Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 89


Ɔfã 89

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland Ohio, Ogyefuo 27, 1833. Ɛnam sɛ na anuanom a wɔdi kan no nom tawa wɔ wɔn nhyiamu ase nti, Honhom no maa Nkɔmhyɛni no dwennwenee asɛm no ho; ɛno nti, ɔbisaa Awurade faa yei ho. Saa adiyisɛm, a wɔnim no sɛ Nyansasɛm no, yɛ ne nsunsuansoɔ.

1–9, Wɔbara sɛ wɔfa bobesa, anonneɛ a ano yɛ den, tawa, ne anonneɛ a ɛyɛ hye; 10–17, Wɔayɛ nhahamma, nnuaba, nnam, ne burofua yi ama onipa ne mmoa; 18–21, Setie a wɔyɛ ma asɛmpa mmara no, ɛne Nyansasɛm no de honam ne honhom fam nhyira ba.

1 Nyansasɛm, a ɛyɛ mfasoɔ ma asɔfoɔ mpaninfoɔ agyinatu kuo no, a wɔahyia mu wɔ Kirtland, ne asɔre no, ne ahoteɛfoɔ nso a wɔn wɔ Sion —

2 Wɔmfa nsoma sɛ nkyea; nnyɛ sɛ mmarasɛm anaa ɔhyɛ, mmom sɛ adiyisɛm, ne nyansasɛm, a ɛrekyerɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne pɛ a ɛfa ahoteɛfoɔ no nyina ara honam fam nkwagyeɛ ho wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu—

3 Wɔde maae sɛ nyinasosɛm a bɔhyɛ ka ho, nnanemu ma wɔn a wɔyɛ mmrɛ koraa, wɔn a wɔyɛ ahoteɛfoɔ anaa wɔbɛtumi afrɛ wɔn saa no.

4 Hwɛ, nokorɛ, sɛdeɛ Awurade se mo nie: Ɛnam nnebɔneyɛ ne atirimpɔ a ɛwɔ hɔ na ɛbɛtena nnipa a wɔpam tiri-so no akoma mu wɔ nna ɛtwa toɔ no mu nti, mabɔ mo kɔkɔ, na madikan abɔ mo kɔkɔ, ma menam adiyisɛm so ma mo saa nyansasɛm yi—

5 Sɛ mmerɛ dodoɔ a onipa biara nom bobesa anaa anonneɛ a ano yɛ den wɔ mo ntam no, hwɛ ɛnnyɛ, anaa ɛmfata wɔ mo Agya anim, gye sɛ berɛ a morehyia mo ho de mo akronkronneɛ ama wɔ n’anim.

6 Na, hwɛ, ɛsɛ sɛ yei yɛ bobesa, aane, bobesa korɔgyeen a ɛfiri, bobedua no so, a mo ankasa moayɛ.

7 Na, bio, anonneɛ a ano yɛ den nnyɛ mma yafunu, mmom ɛyɛ ma sɛ mode bɛhohoro mo nnipadua ho.

8 Na bio, tawa nnyɛ honamdua no deɛ, anaa yafunu no, na ɛnnyɛ mma onipa, mmom ɛyɛ ahahamma ma pira ne anantwie a wɔyare nyina ara, na ɛsɛ sɛ wɔde atemmuo ne nyansa to ho de di dwuma.

9 Na bio, anonneɛ a ɛyɛ hye nnyɛ nipadua anaa yafunu no deɛ.

10 Na bio, nokorɛ mese mo, Onyankopɔn ahyira nhahamma a ahoɔden wɔ mu nyina ara so ama awosuo, su ne sɛ onipa bɛdi—

11 Ahahamma biara wɔ ne berɛ nkyekyɛmu ara mu, ne aduaba biara wɔ ne berɛ nkyekyɛmu ara mu; yeinom nyina ara ɛwɔ sɛ wɔdi wɔ aniteɛ ne aseda mu.

12 Aane, mmoa ne ewiem nnomaa nam nso, Me, Awurada ahyira so ama onipa sɛ ɔde aseda di; nanso ɛsɛ sɛ wɔdi no nkakrankakra;

13 Na ɛsɔ m’ani sɛ wɔrenni, gye sɛ awɔberɛ, anaa nwununwunu berɛ, anaa ɛkɔm berɛ mu.

14 Wɔahyira burofua nyina ara so ama onipa ne mmoa sɛ wɔdi, sɛ ɛnyɛ nkwa poma, nnyɛ onipa nko ara na mmom wuram mmoa, ne ɔsoro nnomaa, ne wuram mmoa a wɔtu mmirika nyina ara anaa wɔwea asase so nyina ara;

15 Na Onyankopɔn ayɛ yeinom sɛ onipa nni wɔ ɔkɔm ne ɔkɔm denden berɛ nko ara mu.

16 Na burofua nyina ara yɛ aduane pa ma onipa; saa ara nso na bobe aba no teɛ; deɛ ɛma aduaba, sɛ ɛwɔ asase no mu anaa ɛwɔ asase no soro—

17 Nanso, ayuo yɛ ma onipa, na aburo yɛ ma nantwie, na oats yɛ ma ɔpɔnkɔ, na rye yɛ ma nnomaa ne mprako, ne wuram mmoa nyina ara, na atokoɔ yɛ ma mmoa a wɔn ho hia nyina ara, na ɛyɛ ma anonneɛ a ano yɛ mmerɛ, sɛdeɛ burofua afoforɔ nso teɛ no.

18 Na ahoteɛfoɔ nyina ara a wɔkae di saa nsɛm yi so na wɔyɛ, na wɔnante wɔ setie mu ma mmaransɛm no, wɔbɛnya ahoɔden wɔ wɔn funuma mu ne ekyim wɔ wɔn nnompe mu;

19 Na wɔbɛnya nyansa ne nimdeɛ ademudeɛ kɛseɛ, mpo ademudeɛ a ahinta;

20 Na wɔbɛtu mmirika a wɔmmrɛ, na wɔbɛnante a wɔnntɔ piti.

21 Na Me, Awurade, ma wɔn bɔhyɛ, sɛ ɔbɔfoɔ sɛefoɔ no bɛpa wɔn ho akɔ, tesɛ Israel mma no, a ɔrennkum wɔn. Amen.

Tintim