

Wo mmepɔ bɛtumi ayɛ ankonam, annye annie, yareɛ, anaa w’ankasa haw afoforɔ bi. Wo mmepɔ bɛtumi adanedane, nanso wo haw no mu biara mmuaeɛ ne sɛ wobɛto wo gyedie mu. Ɛno hia adwumayɛ. Akyidifoɔ akwadwofoɔ ne anihafoɔ bɛkɔ so apere berɛ nyinaa mpo sɛ wɔbɛboa gyedie ketewa bi ano.

Wobɛyɛ biribiara yie no hia mmɔdemmɔ. Wɔnyi sɛ worebɛyɛ Yesu Kristo akyidini nokwafoɔ no mfiri mu. Woreto wo gyedie mu na woanya awerɛhyɛmu wɔ Ne mu no hia mmɔdemmɔ. Ma memma wo nsusuiɛ num a ɛbɛboa wo ama wo gyedie ne awerɛhyɛmu anyini.

Ɛdi kan, sua adeɛ. Bɛyɛ osuani a w’ani abere. Dɔ asukɔ wɔ twerɛnsɛm no mu na te Kristo som ne asɛmpatrɛ no ase yie. Hunu Kristo nkyerɛkyerɛ no sɛdeɛ wobɛte ne tumi ase ama w’abrabɔ. Fa nokorɛ no toto wo ho sɛ Yesu Kristo Mpata no yɛ adwuma wɔ womu. Ɔfa too Ne ho so wo awerɛhoɔ, wo mfomsoɔ, wo mmerɛyɛ, ne wo bɔne. Ɔtuaa mpata boɔ no na ɔmaa wo tumi a wode bɛtutu bepɔ biara a wobɛhyia. Wode wo gyedie, awerɛhyɛmu, ne ɔpɛ a wode di N’akyi na ɛnyaa saa tumi no

Wo mmepɔ a wobɛtutu no bɛhia anwanwadeɛ. Sua anwanwasɛm ho adeɛ. Anwanwadeɛ ba sɛdeɛ wo gyedie a wowɔ wɔ Awurade mu no teɛ. Deɛ ɛhia pa ara wɔ saa gyedie no mu ne sɛ wonya awerɛhyɛmu wɔ Ne pɛ ne berɛ nhyehyɛeɛ mu—sɛn ne berɛ a Ɔde mmoa nwanwasoɔ a worehwehwɛ no bɛhyira wo. Gye sɛ wo annye annie na ɛbɛsi Onyankopɔn kwan sɛ ɔde anwanwadeɛ bɛhyira wo sɛ wobɛtutu mmepɔ wɔ wo abrabɔ mu.10

Dodoɔ no a wosua fa Agyenkwa no ho no, ɛbɛyɛ mmerɛ ma wo sɛ wonya awerɛhyɛmu wɔ N’ahummɔborɔ, Ne dɔ a ɛnni ano, ne Ne denhyɛ, ayaresa, ne ɔgyeɛ tumi no mu. Awurade no mmɛn wo nsene berɛ a worehyia anaa woreforo bepɔ bi de gyedie.

Ɛtɔ so mmienu, fa na gye di wɔ Yesu Kristo mu. Sɛ wogye akyinnyeɛ fa Onyankopɔn Agya ne Ne Dɔ Ba no ho, anaa di a Mmaeɛ bio no di mu, anaa Joseph Smith frɛ kronkron sɛ nkɔmhyɛni no nokorɛ a ɛyɛ a, yi na gye di na11 yɛ nokwafoɔ. Fa wo nsɛmmisa kɔ Awurade ne nokorɛ fibea afoforɔ hɔ. Fa ɔpɛ sua adeɛ na gye di sene sɛ wode w’ani bɛto sɛ, wobɛtumi ahunu dɛmdie amanneɛ wɔ nkɔmhyɛni bi abrabɔ mu anaa abirabɔ bi wɔ twerɛnsɛm no mu. Gyae sɛ woma wo akyinnyeɛ yɛ bebree berɛ a wo ne akyinnyegyefoɔ afoforɔ di ho nkɔmmɔ. Ma kwan ma Awurade nni w’anim wɔ w’akwantuo a ɛyɛ honhom mu adiyie mu.

Ɛtɔ so mmiɛnsa, di dwuma wɔ gyedie mu. Deɛn na anka wobɛyɛ, sɛ wonyaa gyedie kɛseɛ a? Dwene ho. Twerɛ fa ho. Afei nya gyedie pii berɛ a woreyɛ biribi a ɛhia gyedie pii.

Ɛtɔ so nam, fa ayɛyɛdeɛ kronkron wɔ ahoteɛ mu. Ayɛyɛdeɛ bue Onyankopɔn tumi so ma w’abrabɔ.12

Ɛtɔ so num, bisa wo Soro Agya, wɔ Yesu Kristo din mu pɛ mmoa.

Gyedie hia adwumayɛ. Adiyisɛm gyeɛ hia adwuma den. Nanso “obiara a ɔbisa no, ɔnya; na deɛ ɔhwehwɛ no ɔhunu; na deɛ ɔbɔ mu no, wɔbue no.”13 Onyankopɔn nim deɛ ɛbɛboa ama wo gyedie anyini. Bisa, na sane bisa bio.

