2022
Deɛ Nti Yɛtua Ntotosoɔ du du
Ɔpɛnima 2022


“Deɛ Nti Yɛtua Ntotosoɔ du du,” Laehona, Ɔpɛnima 2022.

Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔpɛnima 2022

Deɛ Nti Yɛtua Ntotosoɔ du du

Mfoni
dwetɛ a wɔaboa ano

Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma de wɔn akatua nkyɛmu du mu baako ma Asɔre no. Yei na wɔfrɛ no ntotosoɔ du du. Wɔde sika no yɛ Asɔre no adwuna wɔ wiase afanan nyinaa.

Deɛn ne Ntotosoɔ du du?

Onyankopɔn mmaransɛn no baako ne sɛ yɛtua ntotosoɔ du du de ma Asɔre no, a ɛyɛ yɛn akatua nkyɛmu edu mu baako. Sɛ yɛtua ntotosoɔ du du no a, yɛdekyerɛ yɛn anisɔ wɔ nhyira a Onyankopɔn de ma yɛn no. Yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyedie wɔ Awurade mu na yɛayɛ krado sɛ yɛbɛyɛ setie ama No wɔ adeɛ nyinaa mu.

Mfoni
Nkorɔfoɔ de nneɛma rebrɛ Melkisedek sɛ ntotosoɔ du du akatua

Melkisedek—Koradan so Hwɛfoɔ, ɛfiri Clark Kelley Price

Apam Dadaa Nkyerɛkyerɛ

Onyankopɔ nkorɔfoɔ atua ntotosoɔ du du firi Apam Dada Berɛ so. Nhwɛsoɔ, Abraham tuaa ntotosoɔ du du (hwɛ Gyenesis 14:18–20). Tete nkɔmhyɛfoɔ kyerɛkyerɛɛ ntotosoɔ du du mmara no, a Mose ne Malakai ka ho (hwɛ Lewitikɔs 27:30–34; Nehemia 10:35–37; Malaki 3:10).

Ntotosoɔ du du Mmara no Mmaeɛ bio,

Wɔ 1838 mu, Nkɔmhyɛni Joseph Smith bisaa Awurade no sɛdeɛ Asɔremma no ntua ntotosoɔ du du no. Awurade mmuaeɛ no wɔatwerɛ wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 119, a ɛka sɛ asɔremma ntua wɔn mfasoɔ nkyɛmu du mu baako mma Asɔre no (hwɛ nyiyimu 4). Asɔre akannifoɔ akyerɛkyerɛ sɛ “mfasoɔ” kyerɛ akatua.

Mfoni
nkorɔfoɔ rekyea wɔn nsa mu berɛ a ɔbaako de nnuraho bɔtɔ ma ɔfoforɔ

Foto no firi Jamie Dale Johnson

Sɛdeɛ Wɔtua Ntotosoɔ du du

Yɛbɛtumi atua ntotosoɔ du du berɛ a yɛahyehyɛ krataa a ɛwɔ donations.ChurchofJesusChrist.org. Anaasɛ yɛbɛtumi ahyehyɛ krataa na yɛde sika no ama ahwɛfoɔ anaasɛ nkorabata titenafoɔ no mu baako. Sika no nyinaa wɔde kɔ Asɔre no asoɛeɛ, baabi a Asɔre akannifoɔ (Atitenafoɔ a Wɔdi Kan, Asomafoɔ Dummienu Kuo no, ne Ahwɛfoɔ Atitenafoɔ de mpaebɔ dwene sɛdeɛ wɔde bɛyɛ adwuma.

Nhyira

Awurade no ahyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔtua ntotosoɔ du du no wɔbɛhyira wɔn wɔ honam ne honhom mu. Ntotosoɔ du du tua hyira Onyankopɔn mma nyinaa wɔ akwanya a wɔde sua Ne ho asɛm na wɔnyini wɔ aseɛmpano mu.

Mfoni
Salt Lake Tɛmpol

Sedeɛ Wɔde Ntotosoɔ du du Sika Yɛ Adwuma

Wɔde Ntotosoɔ du du sika no sisi Awurade Asɔre no wɔ wiase afanan nyinaa. Deɛ ɛka ho bi ne sɛ wɔde sisi tɛmpols ne Asɔre adan afoforɔ, tintim twerɛnsɛm ne nneɛma afoforɔ, bɔ Asɔre-ankasa sukuu ho bra, na wɔdeboa abusua abakɔsɛm ne asɛmpatrɛ adwuma.

Ntotosoɔ du du Paemuka

Wɔ afe mu, Asɔremma hyia wɔn hwɛfoɔ (anaasɛ nkorabata titenani) kakyerɛ no sɛ wɔyɛ ntotosoɔ du du tuafoɔ mapa anaa.

Deɛ Ntotosoɔ du du Tua ho Ka

Mfoni
Oakland California Tɛmpol

Oakland California Tɛmpol ho Foto firi Longin Lonczyna Jr.

Mfoni
Mormon Nwoma no nhwɛsoɔ wɔ kasa ahodoɔ mu
Mfoni
hyiadan

Tintim