2021
Amansan Nhyiamu: Wiase nyinaa Asɔre Nhyiamu
Ɛbɔ 2021


“Amansan Nhyiamu: Wiase nyinaa Asɔre Nhyiamu,” Laehona, Ɛbɔ 2021

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɛbɔ 2021

Amansan Nhyiamu: Wiase nyinaa Asɔre Nhyiamu

Yɛtie adiyifoɔ ne Asɔre akannifoɔ berɛ a amansan nhyiamu rekɔ so. Wɔkyerɛkyerɛ yɛn deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛte.

Mfoni
Nhyiamubea abɔntene

Oforisuo ne Ahinime biara, Asɔre no yɛ nhyiamu ahodoɔ a yɛfrɛ no amansan nhyiamu. Akannifoɔ kyerεkyerɛ san di adanseɛ fa Yesu Kristo ne Ne nsεmpa no ho. Amansan nhyiamu no kɔ so wɔ Salt Lake City mu, Utah, USA, na yɛyi no wɔ wiase afanan nyinaa wɔ kasa bɛboro aduowɔtwe mu. Wɔma kwan sɛ asɔremma ne afoforɔ a wɔn ani gye ho biara sɛ wɔmmɛtie nkasaeɛ no bi.

Mfoni
Nhyiamubea no mu

Asɔre no Nhyiamu a Edi Kan

Wɔhyɛɛ Asɔre no ase ankasa wɔ nhyiamu bi ase wɔ Oforisuo 6, 1830 (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20). Amansan nhyiamu a ɛdi kan no kɔɔ so Ayɛwohomumɔ 9, 1830. Efiri saa berɛ no, amansan nhyiamu akɔ so wɔ Asɔre no Titenafoɔ no nhyehyɛeɛ ase wɔ baabiara a asɔremma bɛtumi ahyia. Wɔ mfeɛ 1840 no mu, akannifoɔ hyɛɛ aseɛ yɛɛ nhyiamu mprenu afe biara.

Mfoni
Otitenani Nelson wɔ ɔsɛnkafoɔ adwa no so

Sɛnea Wɔyɛ Nhyiamu Ɛnnɛ

Atitenafoɔ a Wɔdi Kan, Asomafoɔ Dumienu Kuo, ne Asɔre akannifoɔ binom kasa wɔ amansan nhyiamu ase. Tabernacle Nnwomtokuo no wɔ Temple Square ne Asɔre nnwomtokuo afoforɔ no ma nnwom. Nhyiamu biara wɔ nkyekyɛmu num: Memeneda wɔ mmiɛnsa ɛna Kwasiada wɔ mmienu. Wɔ Oforisuo mu no, nkyekyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa Memeneda no yɛ wɔn a wɔwɔ Aaron ne Melchizedek Asɔfodie kuo no mu no dea. Wɔ Ahinime mu no, ɛyɛ wɔn a wɔwɔ Relief Society mu ne Mmabaawa dea.

Akannifoɔ Nkyerɛkyerɛ

Abosome a ɛdi nhyiamu anim no, Asɔre akannifoɔ bɔ mpaeɛ fa nea wɔbɛkyerɛkyerɛ no ho. Awurade kanyan wɔn ma wɔhunu nea ɛwɔ sɛ wɔka. Wɔkyerɛkyerɛ asɛmpa nokorɛ no na wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnni Onyankopɔn mmransɛm so. Wɔsan nso di adanseɛ fa Yesu Kristo ho na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnni N’akyi.

Yɛresua adeɛ afiri Nhyiamu mu

Ansa na amansan nhyiamu bɛduru so no, yɛbɛtumi abɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛte nea Awurade pɛ sɛ yɛsua no. Yɛretie nkasaeɛ no, Honhom no bɛkyerɛ yɛn nea ɛwɔ sɛ yɛhunu. Nhyiamu akyi no, nkasaeɛ no ba ChurchofJesusChrist.org, wɔ Asɛmpa Nwomakorabea app no so, ne Laehonamu. Yεbɛtumi asua nkasaeɛ no wɔ mpaebɔ mu na yɛahunu bebree afa Yesu Kristo ne N’asεmpa no ho.

Ɛfiri Twerɛsɛm no mu

Yesu Kristo kyerɛɛ sɛ ɛwɔ sɛ yɛtaa hyiahyia yɛn ho yɛn ho (hwɛ 3 Nephi 18:22).

Sɛ Asɔre mma som bɔ mu a, Awurade ne wɔn bɛwɔ hɔ (hwɛ Mateo 18:20).

Awurade hyɛɛ Asɔre mma no sɛ ”wɔnkyerɛkyerɛ na monhyɛ mo ho den” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 43:8).

Mmmerɛ a Asɔre mma no redan gyidie wɔ Kristo mu adi no, Ne Honhom ne wɔn bɛwɔ hɔ berɛ a wɔrehyiahyia no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 44:2).

Tintim