Annye annieni bɛka sɛ gyedie hia ma deɛ ɔyɛ mmrɛ. Nanso saa nsusuiɛ yi boro tumi a ɛwɔ gyedie mu. Anka Agyenkwa no Asomafoɔ no bɛtoa so akyerɛ Ne nkyerɛkyerɛ no wɔ Ne wuo akyi, berɛ a wɔn nkwa daa adwaa mu, sɛ wɔgyee Ne ho akyinnyeɛ a?14 Anka Joseph ne Hyrum Smith bɛhunu amane wɔ mogyadansefoɔ wuo mu berɛ a wɔrebɔ Awurade Asɔre Mmaeɛ bio ho ban sɛ wɔnni adanseɛ turodoo sɛ ɛyɛ nokorɛ a? Anka bɛyɛ Ahotefoɔ 2000 wuui wɔ akannifoɔ twenenoo so15 sɛ na wɔnni gyedie sɛ Yesu Kristo asɛmpa no asane aba bio a? Ampa, gyedie yɛ tumi a ɛboa deɛ ɛnyɛ nokorɛ ma ɛbɛwie deɛ ɛyɛ den sɛ ɛbɛsi.

Nte gyedie a wowɔ dada no so. Gyedie na obi de dɔm Asɔre yi na ɔka wɔ gyedie mu. Gyedie na obi de di nkɔmhyɛfoɔ akyi sene abenfoɔ ne adwene a nnipa dodoɔ di akyire. Gyedie na obi de som asɛmpatrɛ adwuma mu wɔ nsanyareɛ berɛ mu. Gyedie na obi de di abrabɔ tenenee mmara no so berɛ a wiase reteam sɛ Onyankopɔn abrabɔ tenenee mmara no atwam. Gyedie na yɛde kyerɛ nkwadaa asɛmpa no wɔ wiase nneɛma mu. Gyedie na yɛde srɛ nkwa ma ɔdɔfoɔ bi, na mpo gyedie kɛseɛ na yɛde gye abamubuo mmuaeɛ.

Mfeɛ mmienu a atwam, me ne Onuabaa Nelson kɔsraa Samoa, Tonga, Fiji, ne Tahiti. Saa supɔ aman yi biara ahyia nsutɔ a ɛyɛ den nna bebree. Asɔremma kyenee kɔm bɔɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn abɔntene nhyiamu ho ban afiri nsutɔ no ho.

Wɔ Samoa, Fiji, ne Tahiti, berɛ a wɔrebɛhyɛ nhyiamu no ase pɛ na nsuo no gyaeɛ. Mmom wɔ Tonga deɛ, nsuo no an nyae. Nanso Ahotefoɔ nokwafoɔ 13,000 baa ntɛm nnɔnhwere bebree sɛ wɔbɛnya baabi atena, twɛnee aboterɛ mu wɔ nsutɔ no mu, na afei wɔtenaa nnɔnhwere mmienu nhyiamu ase a na wɔafɔ yie.

Mfoni
Tonga Ahotefoɔ wɔ nsutɔ mu.

Yɛhunuu gyedie kɛseɛ sɛ ɛreyɛ adwuma wɔ saa supɔfoɔ yi biara ntam—gyedie a ɛdɔɔso a ɛtumi ma nsuo gyae tɔ, ne animia gyedie berɛ a nsutɔ no annyae.

Mmepɔ a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu ntaa ntutu sɛdeɛ anaa berɛ a yɛbɛpɛ no. Mmom yɛn gyedie bɛtaa apia yɛn akɔ anim. Gyedie taa ma yɛn nyamesu tumi ho kwan no yɛ kɛse.

Mesrɛ, hunu yei: sɛ biribiara ne obiara a ɔwɔ wiase yi mu a wowerɛ hyɛ ne mu di wo hwammɔ a, Yesu Kristo ne N’Asɔre renni wo hwammɔ da. Awurade ntɔ nko, na ɔnna da.16 Ɔte “saa ara nnora, ɛnnɛ, ne [ɔkyena].”17 Ɔrento N’apam ntwene,18 Ne bɔhyɛ, anaa Ne dɔ a ɔwɔ ma Ne nkorɔfoɔ. Ɔyɛ anwanwa nnwuma ɛnnɛ na ɔbɛyɛ anwanwa nnwuma ɔkyena.19

Yesu Kristo mu gyedie yɛ tumi kɛseɛ pa ara a ɛwɔ hɔ ma yɛn wɔ saa abrabɔ yi mu. Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ yie ama wɔn a wɔgyedie.20

Wo gyedie a ɛrenyini wɔ Ne mu no bɛtutu mmepɔ—ɛnyɛ abotan mmepɔ a ɛma asase yɛ fɛɛfɛ na mmom w’abrabɔ mu awerɛhoɔ mmepɔ. Wo gyedie a ɛreyɛ frɔmfrɔm no bɛboa ama woadane wo haw akɔ onyini ne akwanya a ɛso bi mmaa da mu.

Wɔ saa Yesu Amanehunu Kwasiada yi mu, wɔ me dɔ ne aseda a ɛmu dɔ a mewɔ ma mo no, mepae mu di m’adanseɛ sɛ nokorɛ mu Yesu Kristo asɔre. Wasɔre rebɛdi N’Asɔre anim. Wasɔre rebɛhyira Onyankopɔn mma nyinaa abrabɔ, baabi a wɔteɛ biara. Yɛwɔ gyedie wɔ Ne mu a, yɛbɛtumi atutu yɛn abrabɔ mu mmepɔ. Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Placeholder Image Credit

Tintim