2022
Ɛdeɛn na ɛsi wɔ Kwasiada Asɔre Nhyiamu ase?
Ayɛwohomumɔ 2022


“Ɛdeɛn na ɛsi wɔ Kwasiada Asɔre Nhyiamu mu?,” Laehona, Ayɛwohomumɔ 2022.

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2021

Ɛdeɛn na ɛsi wɔ Kwasiada Asɔre Nhyiamu ase?

Mfoni
mmaa baanu reyɛ atuu

Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ asafomma no hyia Kwasiada biara som Nyankopɔn na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ho wɔn ho Yesu Kristo Asɛmpa no. Wɔma obiara akwaaba, na asɔremma nya kwan bɔ mpaeɛ, ma kasakyerɛ, ne adesua a wɔpɛ. Saa nhyiamu yi boa asɔremma no ma wɔhyɛ wɔn gyidie mu den na “ɛka wɔn akoma bɔm wɔ koroyɛ ne ɔdɔ mu” (Mosiah 18:21).

Mfoni
Barima bubuani te teaseɛnam mu rekyɛ adidikronkron no

Adidikronkron Nhyiamu

Asafomma no hyia Kwasiada biara yɛ adidikronkron nhyiamu. (Wɔn a wɔnnka yɛn gyedie ho nso bɛtumi aba bi.) Wɔde adidikronkron no ma asɔremma wɔ saa nhyiamu yi mu de boa ma wɔkai Yesu Kristo (hwɛ April 2022 Gospel Basics article fa pɛ nimdeɛ dodoɔ fa adidikronkron no ho). Mpaeɛ, ɛsom nnwomtoɔ, ne kasakyerɛ a asɔremma no de ma fa Yesu Kristo asɛmpa no ho.

Mfoni
mmaayewa baanu resere wɔ asɔre

Nhyiamu Afoforɔ

adidikronkron nhyiamu akyi no, asɔremma no kyekyɛ wɔn mu akuo akuo. Mmofra a wadi bosome 18 kɔpem mfeɛ 11 kɔ Primary. Kwasiada a ɛdikan ne ɛtɔ so mmeɛnsa wɔ bosome biara mu, asɔremma nyinaa kɔ Kwasiada Sukuu. Kwasiada a ɛtɔ mmienu ne nan no, wɔkɔ Relief Society, Mmaayewa, anaa asɔfoɔ kuo nhyiamu.

Mpaebɔ

Asɔremma na wɔbɔ mpaeɛ wɔ Asɔre nhyiamu mu. Mpaeɛ no yɛ kumaa na Honhom Kronkron no na kyerɛ. Asɔremma de nsɛm a ɛkyerɛ ɔdɔ ne obuo ma Soro Agya no na ɛbɔ mpaeɛ. Dinnsiananmu bi a ɛka ho ne Thee, Thy, Thine, ne Thou berɛ a yɛrebɔ mpaeɛ akyerɛ No.

Kasa

Ahwɛfoɔ no mu baako na ɔkyerɛ asɔreba a ɔbɛkasa Kwasiada biara wɔ adidikronkron nhyiamu. Saa kasa yinom gyina Yesu Kristo nsɛmpa no so. Akasafoɔ no de twerɛnsɛm ne Asɔre mpanyimfoɔ nsɛm na ɛyɛ wɔn nkransɛm. Wɔsan nso di adanseɛ fa nhyira wanya firi asɛmpa no akwankyerɛ mu wɔ wɔn abrabɔ mu.

Adesua

Adidikronkron nhyiamu akyi no, asɔremma no kyekyɛ wɔn mu akuo akuo sua asɛmpa no. Adesua no tumi fa twerɛsɛm ho, amansan nhyiamu nkyerɛkyerɛ, anaa asɛm foforɔ ho Ɛwom sɛ tikyani di adesua no anim nso, ɛnyɛ ɔno nkoa na ɔkasa. Adesuafoɔ no nyinaa tumi kyerɛ wɔn nimdeɛ fa adesuadeɛ no ho.

Mfoni
Obi rekasa wɔ ɔsɛnkafoɔ adwa no so wɔ asɔre

Adanseɛ

Kwasiada baako wɔ bosome biara mu, wɔde adansedie nhyiamu ka adidikronkron nhyiamu ho. Yei taai yɛ Kwasiada a ɛdi kan wɔ bosome mu. Wɔ saa nhyiamu yi mu, asɔremma tumi di wɔn adanseɛ fa Yesu Kristo ne N’asεmpa no ho. Sɛ wɔbɛdi adanseɛ kyerɛ sɛ wɔbɛka asɛmpa mu nokorɛ a Sunsom Kronkron no de ba.

Ahoboaboa

Asɔremma boaboa wɔn ho ma Kwasiada nhyiamu wɔ mpaeɛ mu, twerɛnsɛm sua mu ne sɛ wɔyɛ krado sɛ wɔbɛnya nkanyan afiri Sunsom Kronkron no hɔ. Sɛ wɔkasɛ kasa anaa kyerɛ adeɛ a, fa mpaeɛbɔ dwene sɛdeɛ wobɛtumi akyerɛ asɛmpa nkyerɛkyerɛ. Fa twerɛsɛm no yɛ adwuma. Di nokorɛ ho adanseɛ. Wasɔre mpanimfoɔ bɛtumi aboa wo, sɛ ɛhia a.

Tintim