2022
Ɛntwɛn! Yɛ Te sɛ Nnwanhwɛfoɔ no
Ɔpɛnima 2022


“Ɛntwɛn! Yɛ te sɛ Nnwanhwɛfoɔ no,” De ma Mmabunu Ahoɔden, Kɔtɔnima 2022.

Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛnima 2022

Luka 2:8–20

Ɛntwɛn! Yɛ Te sɛ Nnwanhwɛfoɔ no

Mfoni
nnwanhwɛfoɔ

Anadwo dinn bi mu mmerɛ tenten a atwam, nnwanhwɛfoɔ de nsi wɛnn wɔn nnwan.

Mfoni
nnwan

Na nnwanhwɛfoɔ no wɔ adwuma a ɛhia bi. Na nnwan no hia aduane, nsuo, ne bammɔ firi ɔhaw ho.

Mfoni
ɔsorobɔfoɔ

Amonom hɔ ara, ɔsorobɔfoɔ pueei!

“Monnsuro, na hwɛ, Mede nsɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ kɛseɛ rebrɛ mo Ɛfiri sɛ wɔawo Agyenkwa, a ɔne Kristo, Awurade no ama mo”

Mfoni
ɔsorobɔfoɔ

Ɔsorobɔfoɔ no kakyerɛɛ nnwanhwɛfoɔ no sɛ wɔbɛhunu akɔkoaa a wɔde ntoma akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu wɔ Bethlehem.

Mfoni
ɔsoro asafo nnwomtokuo

Ɔsoro asafo nnwomtokuo hyɛɛ ewiemu ma na wɔbɛkaa sorobɔfoɔ no ho yii Onyankopɔn ayɛ.

“Animuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoeɛ wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”

Mfoni
nnwanhwɛfoɔ

“Momma yɛnkɔ Bethlehem na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi.”

Mfoni
nnwanhwɛfoɔ redi nsoroma akyi

Nnwanhwɛfoɔ no antwɛn. Na yei ho hiaa yie! Wɔbaa “ntɛm so” wɔ Bethlehem.

Mfoni
nnwanhwɛfoɔ wɔ adididaka mu

Nnwanhwɛfoɔ no hunuu Yesu sɛ wɔde ntoma akyekyere ne ho, na ɔda adididaka mu sɛdeɛ sorobɔfoɔ no kaae no.

Mfoni
akɔkoa Yesu

Yei ne Mesaia a wɔahyɛ ne ho bɔ no a ɔba bɛyɛɛ Agyenkwa no ne wiase Dimafoɔ a ɔde anigyeɛ kann brɛɛ yɛn!

Mfoni
nnwanhwɛfoɔ

Na nnwanhwɛfoɔ no ani agye yie! Wɔkyɛɛ deɛ wɔateɛ ne deɛ wɔhunuui.

“Wɔawo wiase Agyenkwa no!”

“Mesaia no awie ba!”

Mfoni
abranteɛ a ɔresua twerɛnsɛm

Nnwanhwɛfoɔ no “baa Yesu nkyɛn ntɛm so”. Wo nso wobɛtumi!.

Wobɛtumi asu No.

Mfoni
abranteɛ a ɔretwa ɛsrɛ so

Wobɛtumi asom No berɛ a woresom afoforɔ.

Mfoni
abaayewa a ɔne abranteɛ rekyɛ Mormon Nwoma no

Wobɛtumi adi Ne ho adanseɛ.

Tintim