Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 120


Ɔfã 120

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Far West, Missouri, Kitawonsa 8, 1838, a ɛda agyapadeɛ a wɔde atua ntotosoɔ du du a wɔabɔ din wɔ adiyisɛm a ɛdi kan no mu no adi, ɔfã 119.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, berɛ aso seesei, sɛ agyinatukuo, a ɛyɛ m’Asɔre no Titenafoɔ a Wɔdi Kan, ne ɔhwɛfoɔ ne n’agyinatukuo, ne m’agyinatukuo kɛseɛ no di ho dwuma; ne sɛdeɛ me ankasa me nne bɛkyerɛ wɔn, Awurade na ɔseɛ. Mpo saa ara. Amen.