2021
Yɛreyɛ Wo Nipa Papa
Ɛbɔ 2021


“Yɛreyɛ Wo Nipa Papa,” Mmabunu Ahoɔden Nti, Ɛbɔ 2021, 6–7.

Bosome bosome Mmabunu Ahoɔden Nti Nkransɛm, Ɛbɔ 2021

Yɛreyɛ wo Nipa Papa

Akwan num a wobɛfa so abɔ anigyeɛ bra.

Nkyerɛkyerɛ ne Apam 95:13-14

Mfoni
ababaawa X-Ray, tɛmpol nhyehyɛeɛ

Juliet Percival nkyerɛkyerɛmu

Berɛ a Awurade hyɛɛ Joseph Smith sɛ ɔnsi Kirtland Tɛmpol no, Wannyae no amma ɔno ankasa ankɔdwene ho sɛdeɛ ɔbɛfa so ayɛ no. Ɔmaa no adwempɔ a ɛde no bɛkɔ nkonimdie mu.

“Momma wɔnsi efie no, ɛnyɛ sɛnea ewiase fa yɛ no no,“ Awurade kaeɛ. “Momma wɔnsi no sɛnea mɛkyerɛ no” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 95:13–14). Na Awurade maa akwankyerɛ wɔ kwan a wɔmfa so nsi tɛmpol no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 95:15–17).

Aseda mu, Awurade akyerɛ yɛn aboro sɛnea yɛsi tɛmpol no. Wasan nso ama yɛn akwankyerɛ a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ nipa papa a yɛbɛtumi ayɛ. Sɛ yɛdi so a, yɛbɛbɔ yɛn bra a “ɛnyɛ wiase yɛbea mu“ na mmom wɔ ɔkwan a Awurade ahyehyɛ no so.

Akwan num a wobɛfa so abɔ anigyeɛ bra a ɛgyina Yesu Kristo so nie.

Si Fapem Nokorɛ mu

Ɔdansifoɔ biara bɛka akyerɛ wo sɛ fapem denden ho hia ma ɛdan biara. Helaman kyerɛkyerɛɛ sɛ fapem papa ma yɛn abrabɔ ne “yɛn Dimafoɔ botan no, a ɔne Kristo, Onyankopɔn Ba no“ (Helaman 5:12). Yɛbɛtumi ayɛ Kristo yɛn fapem wɔ brɛ a yɛreba ne nkyɛn na yɛadi ne nkyerɛkyerɛ so. Sɛn na wote nka sɛ woreyɛ Kristo w’abrabɔ mu fapem?

Som Afoforɔ

Mfoni
nnantabono

Ɔkwan foforɔ a yɛbɛtumi abɔ yɛn bra, sɛnea Otitenani Dieter F. Uchtdorf, Ofutofoɔ a na Ɔtɔ so Mmienu wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no mu kyerɛ no, ɛba “wɔ mmerɛ a yɛgyina yɛn nan so resom Awurade ne wɔn a wɔbɛn yɛn.“1 Sɛ wosom afoforɔ a, woreyɛ nea Yesu yɛeɛ no na woresua sɛ wobɛyɛ te sɛ Ɔno. Na worenhyira wɔn a woresom wɔn no nko ara, na wo nso wo bɛyɛ nhyira.

Hyehyɛ Mpaebɔ ne Twerɛ Nhyehyɛeɛ a ɛyɛ Wɔ-ano Wɔ-ano

Mfoni
mpaebɔ nsa

Ɔkwan foforɔ a yɛbetumi abɔ anigyeɛ bra ne sɛ yɛ ne Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo bɛnya ayɔnkofa. Ɔkwan kɛseɛ a wobɛtumi afa so ayɛ saa no nam mpaebɔ ne twerɛ no sua so.

Otitenani Uchtdorf kaa sɛ: “Sɛ yɛbɛhyɛ yɛ ne Onyankopɔn ayɔnkofa mu den a, yɛhia sɛ yɛ ne no nko ara bɛnya berɛ a ɛho hia. Sɛ yɛreyɛ dinn na yɛde yɛn ani resi yɛn daadaa mpaeɛ ne twerɛ no sua so no bɛyɛ nyansadeɛ a mfasoɔ wɔ mu wɔ yɛn mmerɛ ne mmɔdemmɔ a yɛbɔ sɛ yɛbɛbɛn yɛn Soro Agya no.“2

Mpaebɔ yɛ akwanya sɛ yɛ ne Ɔsoro Agya bɛkasa. Onim yɛn, dɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ ɔte yɛn nka! Sɛ yɛbɔ mpaeɛ nokorɛ mu, de yɛn aseda ba, na yɛbisa nnoɔma a yɛhia a, Otie na Obua yɛn daa wɔ Ɔno ara ne kwan ne ne mmerɛ mu.

Sɛ ɛba twerɛ no sua a, yɛnni kwan papa korɔ a yɛfa so yɛ no. Nea ɛhia ne sɛ wo bɛyɛ! Otitenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ, “ Onyankopɔn asɛm mu daadaa sukɔ dɔ ho hia pa ara ma honhom mu asetena.”3 Yɛresɛe mmerɛ dabiara wɔ twerɛnsɛm no mu no bɛma, yɛabɔ gyedie ne ahoɔden bra a akyinnyeɛ nni ho.

Ma Wɔn a Wɔhyɛ wo Nkuran sɛ Wobɛyɛ Papa no Ntwa Wo ho Nhyia

Mfoni
abarimaa a wabue ne nsa mu

Ɔsoro Agya pɛ sɛ yɛbom na yɛ ne afoforɔ nya ayɔnkofa—titire no abusua ne ayɔnkofoɔ. Yɛtaa nya yɛn su firi wɔn a yɛsɛe yɛn mmerɛ wɔ wɔn nkyɛn no. Sɛ wɔyɛ anaa wɔnnyɛ Asɔre no mma no, ɛwɔ sɛ wo ma wɔn a wɔboa ma wodi asɛmpa no so, kora Awurade nhyehyɛeɛ, na wɔyɛ nipa papa no na wɔtwa wo ho hyia. Wo bɛtumi aboa wɔn a wɔbɛn wo ama wɔn nso ayɛ saa. Wo nnamfo bɛn na wɔreboa wo ama wasi wo fapem wɔ tenenee so?

Nya Anigyeɛ wɔ Wo Fapemtoɔ mu

Akwan bebree wɔ hɔ a wobɛtumi abɔ wo bra ama abɛyɛ den honhom mu na wanya anigyeɛ, sɛ wobɛkɔ asɔre ne sɛ wobɛdi adidi kronkron no, woreyɛ apam na woredi so, na woredi adiyifoɔ a wɔte ase afutuo so.

Ɛho hia sɛ wobɛkae sɛ saa nnoɔma yi nyinaa hia adwuma ne mmerɛ. Adesua wɔ hɔ brɛbiara, nanso enni sɛ wo nko ara wo yɛ. Awurade bɛboa wo dabiara berɛ a worebɔ wo ho mmɔden sɛ wobɛbɔ ɔbra a wo ne No ani bɛgye ho na ama wo anigyeɛ.

Atwerɛ

  1. Dieter F. Uchtdorf, “Waiting on the Road to Damascus,” Oforisuo 2011 amansan nhyiamu (Ensign anaa Laehona, Kɔtɔnimaa 2011, 76).

  2. Dieter. F. Uchtdorf, “Of Things That Matter Most,” Ahinime 2010 amansan nhyiamu (Ensign anaa Laehona, Obubuo 2010, 21).

  3. Russell M. Nelson, “Tie No“ Oforisuo 2020 amansan nhyiamu (Ensign anaa Laehona, Kotonimaa 2020, 89).

Tintim